Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 103
  • Ɔkɔɔ Ɔdan a Wɔatom Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkɔɔ Ɔdan a Wɔatom Mu
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • “Mahu Awurade!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yesu Nyan Fii Awufo Mu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Onyankopɔn Kae Ne Ba No
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 103
Bere a wonyanee Yesu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no

ASƐM 103

Ɔkɔɔ Ɔdan a Wɔatom Mu

BERE a Petro ne Yohane fii ɔda a wosiee Yesu wɔ mu no so no, ɛkaa Maria nkutoo wɔ hɔ. Ofii ase sui. Afei ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu, sɛnea yehui wɔ mfonini biako no mu no. Ohuu abɔfo baanu wom! Wobisaa no sɛ: ‘Dɛn nti na woresũ?’

Maria buae sɛ: ‘Wɔafa me Wura, na minnim faako a wɔde no akɔto.’ Afei Maria dan ne ho, na ohuu ɔbarima bi. Obisaa no sɛ: ‘Hena na wohwehwɛ no?’

Maria susuwii sɛ ɔbarima no ne turom hɔ hwɛfo no, na ebia ɔno na wayi Yesu amũ no afi hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔto.’ Nanso na ɔbarima no yɛ Yesu. Na wafa nipadua a Maria ntumi nhu no. Nanso bere a ɔbɔɔ Maria din frɛɛ no no, ohui sɛ ɛyɛ Yesu. Enti otuu mmirika kɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: ‘Mahu Awurade!’

Akyiri yi, saa da no ara, bere a asuafo baanu nam rekɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Emaus ase no, ɔbarima bi bɛkaa wɔn ho. Na asuafo no werɛ ahow efisɛ wɔakum Yesu. Nanso bere a wɔnam rekɔ no, ɔbarima no kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii fii Bible mu a ɛmaa wɔn werɛ kyekyee. Akyiri yi, bere a wɔsoɛɛ baabi redidi no, asuafo no hui sɛ ɔbarima no yɛ Yesu. Afei Yesu yerae, na asuafo baanu no yɛɛ ntɛm san kɔɔ Yerusalem sɛ wɔkɔbɔ asomafo no amanneɛ.

Bere a eyi rekɔ so no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro nso. Afoforo no nso ho peree wɔn bere a wɔtee no. Na asuafo baanu yi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no. Wɔkaa sɛnea Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ kwan no so no ho asɛm. Na bere a wogu so reka eyi ho asɛm no, wunim anwonwade a esii?

Hwɛ mfonini no. Yesu bepuee dan mu hɔ ankasa, ɛwom sɛ na wɔato pon no mu de. Anigye bɛn ara na asuafo no nyae! So ɛno nyɛ anigye da anaa? Wubetumi akan mpɛn dodow a Yesu ayi ne ho adi akyerɛ n’akyidifo de bedu saa bere yi? Wunyaa mpɛn anum?

Na ɔsomafo Toma nni hɔ bere a Yesu bae no. Enti asuafo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yɛahu Awurade!’ Nanso Toma kae sɛ gye sɛ ɔno ankasa hu Yesu na wagye adi. Nnawɔtwe akyi no asuafo no hyiaa ɔdan bi mu bio a na wɔato pon no mu, na saa bere yi de na Toma ka wɔn ho. Mpofirim ara Yesu puee dan mu hɔ. Afei de Toma gye dii.

Yohane 20:11-29; Luka 24:13-43.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena