Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • sj kr. 17-21
  • Nnapɔnna ne Afahyɛ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnapɔnna ne Afahyɛ Ahorow
  • Sukuu ne Yehowa Adansefo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔman Nnapɔnna
  • Ɔsom a Egu Ahorow Ho Asɛnnennen
    Yehowa Adansefo ne Nhomasua
  • Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Di Buronya Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Afahyɛ Ahorow a Onyankopɔn Kyi
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Sukuu ne Yehowa Adansefo
sj kr. 17-21

Nnapɔnna ne Afahyɛ Ahorow

Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa Adansefo nni nnapɔnna ne afahyɛ ahorow pii no betumi ahaw ɔkyerɛkyerɛfo bi adwene wɔ ɔkwan bi so. Yɛwɔ anidaso sɛ nea edi so yi bɛboa wo ma woate nea enti a yebu asɛm no anibere saa no ase.

Ebia nea ɛkɔ akyiri sen sɛnea wunim no, nnapɔnna bebree ne amanne horow a ɛbatabata ho no fi ɔsom a ɛnyɛ Kristofo de mu. Eyi na ɛma ɛyɛ nea Yehowa Adansefo ani nnye ho no. Yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi nnyinasosɛm a Kristoni ɔsomafo Paulo kae no akyi:

“Twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? Na ɔka bɛn na Kristo ne Belial [atoro nyame bi] ka? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ? . . . ‘Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho,’ sɛnea [Yehowa] se ne no.”—2 Korintofo 6:14-17.

Enti sɛ dapɔnna anaa afahyɛ bi bata anyame anaa anyamewa bi ho ɔkwan bi so, anaasɛ sɛ di a yebedi no ne yɛn ntease a yɛwɔ wɔ Bible nnyinasosɛm ahorow ho no bɔ abira a, yenni bi.

Awoda: Sɛ́ wɔbɛto pon anaasɛ wɔbɛkɔ apontow bi ase ne akyɛde a wɔde bɛma adɔfo bi no yɛ nea mfomso biara nni ho. (Luka 15:22-25; Asomafo no Nnwuma 20:35) Yehowa Adansefo ani gye adekyɛ ne gye a wɔbɛbom agye wɔn ani wɔ afe no mu bere biara no ho. Nanso, awodadi abien pɛ a wɔbɔɔ din wɔ Bible mu no fa nkurɔfo a na wɔnyɛ nokware gyidifo ho. Ná wɔne Misraim Farao bi ne Roma sodifo Herode Antipas a wɔn mu biara awodadi no kowiee awudi mu no. (Genesis 40:18-22: Marko 6:21-28) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wubehu saa abakɔsɛm mu nsɛm a wɔaka afa su a na tete Kristofo kura wɔ awodadi ho yi:

“Awodadi afahyɛ yɛ adwene bi a na Kristofo a wɔtraa ase saa bere yi mu no nsusuw ho koraa.”—The History of the Christian Religion and Church, During the Three First Centuries (New York, 1848), a Augustus Neander yɛe (a Henry John Rose kyerɛɛ ase), kratafa 190.

“Wɔ ahotefo a wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu no nyinaa mu no, wɔnkyerɛw wɔn mu biara ho asɛm ntoo hɔ sɛ ɔhyɛɛ n’awoda ho fã anaasɛ ɔtoo ho pon kɛse bi. Nnebɔneyɛfo (te sɛ Farao ne Herode) nkutoo ne wɔn a wogyee wɔn ani kɛse wɔ da a wɔde woo wɔn baa wi yi ase no ho.”—The Catholic Encyclopedia (New York, 1911), Po X, kratafa 709 (a ɛrefa Origen Adamantius a ɔtraa ase afeha a ɛto so abiɛsa no mu no asɛm aka).

Nea ɛka ho no, awodadi ma wobu obi sɛ ne ho hia dodo, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛno yɛ ade biako a enti tete Kristofo no twee wɔn ho fii ho no. (Ɔsɛnkafo 7:1) Enti wubehu sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ awodadi afahyɛ ahorow (n’apontow ahorow, nnwonto, adekyɛ ne nea ɛkeka ho) no mu.

Buronya: Sɛnea ebia wunim no, December 25 nyɛ da a wɔwoo Yesu Kristo. Ebia wobɛte nka sɛ eyi mfa ho—sɛ asɛm a esii no ne ade titiriw a ɛho hia. Nanso sɛnea ɛyɛe a Buronya dapɔnna no di bae no kyerɛ sɛ pii wom sen saa. Encyclopedia ahorow a edidi so yi kyerɛkyerɛ mu:

“Buronya di nyɛ nea wɔfi soro hyɛe, na enni Apam Foforo no mu nso. Wɔrentumi mfi Apam Foforo no mu nhu da a wɔwoo Kristo anaasɛ, wɔ nokware mu no, mfi beae foforo biara. Agyanom a wɔtraa ase mfeha abiɛsa a edi kan no mu no nka buronya afahyɛ titiriw biara ho asɛm.”—Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature (Grand Rapids, Michigan, 1981 de a wɔsan tintimii), a John McClintock ne James Strong yɛe, Po II, kratafa 276.

“Buronya amanne ahorow a mprempren ɛwɔ Europa no mu dodow no ara, anaasɛ nea wɔkyerɛw too hɔ tete no nyɛ Kristofo amanne a ɛyɛ nokware na mmom, ɛyɛ abosonsom amanne horow a wɔagye atom anaasɛ asɔre no apene so. . . . Saturnalia a ɛwɔ Roma no ma wonyaa Buronya bere mu anigye amanne horow no ho nhwɛso.”—Encyclopædia of Religion and Ethics (Edinburgh, 1911), a James Hastings hwɛɛ mu, Po III, nkratafa 608 ne 609.

Nnipa pii nim sɛ mfiase no na Buronya nyɛ Kristo awoda ho afahyɛ. U.S. Catholic a wɔyɛɛ no December 1981, kratafa 32, kyerɛ sɛ: “Entumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛtew Buronya afi n’abosonsom mfiase no ho.” Nsɛmma nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Ná Romafo afahyɛ a wɔpɛ sen biara ne Saturnalia a na efi ase fi December 17 na ɛde ‘owia a wontumi nni ne so nkonim no awoda’ (Natalis solis invicti) na ɛba awiei wɔ December 25 no. Afeha a ɛto so anan no mfinimfini hɔ baabi no, Roma asɔre no mu mpanyimfo bi a wonim de sii gyinae sɛ December 25 bɛyɛ da pa a wɔde bedi ‘trenee owia’ no awoda. Wɔwoo Buronya.”

Sɛ ebinom behu nokwasɛm ahorow a ɛfa Buronya ho yi a, ɛka wɔn dɛn? The World Book Encyclopedia (1982) ka wɔ Buronya ase sɛ: “Wɔ 1600 mfe no mu no . . . wɔbaraa Buronya wɔ Engiresi Aburokyiri ne Engiresi Aburokyiri atubraman ahorow a ɛwɔ Amerika no binom mu.” Esiane sɛ tete no nkurɔfo powee sɛ wobedi Buronya esiane abosonsom mu a efi nti no, ɛsɛ sɛ wɔte nea enti a Yehowa Adansefo nni Buronya nnɛ no ase. Yennya Buronya apontow ahorow, agoru ahorow, nnwonto, akyɛde a wɔde moma wɔn ho wɔn ho anaa adeyɛ foforo biara a ɛte saa a ɛbata Buronya ho no mu kyɛfa.

Yehowa Adansefo mmfa wɔn ho nhyehyɛ anyamesom anaa biribi a ɛfa anyamesom nnapɔnna foforo biara ho a ɛkɔ so wɔ sukuu afe no mu no mu saa ara. Nea enti a ɛte saa ne sɛ saa nnapɔnna yi nso bata ɔsom a ɛnyɛ Kristofo de ho; nokwarem no, ɔsom a ɛtete saa no mu nneɛma ahorow bi taa hyɛ afahyɛ ahorow no ma. Susuw nhwɛso ahorow a edidi so yi ho:

Easter: Ɛwom sɛ wose saa dapɔnna yi yɛ nea wɔde kae Kristo wusɔre de, nanso hyɛ nea wiase abenfo ka fa ho no nsow:

“Easter. Mfiase no na ɛyɛ fefɛw bere mu afahyɛ a wɔde hyɛ tete Germanfo hann ne fefɛw bere nyamewa a wonim no wɔ Anglo-Saxonfo mu sɛ Eastre no anuonyam. Efi afeha a ɛto so 8 no mu tɔnn na Anglo-Saxonfo no dan din no ma ɛbɛyɛɛ Kristofo afahyɛ a wɔyɛe sɛ wɔde redi Kristo wusɔre no.”—The Westminster Dictionary of the Bible (Philadelphia, 1944), a John D. Davis yɛe, kratafa 145.

“Wɔhwehwɛ Easter kesua a ɛwɔ ani hwɛbea ahorow pii a Easter adanko na ɔde ba no wɔ baabiara. Eyi nyɛ mmofra agoru ara kwa, na mmom ɛyɛ awo ho amanne bi, na nkesua ne adanko no nyinaa yɛ awo ho sɛnkyerɛnne.”—Standard Dictionary of Folklore Mythology and Legend a Funk & Wagnalls yɛe (New York, 1949), Po I, kratafa 335.

Halloween: Ɛwom sɛ wodi Halloween sɛ Kristofo dapɔnna de, nanso ne mfiase fi afahyɛ ahorow a na ɛwɔ hɔ ansa na Kristofo reba a ɛkyerɛ owu akyi nkwa asetra ho atoro nsusuwii ahorow mu. Nea ɛyɛ anigye no, yɛkenkan sɛ: “Ɔsesɛw no akyi no, Prostestantfo pow afahyɛ yi ne afoforo a ɛho hia te sɛ Buronya ne Easter no. Nanso Halloween tete amanne horow a efi abosonsom mu no fefɛwee.”—Encyclopædia Britannica (1959), Po 11, kratafa 107.

Ahotefo Nyinaa Da: “Akyinnye biara nni ho sɛ Kristofo asɔre no bɔɔ mmɔden sɛ ebegu tete Indo-Europafo awufo ho afahyɛ no anaasɛ ɛde biribi foforo besi anan mu denam ahotefo nyinaa dapɔnna a wodi no Nov. 1 a wɔde sii ananmu no so. Wɔde afahyɛ yi sii hɔ na wɔde ahyɛ ahotefo nyinaa, wɔn a wonim wɔn ne wɔn a wonnim wɔn, no anuonyam, nanso antumi antu abosonsom Samhain afahyɛ no.”—Encyclopædia Britannica (1959), Po 11, kratafa 107.

Afe Foforo Da: “Wɔ tete Roma no wɔde afe no mu da a edi kan no sii hɔ de hyɛɛ abobow ne apon ne mfiase ne awiei nyame Janus anuonyam. . . . Afe Foforo Da bɛyɛɛ dapɔnna wɔ Kristofo asɔre no mu wɔ afe Y.B. 487 mu.”—The World Book Encyclopedia (1982), Po 14, kratafa 237.

Valentine Da: “Valentine Da no ne Kristofo mogya adansefo baanu a na wɔfrɛ wɔn nyinaa Valentine no adidi da no. Nanso ɛda adi sɛ amanne ahorow a ɛbatabata ɛda no ho no . . . fi tete Romafo afahyɛ a na wɔfrɛ no Lupercalia a na wɔhyɛ no February 15 biara no mu. Afahyɛ no hyɛɛ Juno a na ɔyɛ Roma mmea ne aware nyamewa no ne Pan a na ɔyɛ abɔde nyame no anuonyam.”—The World Book Encyclopedia (1973), Po 20, kratafa 204.

May Da: “Ɛda adi sɛ May Da afahyɛ ahorow no fi amanne ahorow a na wɔyɛ de hyɛ Roma nyamewa Maia a na wɔsɔre no sɛ nea adesamma ne abɔde mu awo fi no no anuonyam. . . . Nhomanimfo pii gye di sɛ Maypole (May dua) no yɛ bɔbea su sɛnkyerɛnnede a kan no na wɔde di dwuma wɔ asusow bere mu amanne horow mu ma onyamewa Maia no a atra hɔ abesi sesɛɛ.”—The New Funk & Wagnalls Encyclopedia (1952), kratafa 8294.

Ɛna Da: “Ɛyɛ afahyɛ bi a wonya fii tete Helafo som a na wɔde ma ɛnanom no amanne mu. Ná wodi ɔsom a wɔde ma ɛnanom ne guasodeyɛ ahorow a na wɔyɛ ma Cybele anaa Rhea a na ɔyɛ Anyame no Nyinaa Nã Kɛse no ho dwuma March 15 wɔ Asia Kumaa nyinaa.”—Encyclopædia Britannica (1959), Po 15, kratafa 849.

Eyinom yɛ nnapɔnna ahorow a wɔtaa di na wɔhwɛ kwan sɛ sukuufo mmofra nso de wɔn ho bɛhyɛ mu denam emu dwumadi ahorow no mu kyɛfa a wobenya so no ho nhwɛso kakraa bi. Nanso esiane ahonim nti, Yehowa Adansefo nnya nnapɔnna ahorow yi mu dwumadi ahorow no mu kyɛfa—sɛ ɛyɛ nwonto, akyeneka, agodi, aprententu, mfoninyɛ, apontow ase a wɔbɛkɔ, adidi ne ɔnom, ne nea ɛkeka ho no. Nanso wɔ bere koro no ara mu no, yɛnsɔre ntia wɔn a wodi nnapɔnna ahorow yi anaasɛ yɛmmɔ mmɔden sɛ yebesiw wɔn kwan. Sɛ akyerɛkyerɛfo fi ayamye mu yi yɛn mmofra no fi dwumadi ahorow a wɔde di saa nnapɔnna ahorow yi wɔ ɔkwan bi so no mu a, yɛn ani sɔ kɛse.

Ɔman Nnapɔnna

Ɛsono nnapɔnna afoforo bi wɔ ɔkwan bi so. Eyinom nyɛ nea wodi wɔ baabiara, na mmom ebia na ɛyɛ ɔman bi mu nkutoo. Sɛ́ nhwɛso no, ebia na ɛyɛ ɔman nnaase da bi. Wɔ mmeae ahorow bi nso ebia wobetu da bi asi hɔ sɛ nea wɔde kae ɔman bi ɔko mu atɔfo anaasɛ da bi a wɔde bɛkae ɔman bi awo anaa aman mpanyimfo atitiriw, sodifo ahorow anaa ɔman akatakyie bi.

Yehowa Adansefo de obu twe wɔn ho fi ɔman nnapɔnna a ɛtete saa a wɔde wɔn ho bɛhyɛ mu no nso ho. Ɛwom sɛ yɛde obu ma atumfo a wɔwɔ ɔman biara a yɛte mu no de, nanso esiane ahonim nti yɛmfa nea yebu no sɛ ɔsom mu nidi mma wɔn. Yɛmfa yɛn ho nhyɛ afahyɛ a ɛtete saa nyinaa mu. Eyi ne Yesu nsɛm a ɛfa n’akyidifo ho no hyia, sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.”—Yohane 17:16.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

“Wɔbaraa Buronya wɔ Engiresi Aburokyiri ne Engiresi atubraman ahorow a ɛwɔ Amerika no binom mu”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Esiane ahonim nti, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ nnapɔnna dwumadi ahorow mu

[Kratafa 17 mfonini]

Tete Kristofo no anni wɔn awoda

[Kratafa 19 mfonini]

“Eyi nyɛ mmofra agoru ara kwa, na mmom ɛyɛ awo ho amanne bi nkae, na na nkesua ne adanko no nyinaa yɛ awo ho sɛnkyerɛnne”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena