Ɔsom a Egu Ahorow Ho Asɛnnennen
Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, wuhyia ɔhaw a na mfehaha a atwam no mu akyerɛkyerɛfo ntaa nhyia—ɔsom a egu ahorow.
WƆ MFINIMFINI MFE no nyinaa mu no, na nnipa a wofi ɔman biako mu taa yɛ ɔsom biako mufo. Wɔ afeha a ɛto so 19 a etwaam yi ara awiei no, na ɔsom atitiriw kakraa bi pɛ na ɛwɔ Europa: Katoleksom ne Protestantsom a na ɛwɔ atɔe fam, Ortodɔks asɔre ne Nkramosom a na ɛwɔ apuei fam, ne Yudasom. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnnɛ, adɔɔso pii wɔ Europa ne wiase nyinaa. Wɔahyehyɛ ɔsom ahorow a na wɔntee din da, a ebia ɔman a ɛwom no mufo na wɔagye atom anaa atubrafo ne aguanfo na wɔde baa hɔ, ma atim.
Enti, ɛnnɛ yehu Nkramofo, Buddhafo, ne Hindufo pii wɔ aman bi te sɛ Australia, Britain, France, Germany, ne United States mu. Bere koro no ara, Yehowa Adansefo de nsi resom sɛ Kristofo wɔ nsase 239 so. Adansefo bɛboro 150,000 wɔ aman 14 mu—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 15 no.
Sɛnea ɔsom gu ahorow wɔ baabi a ɔkyerɛkyerɛfo te no betumi de nsɛnnennen abrɛ no. Sɛ nhwɛso no, yebetumi abisa nsɛm a ɛho hia bi wɔ nnapɔnnadi a agye din ho: Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ sukuuni biara ma odi afahyɛ nyinaa—a ne som mfa ho? Ebia nnipa dodow no ara renhu mfomso biara wɔ afahyɛ a ɛtete saa ho. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma mmusua a wɔwɔ kuw bi a emufo nnɔɔso mu nso nsusuwii? Na ade foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho: Wɔ aman a mmara mma wɔmfa nyamesom mmatabata Ɔman ho, a nyamesom nkyerɛkyerɛ nka sukuu adesua ho mu no, sɛ wɔhyɛ obiara sɛ onni afahyɛ a ɛtete saa a, ebinom remmu no sɛ asɛm a abirabɔ wom?
Awodadi
Akyinnyegye betumi asɔre wɔ afahyɛ ahorow a ɛte sɛ nea ɛne nyamesom nni hwee yɛ anaa abusuabɔ ketewaa bi na ɛne no wɔ no mpo ho. Saa na ɛte wɔ awoda a wodi wɔ sukuu pii mu no ho. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo kyerɛ obu ma hokwan a afoforo wɔ sɛ wodi awoda no de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wunim yiye sɛ wonni nnapɔnna a ɛtete saa no bi. Nanso ebia wunnim nea enti a wɔne wɔn mma asi gyinae sɛ wonni nnapɔnna yi bi no.
Le livre des religions (Nhoma a Ɛka Ɔsom Ahorow Ho Asɛm), nhoma bi a ɛka wiase nneɛma ahorow ho asɛm a wɔakyekyɛ no pii wɔ France, frɛ saa adeyɛ yi sɛ amanne, na ɛde ka “wiase amanne ahorow” ho. Ɛwom sɛ ɛnnɛ wobu awodadi sɛ wiase amammerɛ a asɛm biara nni ho de, nanso efi abosonsom mu ankasa.
The Encyclopedia Americana (1991 de no) ka sɛ: “Wɔn a wɔtraa Misraim, Hela, Roma, ne Persia tete hɔ no dii anyame, ahemfo, ne adehye awoda.” Nhoma akyerɛwfo Ralph ne Adelin Linton da ade titiriw nti a na ɛte saa adi. Wɔkyerɛw wɔ wɔn nhoma The Lore of Birthdays mu sɛ: “Mesopotamia ne Misraim, faako a anibue fii ase no, san yɛ aman a edi kan a nnipa kaee wɔn awoda na wɔhyɛɛ ho fã. Ade titiriw nti a na awoda ho kyerɛwtohɔ ahorow a wɔbɛkora so hia wɔ tete mmere mu ne sɛ na awoda ho hia na wɔde ahwɛ nsoromma gyinabea.” Abusuabɔ tee a ɛne nsoromma mu hwɛ wɔ no yɛ ahiasɛm kɛse ma obiara a, esiane nea Bible ka wɔ nsoromma mu hwɛ ho nti, ɔkwati no.—Yesaia 47:13-15.
Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛkenkan wɔ The World Book Encyclopedia mu sɛ: “Tete Kristofo no anni [Kristo] awoda, efisɛ wobuu obiara awodadi sɛ abosonsom amanne.”—Po 3, kratafa 416.
Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛbom agye wɔn ani
Bere a atifi hɔ nsɛm no wɔ Yehowa Adansefo adwene mu no, wonnya awodadi afahyɛ ahorow mu kyɛfa. Nokwarem no, sɛ wɔwo abofra bi a, ɛyɛ anigye ne ahomeka bere. Sɛnea ɛte no, awofo nyinaa ani gye bere a wɔn mma nyin na wonya nkɔso afe biara no. Yehowa Adansefo ani gye ho yiye nso sɛ wɔbɛda ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn mmusua ne wɔn nnamfo adi denam akyɛde a wɔde ma wɔn na wɔne wɔn bom gye wɔn ani no so. Nanso, esiane nea ɛyɛe a awodadi bae nti, wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa mmere afoforo wɔ afe no nyinaa mu.—Luka 15:22-25; Asomafo no Nnwuma 20:35.
Buronya
Wodi Buronya wɔ wiase nyinaa, a aman a wɔnyɛ Kristofo mpo ka ho. Esiane sɛ Kristoman asɔre ahorow no fã kɛse gye saa dapɔnna yi tom nti, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa Adansefo nni. Dɛn nti na wɔyɛ saa?
Sɛnea nhoma a ɛka wiase nneɛma ahorow ho asɛm bebree ka no pefee no, wɔhyɛɛ da de Yesu awoda hyɛɛ December 25 ma ɛne Romafo abosonsom afahyɛ bi hyiae. Hyɛ nsɛm a edidi so a wɔfa fii nhoma ahorow mu yi nsow:
“Yennim da a wɔwoo Kristo. Nsɛmpa no nka ɛda anaa ɔsram no.”—New Catholic Encyclopedia, Po III, kratafa 656.
“Saturnalia a ɛwɔ Roma no ma wonyaa Buronya bere mu anigye amanne ahorow no fã ho nhwɛso.”—Encyclopædia of Religion and Ethics
“Buronya amanne ahorow a mprempren ɛwɔ Europa no mu dodow no ara, anaasɛ nea wɔkyerɛw too hɔ fi tete hɔ no, nyɛ Kristofo amanne ankasa, na mmom ɛyɛ abosonsom amanne ahorow a Asɔre no agye atom anaa ama ho kwan. . . . Wɔfaa Buronya mu anigye amanne ahorow dodow no ara fii Saturnalia a na ɛwɔ Roma no mu.”—Encyclopædia of Religion and Ethics (Edinburgh, 1910), a James Hastings ne ne samufo, Po III, nkratafa 608-9.
“Efi afeha a ɛto so anan no mu na Kristofo asɔre ahorow nyinaa adi Buronya wɔ December 25. Saa bere no, na ɛda yi na wodi awɔw bere mu owia ho abosonsom afahyɛ a wɔfrɛ no ‘Owia Awo (Latin, natale),’ esiane sɛ ɛyɛɛ te sɛ nea wɔawo owia no foforo, bere a na ade kyɛ sa bio no nti. Wɔ Roma no, Asɔre no gyee saa amammerɛ a agye din yiye yi toom . . . denam ɛho nkyerɛkyerɛmu foforo a ɛde mae so.”—Encyclopædia Universalis, 1968, (Franse kasa) Po 19, kratafa 1375.
“Nea ɛmaa Buronya afahyɛ no nyaa nkɔanim ne ntotoho a wɔyɛe wɔ ɛne abosonsom afahyɛ a ɛne Sol Invictus (Mithra) ho no. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔfaa December 25, a ɛyɛ da a awɔw bere mu owia no pue no, sɛ saa bere no na hann a ɛnam Kristo so no puei wɔ wiase, ma enti wɔmaa ɛbɛyɛɛ Kristo ho sɛnkyerɛnne de sii Sol Invictus ananmu.”—Brockhaus Enzyklopädie, (Germany kasa) Po 20, kratafa 125.
Dɛn na ebinom ayɛ bere a wohu nokwasɛm a ɛfa Buronya ho no? The Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Wɔ 1644 mu no, England ahotuafo no nam Mmarahyɛ Bagua mmara so baraa anigyede anaa ɔsom mu nneyɛe nyinaa sɛ [Buronya] yɛ abosonsom afahyɛ, na wɔhyɛe sɛ wɔnkyen kɔm wɔ ho. Charles II fii anigyede no ase bio, nanso Scotlandfo kɔɔ so kuraa Ahotuafo adwene no mu.” Tete Kristofo no anni Buronya, na saa ara na nnɛ Yehowa Adansefo nni anaa wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi ahorow a ɛne Buronya wɔ abusuabɔ mu.
Nanso Bible no kamfo akyɛde a yɛde bɛmema abusuafo ne nnamfo, anaa nsa a yɛbɛto afrɛ wɔn ma wɔabedidi agye wɔn ani mmere afoforo. Ɛhyɛ awofo nkuran sɛ wɔntete wɔn mma ma womfi wɔn koma mu nna ayamye adi sen sɛ wɔbɛkyɛ ade esiane sɛ afoforo hwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ saa kɛkɛ nti. (Mateo 6:2, 3) Wɔkyerɛ Yehowa Adansefo mmofra sɛ wonnya afoforo ho koma nkyerɛ obu, na nea ɛka eyi ho ne obu a wɔbɛkyerɛ ama hokwan a afoforo wɔ sɛ wodi Buronya no. Wɔn nso ani sɔ bere a afoforo kyerɛ obu ma gyinae a wosi sɛ wonni Buronya afahyɛ ahorow no.
Afahyɛ Afoforo
Yehowa Adansefo paw gyinabea koro no ara wɔ nyamesom mu nnapɔnna anaa nea ɛte sɛ nyamesom de a wodi wɔ sukuu afe no mu wɔ aman pii mu no ho, te sɛ June afahyɛ ahorow a wodi wɔ Brazil no, Epiphany a wodi wɔ France, Carnival a wodi wɔ Germany, Setsubun a wodi wɔ Japan, ne Halloween a wodi wɔ United States no. Ɛdefa eyinom anaa afahyɛ foforo biara a yɛammɔ din wɔ ha ho no, akyinnye biara nni ho sɛ Adansefo a wɔyɛ awofo anaa wɔn mma ani begye ho sɛ wobebua nsemmisa biara a ebia wowɔ.