Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • pe ti 25 kr. 208-216
  • Wowɔ Satan Wiase Afã, Anaa Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo No Afã?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wowɔ Satan Wiase Afã, Anaa Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo No Afã?
  • Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SATAN WIASE​—ƐYƐ DƐN?
  • SƐNEA YEBEKWATI WIASE NO FÃ A YƐBƐYƐ
  • Wiase A Ná Yesu Remmɔ Mpae Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Hena Ne Ɔbonsam?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
pe ti 25 kr. 208-216

Ti 25

Wowɔ Satan Wiase Afã, Anaa Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo No Afã?

1. Dɛn na ɛkyerɛ ankasa sɛ wopɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no?

WOWƆ ONYANKOPƆN trenee nhyehyɛe foforo no afã, na wopɛ sɛ ɛba? So wukyi Satan, na wopɛ sɛ ne wiase no ba awiei? Ebia wobɛka sɛ, Yiw, wɔ nsemmisa abien no nyinaa ho. Nanso so ɛno ara dɔɔso? Ɛyɛ nea wɔtaa ka sɛ nneyɛe kɔ akyiri sen nsɛm a wɔde ano ka. Sɛ wugye Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no di a, ɔkwan a wofa so bɔ wo bra no na ɛbɛkyerɛ.​—Mateo 7:21-23; 15:7, 8.

2. (a) Henanom ne awuranom baanu a yebetumi asom? (b) Dɛn na ɛkyerɛ onii a yɛyɛ ne nkoa?

2 Nokwasɛm no ne sɛ, w’abrabɔ betumi asɔ awuranom baanu mu biako pɛ ani. Ebia woresom Yehowa Nyankopɔn anaa Satan Ɔbonsam. Nnyinasosɛm bi a ɛwɔ Bible mu boa yɛn ma yɛte eyi ase. Ese: “Munnim sɛ nea mode mo ho ma no sɛ nkoa a wotie no no, . . . ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo?” (Romafo 6:16) Hena na wutie no? Hena apɛde na woyɛ? Mmuae biara a wobɛma no, sɛ wudi wiase yi kwan a ɛnteɛ no akyi a, ɛrentumi mma sɛ woresom Yehowa, nokware Nyankopɔn no.

SATAN WIASE​—ƐYƐ DƐN?

3. (a) Hena na Bible da no adi sɛ ɔyɛ wiase sodifo? (b) Mpaebɔ mu no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ nsonoe da wiase no ne n’asuafo ntam?

3 Yesu frɛɛ Satan “wi yi ase sodifo.” Na ɔsomafo Yohane kae sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔnefo no tumi mu.” (Yohane 12:31; 1 Yohane 5:19, New World Translation) Hyɛ no nsow sɛ bere a ɔrebɔ Onyankopɔn mpae no Yesu amfa n’asuafo no anka ho sɛ Satan wiase no fã. Ɔkae sɛ: “Meresrɛ mama wɔn [n’asuafo no]; mensrɛ memma wiase, . . . Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:9, 16; 15:18, 19) Wɔ eyi mu no ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo twe wɔn ho fi wiase no ho.

4. (a) Wɔ Yohane 3:16 no, asɛm “wiase” no fa henanom ho? (b) Dɛn ne “wiase” a ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo twe wɔn ho fi ho no?

4 Nanso na dɛn na Yesu reka ho asɛm bere a ɔkae sɛ “wiase” no? Bible mu no ɛtɔ da bi a asɛm “wiase” kyerɛ adesamma nyinaa. Onyankopɔn somaa ne Ba sɛ ɔmfa ne kra mma sɛ agyede mma adesamma wiase yi. (Yohane 3:16) Nanso Satan ahyehyɛ adesamma dodow no ara atia Onyankopɔn. Enti Satan wiase no ne adesamma abusua yi a wahyehyɛ a ɛnka Onyankopɔn ahyehyɛde a aniwa hu no ho no. Saa wiase yi na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo twe wɔn ho fi ho.​—Yakobo 1:27.

5. Dɛn ne wiase no fã titiriw, na wɔyɛ ho mfonini wɔ Bible mu dɛn?

5 Satan wiase no​—n’adesamma abusua a wahyehyɛ no yɛ nea ɛwɔ afã horow pii. Ɔfã a ɛyɛ titiriw ne atoro som. Bible mu no wɔyɛ atoro som ho mfonini sɛ “aguaman kɛse,” a wɔfrɛ no “Babilon kɛse.” Ɛyɛ wiase ahemman, sɛnea nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “edi asase so ahene so hene” no da no adi no. (Adiyisɛm 17:1, 5, 18) Nanso dɛn na edi adanse sɛ Babilon Kɛse no yɛ nyamesom wiase ahemman?

6, 7. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Babilon Kɛse no yɛ nyamesom ahemman (b) Abusuabɔ bɛn na atoro som ne amammui nniso horow anya?

6 Esiane sɛ wɔka “wiase ahene” ho asɛm sɛ wɔne no “abɔ aguaman” nti, Babilon Kɛse no rentumi nyɛ amammui wiase tumi. Na esiane sɛ asase so “aguadifo” gyina akyirikyiri na wodi ne sɛe no ho awerɛhow nti, ɛnyɛ aguadi kwan so wiase ahemman nso. (Adiyisɛm 17:2; 18:15) Nanso, sɛ́ ɔyɛ nyamesom ahemman ankasa no da adi wɔ ka a Bible no ka sɛ ɔnam “n’ahonhonsɛmdi so daadaa amanaman nyinaa” no so.​—Adiyisɛm 18:23.

7 Nea edi adanse nso sɛ Babilon Kɛse yɛ nyamesom ahemman ne abusuabɔ a ɔne “aboa” no wɔ no. Wɔ Bible mu no mmoa a ɛtete sɛɛ gyina hɔ ma amammui nniso horow. (Daniel 8:20, 21) Wɔka Babilon Kɛse no ho asɛm sɛ “ɔte aboa kɔkɔɔ a . . . ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.” Enti wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɛntɛn saa “aboa,” anaasɛ wiase nniso yi so. (Adiyisɛm 17:3) Na ɛyɛ nokware sɛ wɔ abakɔsɛm mu nyinaa no nyamesom de ne ho ahyehyɛ amammuisɛm mu, na mpɛn pii no ɛkyerɛ nniso horow nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ampa sɛ adi “asase so ahene so hene.”​—Adiyisɛm 17:18.

8. Dɛn ne Satan wiase no fã foforo a ɛho hia, na wɔyɛ wɔn ho mfonini wɔ Bible mu dɛn?

8 Amammui nniso horow yi yɛ Satan wiase no fã foforo titiriw. Sɛnea yɛahu dedaw no, wɔyɛ wɔn ho mfonini wɔ Bible mu sɛ mmoa. (Daniel 7:1-8, 17, 23) Sɛ́ saa nniso horow a wɔte sɛ mmoa yi nya wɔn tumi fi Satan nkyɛn no yɛ nea anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane kyerɛwee da no adi: “Mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree . . . na ɔtweaseɛ no de ne tumi . . . maa no.” (Adiyisɛm 13:1, 2; 12:9) Nea edi adanse bio sɛ saa ahenni horow anaasɛ nniso horow yi yɛ Satan wiase no fã ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Satan sɔɔ Yesu hwɛe denam ahenni horow yi a ɔkae sɛ ɔde bɛma no so no. Anka Satan rentumi nyɛ eyi, sɛ ɛnyɛ ɔno ne ɛsodifo a.​—Mateo 4:8, 9.

9. (a) Wɔka Satan wiase no fã foforo ho asɛm dɛn wɔ Adiyisɛm 18:11? (b) Dɛn na ɛyɛ na ɛhyɛ ho nkuran, a edi adanse sɛ Satan na ɔhyɛ akyi?

9 Nanso Satan wiase no fã titiriw biako nso ne adifudepɛ ne atirimɔden aguadi nhyehyɛe a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 18:11 sɛ “aguadifo” no. Saa aguadi nhyehyɛe yi ma nkurɔfo nya pɛsɛmenkominya akɔnnɔ sɛ wɔn nsa bɛka nneɛma a wɔyɛ no bi, ɛwom mpo sɛ ebia na ɛho nhia wɔn, na ebia na sɛ wonni bi a anka eye ma wɔn. Bere koro no ara mu no adifudepɛ aguadi nhyehyɛe no de aduan sie adan mu na wɔma kwan ma ɔkɔm kunkum nnipa ɔpepem pii esiane sɛ wonni sika a wɔde bɛtɔ aduan no nti. Ɔkwan foforo so no, wɔyɛ akode ahorow a ebetumi asɛe Kristofo abusua no nyinaa na wɔtɔn de pɛ mfaso. Enti Satan aguadi nhyehyɛe, a atoro som ne amammui nniso horow ka ho no hyɛ pɛsɛmenkominya, nsɛmmɔnedi ne akodi a ɛyɛ hu ho nkuran.

10, 11. (a) Dɛn ne Satan wiase no fã foforo? (b) Bible mu kɔkɔbɔ ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a etia eyi mu a yɛde yɛn ho bɛhyɛ?

10 Ampa sɛ adesamma abusua a ɛwɔ Satan ase no yɛ bɔne ne nea aporɔw. Ɛsɔre tia Onyankopɔn trenee mmara horow, na nneyɛe bɔne nyinaa ahyɛ no ma. Enti yebetumi aka sɛ satan wiase no su foforo ne n’ahohwibra no. Esiane eyi nti, asomafo Paulo ne Petro bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi amanaman mufo nneyɛe bɔne no ho.​—Efesofo 2:1-3; 4:17-19; 1 Petro 4:3, 4.

11 Ɔsomafo Yohane nso sii hia a ehia sɛ Kristofo hwɛ wɔn ho yiye wɔ akɔnnɔ bɔne ne wiase yi abrabɔ bɔne ho no so dua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monnnɔ wiase anaasɛ nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:15, 16) Osuani Yakobo kae sɛ ‘sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ wiase no adamfo a, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.’​—Yakobo 4:4.

SƐNEA YEBEKWATI WIASE NO FÃ A YƐBƐYƐ

12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo tra wiase? (b) Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛtra wiase nanso wɔnyɛ wiase no fã?

12 Bere tenten a Satan wiase yi wɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ Kristofo tra mu. Yesu daa eyi adi bere a ɔbɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase” no. Nanso Yesu de kaa ho wɔ n’akyidifo no fam sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã.” (Yohane 17:15, 16, New World Translation) Ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi atra Satan wiase no mu nanso wɔnyɛ ne fã?

13 Yiw, wote nnipa a wɔbom yɛ nnɛyi adesamma abusua a wɔahyehyɛ no mfinimfini. Aguamammɔfo, adifudepɛfo ne afoforo a wɔyɛ nneɛma bɔne ka saa nnipa yi ho. Ebia wo ne wɔn bɛyɛ adwuma, wo ne wɔn bɛkɔ sukuu, wo ne wɔn bedidi na wo ne wɔn ayɛ nneɛma afoforo a ɛtete saa. (1 Korintofo 5:9, 10) Ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn mpo, sɛnea Onyankopɔn yɛ no. (Yohane 3:16) Nanso nokware Kristoni nnɔ nneɛma bɔne a nkurɔfo no yɛ no. Onsuasua wɔn suban, wɔn nneyɛe anaasɛ wɔn botae horow wɔ asetra mu. Ɔmfa ne ho nhyehyɛ wɔn nyamesom ne amammui a aporɔw no mu. Na bere a mpɛn pii no ɛho hia sɛ ɔyɛ adwuma na ne nsa aka asetra mu nneɛma a ɛho hia no, ɔmfa ne ho nhyehyɛ adwuma mu nneyɛe a ɛmfata mu; na ɛnyɛ ɔhonam fam nneɛma a obenya ne ne botae titiriw wɔ asetra mu. Esiane sɛ ɔpɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo nti, ɔtwe ne ho fi wɔn a wɔte ase ma Satan wiase yi no fekuw bɔne no ho. (1 Korintofo 15:33; Dwom 1:1; 26:3-6, 9, 10) Ne saa nti, ɔwɔ Satan wiase yi mu nanso ɔnyɛ ne fã.

14. Sɛ wopɛ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe no a, Bible mu ahyɛde bɛn na wubedi so?

14 Na wo nso ɛ? Wopɛ sɛ woyɛ Satan wiase yi fã? Anaasɛ wugyina Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no afã? Sɛ wugyina Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no afã a, wobɛtwe wo ho afi wiase no ne n’atoro som ho. Wubetie ahyɛde yi: “Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu.” (Adiyisɛm 18:4) Nanso, Babilon Kɛse, atoro som wiase ahemman, no mu a obi befi no kɔ akyiri sen atoro nyamesom ahyehyɛde horow a ɔbɛtwe ne ho afi ho ara kwa. Ɛkyerɛ nso sɛ ɔremfa ne ho nhyɛ wiase no nyamesom afahyɛ ahorow a wodi mu.​—2 Korintofo 6:14-18.

15. (a) Sɛ́ wobedi Yesu awoda mmom no, dɛn na wɔhyɛɛ Kristofo sɛ wonni? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛrentumi mma sɛ wɔwoo Yesu awɔw bere mu? (d) Dɛn nti na wɔpaw December 25 sɛ da a wɔde bedi Yesu awoda?

15 Buronya yɛ nyamesom afahyɛ titiriw nnɛ. Nanso abakɔsɛm da no adi sɛ Kristofo a wodii kan ankasa no anni. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonni ne wu nkae, ɛnyɛ n’awo. (1 Korintofo 11:24-26) Nokwasɛm no ne sɛ, ɛnyɛ December 25 ne da a wɔwoo Yesu. Na ɛrentumi nyɛ saa, efisɛ Bible da no adi sɛ bere a wɔwoo no no na nguanhwɛfo da so wɔ sare so anadwo. Ná wɔrentumi ntra hɔ wɔ awɔw ne osutɔ bere mu. (Luka 2:8-12) Nokwarem no, wɔpaw December 25 sɛ da a wɔde bedi Yesu awoda efisɛ, sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu no: “Romafo dii kan dii no sɛ Saturn Afahyɛ, de dii owia no awoda.”

16. (a) Nyamesom afahyɛ titiriw bɛn nso na efii ase wɔ wɔn a wɔnyɛ Kristofo mu? (b) Ntease pa bɛn nti na nokware Kristofo nni Buronya ne Easter?

16 Easter nso yɛ nyamesom afahyɛ titiriw. Dapɛn Kronkron a wodi wɔ Latin-Amerika aman horow bi so no nso te saa ara. Nanso Kristofo a wodi kan no anni Easter. eno nso fii ase wɔ afahyɛ ahorow a ɛnyɛ Kristofo de mu. The Encyclopœdia Britannica se: “Biribiara nni Apam Foforo no mu a ɛfa Easter afahyɛ ho.” Na, so sɛ́ Buronya ne Easter nyɛ Kristofo afahyɛ na mmom wonyaa wɔn mfiase wɔ atoro anyame asɔrefo mu no fa ho? Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ tiaa nokware no a wɔde frafra atoro, na ɔkae sɛ: “Mmɔkaw ketewaa na ɛkaw mmɔre no nyinaa.” (Galatifo 5:9) Ɔka kyerɛɛ tete Kristofo bi sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wobedi nna bi a na wodi wɔ Mose mmara no ase nanso Onyankopɔn atwam ama Kristofo no. (Galatifo 4:10, 11) Ɛnde hwɛ hia a ɛho hia kɛse ma nokware Kristofo nnɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi afahyɛ ahorow a Onyankopɔn anka sɛ wonni na efi atoro som mu bae no ho!

17. (a) Dɛn na ɛyɛ mfomso wɔ afahyɛ ahorow a ɛhyɛ nnipa a wɔagye din anaasɛ aman anuonyam ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛ nea ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ?

17 Wiase afahyɛ afoforo nso hyɛ nnipa a wɔagye din anuonyam. Afoforo nso hyɛ aman anaa wiase ahyehyɛde ahorow anuonyam. Nanso Bible no bɔ kɔkɔ tia ɔsom kwan so anuonyam a wɔde hyɛ nnipa, anaasɛ nnipa ahyehyɛde ahorow so a wɔde ho to sɛ ɛbɛyɛ nea Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ no. (Asomafo no Nnwuma 10:25, 26; 12:21-23; Adiyisɛm 19:10; Yeremia 17:5-7) Enti afahyɛ ahorow a ɛyɛ te sɛ nea ɛhyɛ onipa anaasɛ ɔdesani ahyehyɛde bi anuonyam no ne Onyankopɔn apɛde nhyia, na nokware Kristofo remfa wɔn ho nhyɛ mu.​—Romafo 12:2.

18. (a) Nneɛma bɛn na nnipa ahyɛ wɔn anuonyam anaasɛ wɔasom? (b) Dɛn na Onyankopɔn mmara ka wɔ ɔsom kwan so nidi a wɔde ma biribi no ho?

18 Nnipa ayeyɛ nneɛma pii a wɔka kyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnhyɛ wɔn anuonyam anaasɛ wɔnsom wɔn. Eyinom mu binom yɛ nea wɔde dade anaasɛ dua ayɛ. Ebinom yɛ nea wɔde ntama ayɛ a wɔayɛ biribi a ɛwɔ ɔsoro anaa asase so mfonini agu mu. Ebia ɔman bi bɛhyɛ mmara sɛ ɛsɛ sɛ obiara de ɔsom kwan so nidi ma biribi a ɛte saa. Nanso Onyankopɔn mmara se ɛnsɛ sɛ n’asomfo yɛ saa. (Exodus 20:4, 5; Mateo 4:10) Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu?

19. (a) Dɛn na Babilon hene hyɛe sɛ obiara nyɛ? (b) Henanom nhwɛso na ɛbɛyɛ papa sɛ Kristofo di akyi?

19 Wɔ tete Babilon no, Ɔhene Nebukadnesar yɛɛ sika honi kɛse bi na ɔhyɛe sɛ obiara nkotow no. Ɔkae sɛ: ‘Obiara a wanyɛ no, wɔbɛtow no akyene ogya a ɛrefram fononoo mu.’ Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Hebrifo mmerante baasa, Sedrak, Mesak ne Abednego anyɛ nea ɔhene hyɛe no. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔsom ho asɛm wom, na na Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no. Onyankopɔn ani sɔɔ nea wɔyɛe no na ogyee wɔn fii ɔhene no abufuw mu. Nokwarem no, Nebukadnesar behui sɛ Yehowa asomfo yi ho nyɛ hu wɔ ɔman no mu, enti ɔhyɛɛ mmara de bɔɔ wɔn ahofadi ho ban. (Daniel 3:1-30) So w’ani nnye mmerante yi nokwaredi no ho? So wobɛkyerɛ sɛ wopɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ankasa denam Onyankopɔn mmara horow nyinaa a wubedi so no so anaa?​—Asomafo no Nnwuma 5:29.

20. Dɛn ne akwan horow a Satan nam so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛato Onyankopɔn mmara a ɛfa ɔbarima ne ɔbea ntam abrabɔ pa ho no?

20 Ɛyɛ ampa sɛ Satan mpɛ sɛ yɛsom Yehowa. Ɔpɛ sɛ yɛsom ɔno. Enti ɔbɔ mmɔden sɛ obenya yɛn ma yɛayɛ nea ɔhwehwɛ, esiane sɛ onim sɛ obiara a yetie no no nkoa na yɛba bɛyɛ nti. (Romafo 6:16) Ɛdenam akwan horow, a TV, sini, asaw ahorow ne nhoma ahorow a ɛka ahuhusɛm ka ho, so no, Satan hyɛ aguamammɔ ne awaresɛe ho nkuran. Ɔma ɛyɛ te sɛ nea adeyɛ a ɛte saa yɛ nea wogye tom, anaa mpo sɛ ɛfata. Nanso, eyi tia Onyankopɔn mmara. (Hebrifo 13:4; Efesofo 5:3-5) Na obi a obu bra a ɛte saa da no adi ankasa sɛ ɔwɔ Satan wiase no afã.

21. Dɛn ne nneɛma afoforo a sɛ obi yɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Satan wiase yi afã?

21 Nneyɛe afoforo wɔ hɔ a Satan wiase no ama agye ntini nanso etia Onyankopɔn mmara. Asabow yɛ eyinom mu biako. (1 Korintofo 6:9, 10) Foforo nso ne nnubɔne te sɛ “wii” anaa marijuana a wɔnom de gye wɔn ani, ne tawa. Saa nneɛma yi di nipadua no awu na ɛho ntew. Dwuma a wɔde di no tia afotu a Onyankopɔn de ma sɛ “yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu” no. (2 Korintofo 7:1) Tawa a wɔnom haw wɔn a wɔbɛn hɔ a wɔhome wusiw no nso akwahosan. Enti nea ɔnom tawa no tõ Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni dɔ ne yɔnko no.​—Mateo 22:39.

22. (a) Dɛn na Bible ka wɔ mogya ho? (b) Dɛn nti na mogya a obi gye no nyɛ soronko wɔ mogya a “wodi” ho? (d) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ‘yi a wuyi wo ho fi mogya ho’ no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wugye kɔ wo nipadua mu ɔkwan biara so?

22 Ade foforo nso a wɔyɛ wɔ wiase afã horow ne mogya a wodi. Enti wɔwe mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu yiye, anaasɛ ebia wohwie mogya no na wɔde aka aduan ho, Nanso Onyankopɔn Asɛm bara mogya a wodi. (Genesis 9:3, 4; Leviticus 17:10) Na mogya a wɔde ma obi nso ɛ? Ebia ebinom besusuw sɛ mogya a obi gye nyɛ “di a odi” ankasa. Na so ɛnyɛ nokware sɛ sɛ ɔyarefo bi ntumi mmue n’ano nnidi a, ayaresafo taa hyɛ nyansa sɛ wɔmfa saa kwan koro no ara a wɔnam so de mogya ma no so mma no aduan anaa? Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yenyi yɛn ho mfi mogya ho.’ (Asomafo no Nnwuma 15:20, 29) Dɛn na eyi kyerɛ? Sɛ oduyɛfo bi ka kyerɛ wo sɛ yi wo ho fi nsã ho a, so nea ɛbɛkyerɛ ara ne sɛ ɛnsɛ sɛ wode fa w’anom, na mmom wubetumi ama wɔde afa wo ntini mu akɔ wo mu tẽe anaa? Dabida! Saa nso na ‘yɛn ho a yebeyi afi mogya ho’ no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yegye kɔ yɛn nipadua mu ɔkwan biara so.

23. (a) Gyinae bɛn na ɛho hia sɛ wusi? (b) Dɛn na ɛbɛda gyinae a woasi no adi?

23 Ɛho hia sɛ wokyerɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ wopɛ ne nhyehyɛe foforo no na wonyɛ wiase yi fã. Eyi hwehwɛ gyinaesi. Gyinae a ɛho hia sɛ wusi ne sɛ wobɛsom Yehowa na woayɛ n’apɛde. Wuntumi nhinhim sɛnea Israelfo bi a na wɔwɔ tete hɔ yɛe no. (1 Ahene 18:21) Na kae, sɛ wonsom Yehowa a, na woresom Satan. Ebia wobɛka sɛ wopɛ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no, nanso dɛn na wo nneyɛe kyerɛ? Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no afã a wubegyina hwehwɛ sɛ wotwe wo ho fi nneyɛe a Onyankopɔn kasa tia a ɛrentra ne nhyehyɛe foforo no mu no nyinaa ho.

[Kratafa 209 mfoni]

Dɛn ne wiase a na Yesu remmɔ mpae mma a n’asuafo nyɛ ne fã no?

[Kratafa 211 mfoni]

Bible mu no, wɔde ɔbea aguaman a wabow yɛ atoro som ho mfonini, na wɔyɛ wiase ahenni a ɔte so no ho mfonini sɛ aboa

Ahohwibra yɛ Satan wiase no su. Adifudepɛ aguadi nhyehyɛe no nso yɛ ne fã titiriw

[Kratafa 213 mfoni]

Esiane sɛ bere a wɔwoo Yesu no na nguanhwɛfo da so ne wɔn nguan wɔ sare so anadwo nti, ɛrentumi mma sɛ wɔwoo no December 25

[Kratafa 214 mfoni]

Onyankopɔn asomfo powee sɛ wɔbɛsom ohoni a na ɔhene de asi hɔ no. Dɛn na wobɛyɛ wɔ tebea a ɛte saa mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena