Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • sp kr. 23-27
  • Som Yehowa, Na Ɛnyɛ Satan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Som Yehowa, Na Ɛnyɛ Satan
  • Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ye
  • Kwati Nneyɛe a Ɛho Ntew
  • Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu
  • Wo Ne Yehowa Adansefo Mmɔ
  • Nea Bible Ka Fa Abɔfo Ho
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Twe Wo Ho Fi Atoro Som Ho; Fa Wo Ho Bɔ Nokware Som
    Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Abɔfo Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Tumi a Yesu Wɔ Wɔ Adaemone So
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
sp kr. 23-27

Som Yehowa, Na Ɛnyɛ Satan

Yɛn nyinaa wɔ biribi a ɛsɛ sɛ yɛpaw. Sɛ yɛbɛsom Yehowa anaasɛ yɛbɛsom Satan ne n’adaemone. Yɛrentumi nyɛ n’abien nyinaa. Hwɛ nyansa a ɛwom sɛ yɛbɛsom Yehowa!

Yehowa Ye

Sɛnea yɛahu no, adaemone ani gye ho sɛ wobepira nnipa na wɔadaadaa wɔn. Yehowa nte saa. Ɔdɔ adesamma sɛnea agya bi dɔ ne mma. Ɔne “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” Mafo. (Yakobo 1:17) Ɔmfa adepa biara nkame adesamma, sɛ ɛma ɔhwere biribi kɛse bi mpo a.—Efesofo 2:4-7.

Yesu maa anifuraefo huu ade, ɔmaa mum kasae, na onyanee awufo de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa

Onyankopɔn Ba Yesu yii ɔdɔ adi kyerɛɛ nnipa denam wɔn nyarewa a ɔsae so

Susuw nneɛma a Onyankopɔn Ba Yesu yɛe wɔ asase so no ho. Ɔmaa mum kasae, na anifuraefo huu ade. Ɔsaa akwatafo ne mmubuafo yare. Otuu adaemone na ɔsaa nyarewa ahorow nyinaa bi. Yesu nam Onyankopɔn tumi so nyan awufo baa nkwa mu mpo.—Mateo 9:32-35; 15:30, 31; Luka 7:11-15.

Sɛ anka Onyankopɔn bɛka atosɛm de adaadaa yɛn no, ɔka nokware bere nyinaa mmom. Ɔnnaadaa obiara da.—Numeri 23:19.

Kwati Nneyɛe a Ɛho Ntew

Sɛnea ananse ntontan kyere anwansena denneennen no, saa ara nso na gyidi hunu ne atosɛm akyekyere nnipa ɔpepem pii. Wosuro awufo. Wosuro adaemone. Nnome, nsɛnkyerɛnne, kaberɛkyere, ne asuman ho nsɛm haw wɔn. Gyidi ne atetesɛm ahorow a egyina Satan Ɔbonsam atosɛm so akyekyere wɔn. Saa nneɛma yi mu biara nsum Onyankopɔn nkoa afiri.

Yehowa wɔ tumi kɛse koraa sen Satan. Sɛ wosom Yehowa a, ɔbɛbɔ wo ho ban afi adaemone ho. (Yakobo 4:7) Wɔrentumi mfa kaberɛ nkyere wo. Sɛ nhwɛso no, wɔ Nigeria no, akɔmfo baasa a wɔyɛ den too Yehowa Ɔdansefo bi a wampene so sɛ obefi wɔn kurom hɔ no aduru sɛ wɔde rekum no. Bere a aduru no antumi anyɛ no hwee no, ehu kaa akɔmfo no mu biako, ɔkɔɔ Ɔdansefo no nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ onhu no mmɔbɔ.

Efesofo no hyew wɔn nkonyaayi nhoma ahorow

Efesofo no hyew wɔn nkonyaayi nhoma ahorow

Sɛ adaemone haw wo a, wubetumi abɔ Yehowa din afrɛ no na ɔbɛbɔ wo ho ban. (Mmebusɛm 18:10) Nanso sɛ wubenya ahobammɔ afi Onyankopɔn hɔ a, ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi ahonhonsɛmdi ne adaemone som mu biribiara ho koraa. Onyankopɔn asomfo a na wɔwɔ tete Efeso no yɛɛ saa. Wɔboaboaa wɔn nkonyaayi nhoma nyinaa ano hyewee. (Asomafo no Nnwuma 19:19, 20) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso yɛ saa ara. Sɛe asuman, nsɛbɛ, “ahobammɔ” nhama, abosom, nkonyaayi nhoma, ne biribi foforo biara a wɔde di ahonhonsɛm.

Fa Wo Ho Hyɛ Nokware Som Mu

Sɛ wopɛ sɛ wosɔ Onyankopɔn ani a, ɛnnɔɔso sɛ wobɛtwe wo ho afi atoro som ho kɛkɛ na woagyae nneɛma bɔne yɛ. Ɛsɛ sɛ wode wo ho hyɛ nokware som mu nnam so. Bible no kyerɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ:

Nokware som hwehwɛ sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow na yɛkenkan Bible

Kɔ Kristofo nhyiam horow.—Hebrifo 10:24, 25

Sua Bible no.—Yohane 17:3

Nokware som hwehwɛ sɛ yɛka asɛm no kyerɛ afoforo, yɛbɔ Yehowa mpae, na yegye asubɔ

Ka asɛm kyerɛ afoforo.—Mateo 24:14

Bɔ Yehowa mpae.—Filipifo 4:6, 7

Gye asubɔ.—Asomafo Nnwuma 2:41

Wo Ne Yehowa Adansefo Mmɔ

Satan ne adaemone wɔ nnipa wɔ asase so a wɔkyerɛkyerɛ nneɛma bɔne na wɔyɛ. Nanso Yehowa nso wɔ nkurɔfo. Wɔne Yehowa Adansefo. (Yesaia 43:10) Adansefo ɔpepem nsia ne akyi na wɔwɔ asase so nyinaa. Wɔn nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma pa na wɔakyerɛ nnipa nokware no. Nsase pii so no, wubetumi ahyia wɔn wɔ Ahenni Asa so, faako a wɔde anigye bɛma wo akwaaba.

Wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔasom Onyankopɔn. Wɔne wo besua Bible no wɔ wo fie, na wɔbɛboa wo ma woasua sɛnea wobɛsom Yehowa wɔ ɔkwan pa so. Ɛnsɛ sɛ wutua ho ka. Adansefo no ani gye ho sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ nokware no, efisɛ wɔdɔ nnipa na wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn nso.

Yehowa Adansefo de anigye gye nkurɔfo ba wɔn Ahenni Asa so na wɔne wɔn sua Bible

Yehowa Adansefo bɛboa wo ma woasom Onyankopɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena