Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ol ɔfã 8 kr. 25-28
  • Twe Wo Ho Fi Atoro Som Ho; Fa Wo Ho Bɔ Nokware Som

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Twe Wo Ho Fi Atoro Som Ho; Fa Wo Ho Bɔ Nokware Som
  • Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Twe Wo Ho Fi Atoro Som Ho
  • Sɛe Nneɛma a Wɔde Di Dwuma Wɔ Atoro Som Mu No
  • Wo ne Yehowa Nkurɔfo Mmɔ
  • Sɛnea Onyankopɔn Pɛ sɛ Yɛsom No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Som Yehowa, Na Ɛnyɛ Satan
    Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Po Atoro Som!
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
ol ɔfã 8 kr. 25-28

ƆFA 8

Po Atoro Som; Som Nokware Som

1. Ɛdefa ɔsom a wɔpaw ho no, nsɛnnennen bɛn na nkurɔfo hyia nnɛ?

YESU kae sɛ: “Nea onni m’afa no sɔre tia me.” (Mateo 12:30) Yebetumi apaw sɛ yebegyina Yehowa afã anaa Satan afã. Nnipa pii susuw sɛ wɔresom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so, nanso Bible no ka sɛ Satan ‘redaadaa asase sofo nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔresom Satan Ɔbonsam ankasa! Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ nnipa si gyinae bi: Ɛsɛ sɛ wɔsom Yehowa, “nokware Nyankopɔn” no anaasɛ Satan, “atoro agya” no.—Dwom 31:5; Yohane 8:44.

Twe Wo Ho Fi Atoro Som Ho

2. Dɛn ne ɔkwan biako a Satan nam so bɔ mmɔden sɛ obesiw nkurɔfo kwan wɔ Yehowa a wɔbɛsom no no ho?

2 Gyinae a obi besi sɛ ɔbɛsom Yehowa no yɛ nea nyansa wom, wapaw nea ɛde Onyankopɔn anim dom ba. Nanso Satan ani nnye obiara a ɔsom Onyankopɔn ho; ɔde amanehunu ne nsɛnnennen ba wɔn a wɔsom Onyankopɔn no so. Ɔkwan biako a ɔnam so yɛ eyi ne sɛ ɔma afoforo nnamfo ne abusuafo mpo di wɔn ho fɛw na wɔtaa wɔn. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obi ankasa fiefo na wɔbɛyɛ n’atamfo.”—Mateo 10:36.

3. Sɛ w’abusuafo anaa wo nnamfo sɔre tia wo wɔ Onyankopɔn a wosom no no ho a, dɛn na wobɛyɛ?

3 Sɛ biribi saa to wo a, wobɛyɛ w’ade dɛn? Nnipa pii nim sɛ ɔkwan a wɔfa so som no nye, nanso wɔmpɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi ho. Wosusuw sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanni wɔn abusuafo nokware. So nyansa wom? Sɛ wuhu sɛ w’abusuafo a wɔbɛn wo pɛɛ no nom nnubɔne bi a, so woremmɔ wɔn kɔkɔ sɛ nnuru no bepira wɔn? Wo ne wɔn rennom saa nnubɔne no, ɛnte saa?

4. Dɛn na Yosua ka kyerɛɛ Israelfo no faa ɔsom a na wɔsom wɔ ne bere so no ho?

4 Yosua hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wonnyae atoro som nneyɛe ne wɔn agyanom atetesɛm akyi di. Ɔkae sɛ: “Afei munsuro Yehowa na momfa koma kronn ne nokwaredi nsom no. Na montow anyame a mo agyanom som wɔn wɔ asubɔnten kɛse no agya ne Egypt no ngu, na monsom Yehowa.” (Yosua 24:14) Yosua dii Onyankopɔn nokware, na Yehowa hyiraa no. Sɛ yedi Yehowa nokware a, obehyira yɛn nso.—2 Samuel 22:26.

Nyamesom Nkyerɛkyerɛ​—Nokwasɛm ne Atosɛm

  • Yehowa Dansefo bi ne maame bi ne ne mma resua Bible

    Baasakoro: Nyamesomfo pii kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro. Wɔka sɛ “Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no [Yesu] yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn, nanso yenni Anyame baasa na mmom Onyankopɔn biako pɛ.”

    Asɛmfua “Baasakoro” no nni Bible no mu mpo, na ɛnkyerɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ nnipa baasa a wɔbom yɛ biako. Yehowa nkutoo ne Onyankopɔn. Korintofo nhoma a edi kan 8:6 ka sɛ: “Onyankopɔn biako na yɛwɔ, Agya no.” Yehowa ne Opumpuni no. Yesu nyɛ Onyankopɔn, na mmom ɔyɛ “Onyankopɔn Ba.” (1 Yohane 4:15) Saa ara nso na honhom kronkron no nyɛ Onyankopɔn. Honhom kronkron no nyɛ nipa mpo. Ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Efesofo 5:18.

  • Ɔkra: Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no yɛ biribi a ɛhyɛ onipa mu a enwu da. Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no ne onipa no, na nokwarem no, onipa tumi wu.—Genesis 2:7; Hesekiel 18:4.

  • Hellgya: Atoro som kyerɛkyerɛ sɛ wɔyɛ abɔnefo kra ayayade wɔ hell daa. Bible no ka sɛ awufo nnim “biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Bible no kyerɛkyerɛ bio sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Yehowa, ɔdɔ Nyankopɔn no, remfa ogya nyɛ afoforo ayayade.

Adaka: Dɛn na Bible kyerɛkyerɛ fa Baasakoro, ɔkra, ne hellgya ho?

Sɛe Nneɛma a Wɔde Di Dwuma Wɔ Atoro Som Mu No

Maame bi rehyew ne nneɛma a ɔde yi nkonyaa

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsɛe nkonyaayi ho nneɛma a yɛwɔ no?

5 Yɛn ho a yɛbɛtwe afi atoro som ho no nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛsɛe nkonyaayi ho nneɛma biara a ebia yɛwɔ, te sɛ, asuman, nsɛbɛ, ntafowayi nkaa ne nneɛma a ɛtete saa. Eyi ho hia efisɛ ɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn werɛ nyinaa ahyɛ Yehowa mu.

6. Dɛn na tete Kristofo yɛe wɔ wɔn nhoma ahorow a ɛfa nkonyaayi ho no ho?

6 Susuw nea tete Kristofo no bi yɛe ho hwɛ bere a wosii gyinae sɛ wɔbɛsom nokware som no. Bible no ka sɛ: “Na wɔn a wodi asumansɛm no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui.”—Asomafo no Nnwuma 19:19.

7. Sɛ adaemone haw yɛn a, dɛn na yebetumi ayɛ?

7 Adaemone betumi ahaw ebinom a bere a wofii ase sɛ wɔbɛsom Yehowa no na wɔde wɔn ho ahyɛ abayisɛm, abayigoru, anaa nkonyaayi mu no. Sɛ ebi to wo a, bɔ Yehowa din dennen wɔ mpaebɔ mu. Ɔbɛboa wo.—Mmebusɛm 18:10; Yakobo 4:7.

8. Kristofo bu ahoni ne mfonini ahorow a wɔde di dwuma wɔ atoro som mu no dɛn?

8 Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no de ahoni anaasɛ nyamesom mfonini a ɛyɛ atoro som fã bi di dwuma. Nokware Kristofo ‘nam gyidi mu, na ɛnyɛ nea yehu mu.’ (2 Korintofo 5:7) Wobu Onyankopɔn mmara a ɛbara ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no.—Exodus 20:4, 5.

Wo ne Yehowa Nkurɔfo Mmɔ

Maame bi ne ne babea ketewaa renoa aduane

9. Afotu bɛn na Bible no de ma wɔ anyansafo a yɛbɛyɛ no ho?

9 Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” (Mmebusɛm 13:20) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ anyansafo a, ehia sɛ yɛne Yehowa Adansefo nantew anaa yɛne wɔn bɔ. Wɔne nnipa a wɔnam ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so.—Mateo 7:14.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo betumi aboa wo ma woasom Onyankopɔn?

10 Adansefo no susuw afoforo ho ankasa. Wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛboa nnipa komapafo ma wɔate Bible mu nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu no ase. Wobetumi aboa wo denam Bible no a wɔne wo besua a wɔrennye wo hwee no so. Wobebua wo nsɛmmisa ama wo na wɔakyerɛ wo sɛnea wode Bible mu nimdeɛ bedi dwuma wɔ w’asetra mu.—Yohane 17:3.

11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam ahorow betumi aboa wo?

11 Wubesua Yehowa akwan ho ade pii wɔ wɔn nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no ase. Wɔbɛhyɛ wo den wɔ ɔpɛ a woanya sɛ wobɛsom nokware som no mu. Afei nso wubenya ɔkwan a wɔfa so boa afoforo ma wosua Bible mu nokware no ho ntetee.—Hebrifo 10:24, 25.

Wɔreyɛ Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so.

12. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ betumi aboa wo ma woasom Onyankopɔn?

12 Bere a woresua Yehowa apɛde ne n’atirimpɔw ho ade pii no, anisɔ a wowɔ ma n’akwan no mu bɛyɛ den. Ɛsɛ sɛ wunya nkɔanim wɔ ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ n’ani na woakwati nea ɛnsɔ n’ani no mu. Kae sɛ wubetumi akɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu asrɛ no ma waboa wo ma woayɛ nea ɛteɛ na woakwati nea ɛnteɛ.—1 Korintofo 6:9, 10; Filipifo 4:6.

Abusua bi bom kenkan Bible.

Wobɛyɛ dɛn asom nokware som?

13. Wobɛyɛ dɛn ama Yehowa koma ani agye?

13 Bere rekɔ so a wunyin wɔ honhom mu no, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu hia a ehia sɛ wuhyira wo ho so, bɔ asu sɛ Ɔdansefo ma Yehowa no. Wonam ka a wobɛba abɛka Yehowa nkurɔfo ho no so bɛma Yehowa koma ani agye. (Mmebusɛm 27:11) Wobɛka nkurɔfo a wɔwɔ anigye a Onyankopɔn ka wɔn ho asɛm sɛ: “Mɛtena wɔn mu, na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man” no ho.—2 Korintofo 6:16.

Metwee Me Ho Fii Adaemone Ho

Josephine Ikezu ne ne mma no bi

Da koro anadwo bi a me ne me kunu da mpa so no, metee ɛnne bi a ɛbɔɔ me din mprɛnsa. Ɛnna mihui sɛ nsɛmso no mu apae abien, na ade kɔkɔɔ bi te sɛ bɔɔl fi soro bɛtɔɔ me yafunu so. Nokwasɛm ni, me kunu anhu saa nneɛma yi ho hwee. Nanso, ɔhyew bi a ɛyɛ hu kaa me asram pii.

Asram asia akyi no, ɛnne no frɛɛ me bio. Mpofirim ara ofie no nyinaa yɛe sɛ nea ɛhyɛ nsu bi ase. Onini kɛse bi fii nsu no mu bae bɛnenam me nsa ho. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛpete no nanso anyɛ yiye. Ehu kaa me. Afei nsu no ne ɔwɔ no nyinaa yerae, na mehwee fam denneennen. Metɔɔ mum nnɔnhwerew pii. Afei ɛnne no ka kyerɛɛ me sɛ mensan mmra asɔrefie a ɛwɔ akuraa no ase a wɔsa yare wɔ honhom mu no mu bio. Bere a mibisaa honhom no din no, ɔmaa me din bi a ɛkyerɛ sɛ “nea ɔwɔ ahonyade na onni ba.” Ɔhyɛɛ me bɔ sɛ ɔnam ayaresa tumi so bɛma manya me ho.

Ayarefo pii fi akyirikyiri ne mmeae pii baa me nkyɛn. Ansa na wobedu me fie hɔ no, na mahu wɔn wɔ m’ahwehwɛ soronko bi mu. Afei sɛ wɔn mu bi bedu hɔ a, mede me nsa bɔ no nsam, na ntɛm ara, na ayi sɛnea ne yare no anaa ne haw no te ne ano aduru adi akyerɛ me. Honhom no kaa sika dodow a ɛsɛ sɛ nkurɔfo no tua nso kyerɛɛ me.

Sɛnea ayaresa no tu mpɔn nti na minya sika ne akyɛde pii. Mebɛyɛɛ “ɔdefo,” na mibehuu nea “nea onni ba” no nso kyerɛ. Bere biara a mɛwo no, na nea mawo n’akyi no awu. Ná eyi yɛ ahometew. Wɔ mfe 12 a mede som saa honhom no, me mma baasia na wowuwui.

Mifii ase bɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me. Mifi koma nyinaa mu bɔɔ mpae. Da koro bi Yehowa Adansefo bɛbɔɔ me pon mu. Ɛwom sɛ na metaa pam wɔn de, nanso saa da no de, meyɛɛ m’adwene sɛ metie wɔn. Nkɔmmɔ a me ne wɔn bɔe no ma mibehui sɛ na meresom adaemone! Misii gyinae sɛ mɛtwe me ho afi ahonhonsɛmdi ho.

Bere a mekaa saa kyerɛɛ honhom no, ɔbɔɔ me kɔkɔ wɔ ho. Nanso, mekae sɛ: “Me ne wo awie.”

Mehyew nneɛma a mede di asumansɛm no nyinaa. Me ne Adansefo no suaa Bible no, bɛyɛɛ Yehowa somfo, na wɔbɔɔ me asu 1973 mu. Seesei mewɔ mma baanum a wɔn ho yɛ den. Me kunu nso bɛyɛɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu.—Sɛnea Josephine Ikezu ka kyerɛe.

Adaka: Ɔkwan bɛn so na ɔbea bi twee ne ho fii adaemone ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena