Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • dg ɔfã 6 kr. 12-14
  • Nea Enti a Onyankopɔn Ama Amanehunu Ho Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Onyankopɔn Ama Amanehunu Ho Kwan
  • So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amansan Tumidi ho Ɔsɛmpɔw No
  • Honhom Abɔde Atuatew
  • Nsɛmpɔw Abien
  • Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ama Nsɛmmɔnedi Ho Kwan?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Ahenni No—Dɛn Nti na Akyɛ ‘Ba’ Saa?
    “W’Ahenni Mmra”
  • Nnipa Amanehunu—Dɛn Nti na Onyankopɔn ma ho Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔsɛmpɔw a Ɛsɛ sɛ Yɛn Nyinaa Hyia
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
dg ɔfã 6 kr. 12-14

Ɔfã 6

Nea Enti a Onyankopɔn Ama Amanehunu Ho Kwan

1, 2. Ɔkwan bɛn so na yɛn awofo a wodi kan no sɛee mfitiase pa a Onyankopɔn maa wɔn no?

DƐN na ɛtotoe? Dɛn na esii a ɛsɛee mfitiase pa a Onyankopɔn de maa yɛn awofo a wodi kan no wɔ Eden Paradise no? Dɛn nti na, sɛ́ anka Paradise mu asomdwoe ne biakoyɛ bɛtra hɔ mmom no, amumɔyɛ ne amanehunu akɔ so atra hɔ mfe mpempem pii sɛɛ yi?

2 Nea ɛma ɛbaa saa ne sɛ Adam ne Hawa de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ no dii dwuma ɔkwammɔne so. Wɔn werɛ fii nokwasɛm a ɛne sɛ wɔammɔ wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfi Onyankopɔn ne ne mmara ho na asi wɔn yiye. Wosii gyinae sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho, susuwii sɛ eyi bɛma wɔn asetra ayɛ yiye. Enti wofii hokwan a wɔwɔ sɛ wɔpaw nea wɔpɛ mu anohyeto ahorow a Onyankopɔn de ama no ase.—Genesis, ti 3.

Amansan Tumidi ho Ɔsɛmpɔw No

3-5. Dɛn nti na Onyankopɔn ansɛe Adam ne Hawa kɛkɛ na wamfi biribiara ase bio?

3 Dɛn nti na Onyankopɔn ansɛe Adam ne Hawa ara kɛkɛ na ɔde nnipa baanu foforo bi afi ase bio? Efisɛ na wɔatwa n’amansan tumidi, kyerɛ sɛ hokwan a ne nkutoo na ɔwɔ sɛ odi tumi no, mpoa.

4 Ná asemmisa no ne sɛ: Hena na ɔwɔ hokwan sɛ odi tumi, na hena tumidi na ɛfata? Ade nyinaa so tumfoɔ ne abɔde nyinaa Bɔfo a Onyankopɔn yɛ no ma no hokwan sɛ odi wɔn so tumi. Esiane sɛ ɔwɔ nyansa sen obiara nti, ne tumidi na eye sen biara ma abɔde nyinaa. Nanso na afei wɔatwa Onyankopɔn tumidi mpoa. Bio nso, so na mfomso bi wɔ n’abɔde—onipa—ho anaa? Akyiri yi, yɛbɛhwehwɛ sɛnea eyi fa adesamma nokwaredi ho asɛm no ho mu.

5 Onipa ho a ɔde fii Onyankopɔn ho no maa asemmisa foforo bi sɔree: Sɛ Onyankopɔn anni nnipa so a, so ebesi wɔn yiye anaa? Nokwarem no, na Ɔbɔadeɛ no nim mmuae no, nanso ɔkwan pa a nnipa nam so behu ne sɛ ɔbɛma wɔn nsa aka ahofadi korakora a wɔhwehwɛ no. Wofi wɔn ankasa pɛ mu na wɔpaw saa kwan no, enti Onyankopɔn maa ho kwan.

6, 7. Dɛn nti na Onyankopɔn ama adesamma ahofadi korakora bere tenten saa?

6 Ɛdenam bere a ɛdɔɔso a Onyankopɔn de bɛma adesamma na wɔde asɔ ahofadi korakora ahwɛ so no, na ɔbɛma ada adi prɛko sɛ ebia sɛ adesamma wɔ Onyankopɔn tumidi ase a na eye ma wɔn anaasɛ wɔde wɔn ho a na eye. Na ɛsɛ sɛ bere a ɔde bɛma wɔn no yɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma nnipa atumi akodu nea wobu no sɛ nea wotumi yɛ wɔ amammuisɛm, mfiridwuma, nyansahu, ne aduruyɛ mu no pɔmpɔn so ho.

7 Enti, Onyankopɔn ama onipa ayɛ nea ɔpɛ araa de abesi yɛn nna yi mu na ama ada adi pefee sɛ ebia adesamma nniso a wɔkwati no wom no betumi adi nkonim anaa. Enti onipa atumi apaw sɛ ɔpɛ ayamye anaasɛ atirimɔden, ɔdɔ anaasɛ ɔtan, trenee anaasɛ amumɔyɛ. Nanso wahyia nneɛma a efi nea ɔpaw mu ba no nso: papa ne asomdwoe anaa amumɔyɛ ne amanehunu.

Honhom Abɔde Atuatew

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na atuatew baa ahonhom atrae hɔ? (b) Adam ne Hawa akyi no, henanom na Satan maa wɔtew atua?

8 Ade foforo bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛnyɛ yɛn awofo a wodi kan no nkutoo na wɔtew Onyankopɔn tumidi so atua. Nanso na henanom nso na wɔte ase saa bere no? Honhom abɔde. Ansa na Onyankopɔn rebɔ adesamma no, ɔbɔɔ abɔde a nkwa wom a wɔkorɔn, abɔfo pii, sɛ wɔntra ɔsoro. Wɔbɔɔ wɔn nso a wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ, na afei nso na ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase.—Hiob 38:7; Dwom 104:4; Adiyisɛm 5:11.

9 Bible no kyerɛ sɛ ahonhom atrae hɔ na atuatew fii ase. Honhom abɔde bi pɛe sɛ onya ahofadi korakora. Ɔpɛe sɛ adesamma som no mpo. (Mateo 4:8, 9) Saa otuatewfo a ɔyɛ honhom yi na ɔkɛntɛn Adam ne Hawa so ma wɔtew atua no, na odii atoro kae sɛ Onyankopɔn de biribi pa rekame wɔn. (Genesis 3:1-5) Enti wɔfrɛ no Ɔbonsam (Otwirifo) ne Satan (Ɔsɔretiafo). Akyiri yi, ɔmaa honhom abɔde afoforo tew atua. Wɔfrɛɛ eyinom sɛ adaemone.—Deuteronomium 32:17; Adiyisɛm 12:9; 16:14.

10. Dɛn na efii adesamma ne honhom abɔde atuatew mu bae?

10 Ɛdenam Onyankopɔn so atua a adesamma tew so no, wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso ase. Enti na Bible no frɛ Satan sɛ “wi yi ase nyame” a ‘wafura wɔn a wonnye nni no adwene ani’ no. Enti, Onyankopɔn Asɛm se “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Yesu ankasa frɛɛ Satan sɛ “wi yi ase sodifo.”—2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19; Yohane 12:31.

Nsɛmpɔw Abien

11. Ɔsɛmpɔw foforo bɛn ho na Satan twaa Onyankopɔn mpoa?

11 Satan maa ɔsɛmpɔw foforo bi a etwaa Onyankopɔn mpoa sɔree. Ɔbɔɔ Onyankopɔn sobo sɛ wadi mfomso wɔ sɛnea Ɔbɔɔ adesamma no mu, ne sɛ obiara nni hɔ a sɛ wɔhyɛ no so a, ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛteɛ. Nokwarem no, ɔkae sɛ, sɛ wohyia sɔhwɛ a, wɔbɛdome Onyankopɔn mpo. (Hiob 2:1-5) Satan nam saa kwan yi so gyee adesamma abɔde nokwaredi ho kyim.

12-14. Ɔkwan bɛn so na bere bɛma nsɛmpɔw abien a Satan ma ɛsɔree no mu nokware ada adi?

12 Enti, Onyankopɔn ama bere a ɛdɔɔso ho kwan na abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa atumi ahu sɛnea wobehu ɔsɛmpɔw yi ne Onyankopɔn tumidi ho ɔsɛmpɔw no nso ano. (Fa toto Exodus 9:16 ho.) Osuahu a adesamma benya afi wɔn abakɔsɛm mu no bɛma nsɛmpɔw abien yi mu nokware ada adi.

13 Nea edi kan koraa no, dɛn na bere bɛma ada adi wɔ amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw, fata a Onyankopɔn nniso fata no ho? So adesamma betumi adi wɔn ho so yiye asen Onyankopɔn? So nnipa nniso nhyehyɛe bi a Onyankopɔn ho nnim betumi de anigye wiase bi a akodi, nsɛmmɔnedi, ne atɛnkyea nnim aba anaa? So ebi wɔ hɔ a ebetumi ayi ohia afi hɔ na ama obiara adi yiye anaa? So ebi wɔ hɔ a ebetumi adi ɔyare, onyin, ne owu so nkonim? Wɔhyehyɛɛ Onyankopɔn nniso na atumi ayɛ ɛnonom nyinaa.—Genesis 1:26-31.

14 Ɛdefa ɔsɛmpɔw a ɛto so abien no ho no, dɛn na bere bɛma ada adi wɔ sɛnea adesamma abɔde di mũ fa no ho? So ɛyɛ mfomso sɛ Onyankopɔn bɔɔ adesamma sɛnea ɔbɔɔ wɔn no? So wɔn mu bi bɛyɛ nea ɛfata bere a ohyia sɔhwɛ no? So nnipa bi bɛkyerɛ sɛ wɔpɛ Onyankopɔn nniso na ɛnyɛ onipa nniso a ɛde ne ho no?

[Kratafa 13 mfonini]

Onyankopɔn ama bere bi ho kwan na nea adesamma tumi yɛ no adu ne pɔmpɔn so

[Asɛm Fibea]

Shuttle: Egyina NASA mfonini so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena