Ɔfã 10
Wiase Foforo a Ɛyɛ Nwonwa a Onyankopɔn Reyɛ No
1, 2. Dɛn na ɛbɛba wɔ Harmagedon ɔko a ɛbɛtew nneɛma ho no akyi?
ONYANKOPƆN ɔko Harmagedon a ɛbɛtew nneɛma ho akyi no, dɛn na ɛbɛba? Afei anuonyam bere foforo bi befi ase. Wɔde wɔn a wobetwa Harmagedon, a wɔakyerɛ wɔn nokwaredi ma Nyankopɔn nniso dedaw no, bɛkɔ wiase foforo no mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ abakɔsɛm mu bere foforo a ɛyɛ anigye bere a mfaso horow a ɛyɛ nwonwa fi Onyankopɔn nkyɛn ba ma adesamma abusua no!
2 Wɔ Onyankopɔn Ahenni akwankyerɛ ase no, wɔn a wobefi mu aka no befi ase asiesie paradise bi. Wɔde wɔn ahoɔden bɛyɛ nneɛma a pɛsɛmenkominya nnim a ɛso bɛba wɔn a wɔte ase saa bere no nyinaa mfaso. Asase no befi ase adan ayɛ fie fɛfɛ a asomdwoe ne akomatɔyam wom ma adesamma.
Trenee Si Nsɛmmɔnedi Ananmu
3. Ahotɔ bɛn na wobenya no ntɛm ara wɔ Harmagedon akyi pɛɛ?
3 Satan wiase no sɛe na ɛbɛma eyi nyinaa atumi ayɛ yiye. Atoro som, asetra mu nhyehyɛe ahorow, anaa nniso, a ɛde mpaapaemu ba biara rentra hɔ bio. Satan nnaadaasɛm a wɔde daadaa nnipa biara remma bio; wɔbɛsɛe wɔn a wɔde ba nyinaa aka Satan nhyehyɛe no ho. Susuw ho hwɛ: wɔayi Satan wiase no mu tebea bɔne nyinaa afi hɔ! Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ ahotɔ!
4. Ka ɔkyerɛkyerɛ mu nsakrae a ɛbɛba no ho asɛm.
4 Afei nkyerɛkyerɛ a ɛma denhyɛ a efi Onyankopɔn nkyɛn no besi nnipa nniso mu adwenhorow a ɛsɛe ade no ananmu. “Wo mma nyinaa bɛyɛ wɔn a Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn.” (Yesaia 54:13, NW) Bere a wɔkɔ so nya nkyerɛkyerɛ pa yi bere nyinaa no, “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9, NW) Nnipa rensua bɔne bio, na mmom “trenee na asase a ɛsow aba no sotefo besua.” (Yesaia 26:9, NW) Nsusuwii ne nneyɛe a ɛma denhyɛ nkutoo na ɛbɛtra hɔ.—Asomafo no Nnwuma 17:31; Filipifo 4:8.
5. Dɛn na ɛbɛba amumɔyɛ ne amumɔyɛfo nyinaa so?
5 Enti, awudi, basabasayɛ, mmonaato, korɔnbɔ, anaa nsɛmmɔnedi foforo biara rentra hɔ bio. Obiara renhu amane esiane afoforo amumɔyɛ nti. Mmebusɛm 10:30 se: “Ɔtreneeni renhim da biara da, na abɔnefo rentra asase so.”
Wɔsan Nya Akwahosan a Edi Mũ
6, 7. (a) Nokwasɛm a ɛyɛ yaw bɛn na Ahenni nniso beyi afi hɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ bere a ɔwɔ asase so no?
6 Wɔ wiase foforo no mu no, wobeyi nneɛma bɔne a afi mfitiase atuatew no mu aba no nyinaa afi hɔ. Sɛ nhwɛso no, Ahenni tumidi beyi ɔyare ne nkwakorabɔ ne mmerewabɔ afi hɔ. Ɛnnɛ sɛ wowɔ akwahosan pa a ɛfata koraa mpo a, nokwasɛm a ɛyɛ yaw ne sɛ bere a wunyin no, w’ani so yɛ wo wusiwusi, wo sẽ tutu, w’asom yɛ den, wo honam ani twintwam, wo mu nkwaadɔm gyae adwuma yɛ, kosi sɛ awiei koraa no, wubewu.
7 Nanso, ɛrenkyɛ saa nneɛma a ɛhaw adwene a yenya fii yɛn awofo a wodi kan no nkyɛn no bɛyɛ ade a atwam. So wokae ɔyɛkyerɛ a Yesu yɛ faa akwahosan ho bere a ɔwɔ asase so no? Bible no ka sɛ: “Na nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.”—Mateo 15:30, 31.
8, 9. Ka anigye a ɛbɛba wiase foforo no mu bere a wɔasan ama wɔanya akwahosan a edi mũ no ho asɛm.
8 Anigye kɛse bɛn ara na yebenya wɔ wiase foforo no mu sɛɛ yi, bere a woyi yɛn haw ahorow nyinaa fi hɔ no! Amanehunu a ɔyare de ba no renhaw yɛn bio da. “Na ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 33:24; 35:5, 6.
9 So ɛrenyɛ anigye sɛ anɔpa biara a wobɛsɔre no wubehu sɛ afei de wowɔ apɔw mu den? So ɛrenyɛ wɔn a wɔanyinyin no anigye sɛ wobehu sɛ wɔasan anya wɔn mmofraberem ahoɔden bio, na wobedu pɛyɛ a na Adam ne Hawa wɔ fi mfiase no ho? Bible no bɔhyɛ ne sɛ: “Ɛnde ne honam yɛ fɔɔfɔɔ sɛ mmofra de, ɔsan kɔ ne mmerantebere mu.” (Hiob 33:25) Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛtow saa ahwehwɛniwa, mfiri a ɛboa ma wɔte asɛm, poma, mmubuafo nkongua, ne nnuru no akyene sɛɛ yi! Ayaresabea ahorow, nnuruyɛfo, ne nnuruyɛfo a wɔyɛ ɛsẽ ho adwuma ho renhia bio.
10. Dɛn na ɛbɛba owu so?
10 Wɔn a wɔwɔ apɔw mu den sɛɛ no rempɛ sɛ wowu. Na ɛho renhia sɛ wowu, efisɛ na adesamma nni sintɔ ne owu a wonya fii awo mu mpokyerɛ mu bio. ‘Etwa sɛ Kristo di hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu.’ “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa.”—1 Korintofo 15:25, 26; Romafo 6:23; hwɛ Yesaia 25:8 nso.
11. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm bɔ wiase foforo no mu mfaso horow a wobenya no mua?
11 Bere a Bible nhoma a etwa to no rebɔ mfaso horow a ebefi Onyankopɔn a odwen nnipa ho no nkyɛn aba ama adesamma a wɔwɔ Paradise no mua no, ese: “Na [Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.
Awufo San Ba
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ owusɔre tumi a Onyankopɔn de ama no no ho ɔyɛkyerɛ?
12 Yesu yɛɛ pii sen ayarefo ne mpakye a ɔsaa wɔn yare. Onyan nnipa bi fii adamoa mu nso. Ɔnam saa kwan no so daa owusɔre tumi nwonwaso a Onyankopɔn de ama no no adi. So wokae bere bi a Yesu kɔɔ ɔbarima bi a ne babea awu fie no? Yesu ka kyerɛɛ abeawa owufo no sɛ: “Ababaa, mise wo sɛ nyan!” Dɛn na ɛbae? “Ntɛm ara ababaa no sɔree na ɔnantewee.” Bere a nnipa a wɔwɔ hɔ no hui no, “wɔn ani gyei kɛse.” Na wontumi nhyɛ wɔn anigye no so!—Marko 5:41, 42, NW; hwɛ Luka 7:11-16; Yohane 11:1-45 nso.
13. Nnipa bɛn sɛɛ na wobenyan wɔn?
13 “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba” wɔ wiase foforo no mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Saa bere no, Yesu de tumi a Onyankopɔn de ama no no bedi dwuma de anyan awufo, efisɛ sɛnea ɔkae no, “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” (Yohane 11:25) Ɔkae nso sɛ: “Wɔn a wɔwɔ ada mu [wɔ Onyankopɔn nkae mu] nyinaa bɛte [Yesu] nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.
14. Esiane sɛ wɔrenwu bio nti, nneɛma bɛn na wobeyi afi hɔ?
14 Anigye kɛse bɛba asase so nyinaa bere a awufo akuwakuw san ba nkwa mu bɛka wɔn adɔfo ho no! Wɔrenhu wɔn a wɔawu ho amanneɛbɔ wɔ nkrataa ahorow mu na ahyɛ ateasefo awerɛhow bio. Mmom no, nea ɛne no bɔ abira koraa na ɛbɛba: wɔn a wɔanyan wɔn foforo koraa ho amanneɛbɔ ahorow a ɛbɛma wɔn adɔfonom ani agye. Enti ayiyɛ, mmeae a wɔhyew afunu, anaa amusiei rentra hɔ bio!
Wiase a Asomdwoe Wom Ampa
15. Ɔkwan bɛn so na Mika nkɔmhyɛ no bɛbam korakora?
15 Wobenya nokware asomdwoe wɔ asetra afã horow nyinaa mu. Akodi, wɔn a wɔhyɛ akodi ho nkuran, ne akodeyɛ bɛyɛ nneɛma a atwam. Dɛn ntia? Efisɛ ɔman, mmusua, ne nnipa honam ani hwɛbea mu nsɛm a ɛde mpaapaemu ba no befi hɔ. Afei, wɔ ntease a edi mũ koraa mu no, “ɔman bi remmã afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akõdi bio.”—Mika 4:3.
16. Onyankopɔn bɛyɛ dɛn na akodi antumi ankɔ so bio?
16 Ebia esiane onipa mogyahwiegu abakɔsɛm a akodi wom bere nyinaa no nti, eyi bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ nwonwa. Nanso ɛyɛ nnipa ne adaemone nniso ase a adesamma wɔ nti na aba saa. Wɔ wiase foforo no mu Ahenni nniso ase no, nea ɛbɛba ni: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa] nnwuma . . . Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew [ɔko] nteaseɛnam.”—Dwom 46:8, 9.
17, 18. Abusuabɔ bɛn na ɛbɛtra onipa ne mmoa ntam wɔ wiase foforo no mu?
17 Asomdwoe bɛba nnipa ne mmoa nso ntam, sɛnea na ɛte wɔ Eden no. (Genesis 1:28; 2:19) Onyankopɔn se: “Na mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, na . . . mama wɔatra dwoodwoo.”—Hosea 2:18.
18 Asomdwoe no bɛkɔ akyiri akodu he? “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn.” Mmoa remfa nnipa ne wɔn ho wɔn ho nkwa nto asiane mu bio. ‘Gyata mpo bɛwe wura sɛ nantwi ara pɛ’!—Yesaia 11:6-9; 65:25.
Wɔdan Asase no Paradise
19. Wɔbɛdan asase no ayɛ no dɛn?
19 Wɔbɛdan asase no nyinaa paradise fie ama adesamma. Ɛno nti na Yesu tumi hyɛɛ ɔbarima bi a ogyee no dii bɔ sɛ: “Wobɛka me ho paradise hɔ” no. Bible no se: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren. . . . Na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so.”—Luka 23:43; Yesaia 35:1, 6.
20. Dɛn nti na ɔkɔm renne adesamma bio da?
20 Ɔkɔm renne nnipa ɔpepem pii bio da wɔ Onyankopɔn Ahenni ase. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifĩ.” “Na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so.”—Dwom 72:16; Hesekiel 34:27.
21. Dɛn na ɛbɛba afie a wonnya bi nna mu, adangow, ne mmeae a nsɛmmɔnedi wɔ so?
21 Wɔrenhu ohia, nnipa a wonni afie a wɔbɛtra mu, adangow, ne mmeae a nsɛmmɔnedi dɔɔso wɔ hɔ bio. “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni.” “Na wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Yesaia 65:21, 22; Mika 4:4.
22. Bible no ka Onyankopɔn nniso mu nhyira horow ho asɛm dɛn?
22 Wɔde eyinom nyinaa, ne pii, behyira adesamma wɔ Paradise. Dwom 145:16 se: “[Onyankopɔn] wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible nkɔmhyɛ ka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. . . . Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:11, 29.
Kan Nneɛma Asiesie
23. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Ahenni besiesie amanehunu a yɛahyia pɛn nyinaa?
23 Onyankopɔn Ahenni nniso besiesie nneɛma bɔne a aba adesamma abusua no so wɔ mfe mpemnsia a atwam no mu no nyinaa. Anigye a ɛbɛba saa bere no bɛyɛ nea ɛsen amanehunu biara a nkurɔfo ahyia no koraa. Wɔrenkae bere a atwam mu amanehunu biara na ahaw adwene wɔ asetram. Nkurɔfo da biara da nsusuwii ne dwumadi ahorow a ɛhyɛ nkuran no de nkakrankakra bɛpopa nsɛm a ɛyɛ yaw a ɛtoo wɔn no afi wɔn adwenem.
24, 25. (a) Dɛn na Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ ɛbɛba? (b) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ yɛn werɛ befi amane a yɛahu wɔ mmere a atwam mu no?
24 Onyankopɔn a odwen nnipa ho no ka sɛ: “Merebɔ ɔsoro foforo [ɔsoro nniso foforo a ebedi adesamma so] ne asase foforo [adesamma trenee abusua]; na wɔrenkae kan nneɛma no bio, saa ara na ɛremma koma mu bio. Na mmom momma mo ho nsɛpɛw mo, mo aman, na munni nea merebɔ no ho ahurusi daa daa.” “Asase nyinaa anya ahotɔ, biribiara nhaw adwene. Nkurɔfo de anigye teɛm.”—Yesaia 14:7, NW; 65:17, 18, NW.
25 Enti Onyankopɔn nam n’Ahenni no so besiesie nsɛm tebea bɔne a atra hɔ bere tenten ni no. Ɔbɛda sɛnea odwen yɛn ho no adi akosi daa denam nhyira horow a ɛbɛma yɛn werɛ afi opira biara a yepirae wɔ bere a atwam mu no koraa a ɔde bɛma yɛn no so. Afei, yɛrenkae ɔhaw ahorow a yɛahyia pɛn no yiye bio, sɛ ɛho hia sɛ yɛkae koraa mpo a.
26. Dɛn nti na Onyankopɔn betua yɛn amanehunu biara a yɛahyia pɛn no ho ka?
26 Ɛno ne ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so ama yɛn amanehunu a ebia yegyinaa ano wɔ wiase yi mu no ho akatua. Onim sɛ ɛnyɛ yɛn mfomso sɛ wɔwoo yɛn a yɛtɔ sin, efisɛ yefi awo mu nyaa sintɔ fii yɛn awofo a wodi kan no hɔ. Ɛnyɛ yɛn mfomso sɛ wɔwoo yɛn too Satan wiase mu, efisɛ sɛ Adam ne Hawa dii nokware a, anka wɔwoo yɛn too paradise bi mu mmom. Enti Onyankopɔn fi ayamhyehye kɛse mu bɛma yɛanya asetra bɔne a wɔde too yɛn so no ho akatua ma aboro so.
27. Nkɔmhyɛ ahorow bɛn na ɛbɛbam ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so wɔ wiase foforo no mu?
27 Adesamma benya ahofadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Romafo 8:21, 22 no wɔ wiase foforo no mu: “Abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam [ahofadi] mu. Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” Ɛno na afei nkurɔfo behu mpaebɔ yi mmamu koraa: “Ma w’ahenni mmra. Ma wɔnyɛ w’apɛde asase so, sɛnea ɛte wɔ ɔsoro no.” (Mateo 6:10, NW) Paradise asase so tebea horow a ɛyɛ nwonwa no bɛyɛ tebea horow a ɛwɔ ɔsoro no ho mfonini.
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Wɔn a wɔanyinyin no bɛsan anya wɔn mmeranteberem ahoɔden bio wɔ wiase foforo no mu
[Kratafa 24 mfonini]
Wobeyi nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa afi hɔ wɔ wiase foforo no mu
[Kratafa 25 mfonini]
Wobenyan awufo aba nkwa mu bio wɔ wiase foforo no mu
[Kratafa 26 mfonini]
‘Wɔrensua akodi bio’
[Kratafa 27 mfonini ahorow]
Asomdwoe a edi mũ bɛtra nnipa ne mmoa ntam wɔ Paradise
[Kratafa 27 mfonini]
‘Onyankopɔn bebue ne nsam na wama ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee’
[Kratafa 28 mfonini]
Onyankopɔn Ahenni no de amanehunu a yɛagyina ano nyinaa ho akatua bɛma yɛn ma aboro so