Ahenni Asɛm Nɔma 34
Dɛn Nti Na Ɔhaw Ahyɛ Asetra Mu Ma Saa?
Paradise a ɔhaw nnim betumi aba?
ƆHAW AKƐSE MU REYƐ DEN—DƐN NTIA?
Nnipa ahyia ɔhaw ahorow bere nyinaa. Ɛwom sɛ wɔn mu pii susuwii sɛ nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ betumi adi ɔhaw a emu yɛ den ho dwuma de, nanso ɛreyɛ kɛse.
Nsɛmmɔnedi: Nnipa dodow no ara na sɛ wɔnam mmɔnten so anaa wɔte wɔn ankasa afie mu mpo a wɔbɔ hu. Wɔ Europa ɔman biako mu no, wodii nnipa 3 biara mu bɛyɛ 1 nsɛmmɔne wɔ nnansa yi afe bi mu.
Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia: Mframa, asase, ne nsu a wɔsɛe no renya nkɔanim kɛse. Wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no, nnipa no mu nkyem anan mu biako nnya nsu a emu tew.
Ohia: Ahiafo ne nnipa a ɔkɔm de wɔn dɔɔso sen bere biara a atwam. Nsase bi so nnipa bɛboro ɔha biara mu nkyem 90 di hia; wiase no mu nnipa a wobetumi ayɛ adwuma no mu ɔha biara mu 30, bɛyɛ ɔpepem 800, nnya adwuma anaasɛ adwuma a wɔbɛyɛ daa nnyɛ—na wɔn dodow rekɔ anim.
Ɔkɔm: Sɛ w’ankasa wowɔ nea ɛso wo di mpo a, ɔpepem pii nni bi. Anyɛ yiye koraa no afe biara ɔkɔm kunkum nnipa ɔpepem 13, titiriw mmofra, wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu.
Ɔko: Wɔakunkum nnipa ɔpehaha pii wɔ nnansa yi mmusua ntam basabasayɛ mu. Na ɔko ahorow akunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.
Ɔhaw Afoforo: Fa mmusua a emu repaapae, ɛnanom pii a wonni kununom, nnipa a wonni afie a wɔredɔɔso, nnuru a nnipa pii de di dwuma ɔkwammɔne so, ɔbrasɛe a abu so, ka atifi hɔ de no ho. U.S. kan aban soafo bi kae wɔ ɔkwan a ɛteɛ so sɛ: “Adanse bebree wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ . . . anibuei asɛe.” Nnansa yi wɔ mfe 30 bi mu no, nnipa a wɔwɔ U.S. dodow kɔɔ anim ɔha biara mu nkyem 41, nanso nsɛmmɔnedi a basabasayɛ ka ho ɔha biara koduu 560, mpena mma ɔha biara koduu 400, awaregu ɔha biara koduu 300, mmofra a wokum wɔn ho ɔha biara koduu 200. Tebea no te saa ara wɔ aman afoforo mu.
Dɛn Nti na Ɔhaw Ahorow Mu Ayɛ Den?
Yɛn Bɔfo no de mmuae no ma. N’Asɛm frɛ mmere a ɔhaw ayɛ mu ma yi sɛ “nna a edi akyiri,” a “mmere a emu yɛ den” bɛba. (2 Timoteo 3:1) Ɛyɛ dɛn nna a edi akyiri? Bible no ka “wiase awiei” ho asɛm.—Mateo 24:3.
Ɔhaw ahorow a ɛreyɛ kɛse nnɛ no yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei, a nsɛmmɔnedi ne wɔn a wɔde ba awiei ka ho, abɛn. (Mateo 24:3-14; 2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 12:7-12) Ɛrenkyɛ na Onyankopɔn de ne ho agye mu na wahwɛ ma wɔadi ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa ho dwuma koraa.—Yeremia 25:31-33; Adiyisɛm 19:11-21.
WIASE YI SOM AHOROW ADI NNIPA HUAMMƆ
Sɛ́ anka wiase yi ɔsom nhyehyɛe ahorow bɛboa ma wɔadi nnɛyi ɔhaw ahorow ho dwuma no, ɛde bi ka ho. Wɔ ɔko mu no, Katolekfo kunkum Katolekfo, Protestantfo kunkum Protestantfo—ɔpepem pii. Wɔ Rwanda, a ɛhɔfo dodow no ara yɛ Katolekfo no, nnipa ɔpehaha pii kunkum wɔn ho wɔn ho nnansa yi ara! (Hwɛ benkum so mfonini no.)
Yesu bɛkɔ ɔko a okura otuo anaa nkrante na wakunkum n’asuafo esiane sɛ ɔne wɔn mfi ɔman biako mu nti? Dabida! Bible no ka sɛ: “Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.” (1 Yohane 4:20, 21) Wiase yi som ahorow nyɛɛ saa. “Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”—Tito 1:16.
Afei nso, esiane sɛ wiase som ahorow no nni Bible no gyinapɛn ahorow a ɛfa abrabɔ pa ho no so ankasa nti, wɔka ho bi na wɔama ɔbrasɛe a ɛyɛ nwonwa a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no aba.
Yesu kae sɛ wubetumi de “aba” a atoro som sow akyerɛ nsonsonoe a ɛda ɛne nokware som ntam—denam nea emufo yɛ so. Ɔkae nso sɛ: “Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.” (Mateo 7:15-20) Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn sɛ yenguan mfi ɔsom a ɛsow aba bɔne ma enti wɔbɛsɛe no mu.—Adiyisɛm 18:4.
Nokware Som Nnii Nnipa Huammɔ
Nokware som “sow aba pa,” titiriw ɔdɔ. (Mateo 7:17; Yohane 13:34, 35) Amanaman ntam Kristofo nuayɛ a biakoyɛ wom bɛn na woyi saa ɔdɔ yi adi? Henanom na wɔpow sɛ wobekunkum wɔn ankasa som mufo anaa onipa foforo biara?—1 Yohane 3:10-12.
Yehowa Adansefo anya din sɛ wɔsow saa “aba pa” no. ‘Wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare’ wɔ bɛboro aman 230 mu wɔ asase so mmaa nyinaa. (Yesaia 2:4) Wɔnam Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni ho “asɛmpa” no wiase nyinaa a wodi so no nso so da ɔdɔ a wɔwɔ ma nnipa adi. (Mateo 24:14) Afei nso wobu ɔbra pa a ɛkorɔn a Bible no kyerɛkyerɛ no na wɔkamfo kyerɛ afoforo.—1 Korintofo 6:9-11.
Nokware som nnii nnipa huammɔ. Ɛtwe nkurɔfo adwene si Nea ne nkutoo na obetumi adi adesamma haw ahorow ho dwuma no so. Ɛnkyɛ na saa Onii no de wiase foforo koraa bi aba. Hena ne saa Onii no? (Yɛsrɛ sɛ hwɛ akyi hɔ.)
PARADISE A ƆHAW NNIM BƐBA ƆKWAN BIARA SO
Sɛ wubetumi adi ɔhaw ahorow a ɛto adesamma no nyinaa ho dwuma a, anka worenyɛ? Nokwarem no anka wobɛyɛ! Ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ, a ɔno nkutoo na ɔwɔ tumi ne nyansa a ɔde bedi adesamma haw ahorow ho dwuma no renyɛ saa ara?
Bible no da no adi sɛ Onyankopɔn nam ne soro nniso a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no so de ne ho begye nnipa nsɛm mu. “Ebebubu” nniso a aporɔw a ɛwowɔ asase so no. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Na dɛn ntia? Odwontofo no rebɔ Onyankopɔn mpae no, obua sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Dwom 83:18.
Sɛ wiase yi ba awiei a, nkurɔfo benya nkwa? Bible no ka sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Ɛhe na wɔn a wobenya nkwa yi bɛtra daa? Bible no bua sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:9-11, 29; Mmebusɛm 2:21, 22.
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, ‘owu rentra hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi rentra hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:4) Nsɛmmɔnedi, ohia, ɔkɔm, ɔyare, awerɛhow, anaasɛ owu rentra hɔ bio! Hwɛ, awufo mpo bɛsan atra ase bio! ‘Owusɔre bɛba.’ (Asomafo no Nnwuma 24:15) Na wɔbɛma asase no ankasa adan paradise ankasa.—Yesaia 35:1, 2; Luka 23:43.
Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu? Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3, New World Translation) Nnipa komapafo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no renya saa nimdeɛ no. Eyi ma wotumi gyina ɔhaw ahorow a wɔn ankasa rehyia nnɛ no pii ano, nanso nea ehia sen saa no, ɛma wonya ahotoso a edi mu sɛ wobedi ɔhaw ahorow a wontumi nyɛ ho hwee no ho dwuma koraa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
WHO mfonini a P. Almasy twae
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Jerden Bouman/Sipa Press