Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 3 kr. 6-7
  • Hena Ne Yesu Kristo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena Ne Yesu Kristo?
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yesu Gye Nkwa—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 3 kr. 6-7

Adesua 3

Hena Ne Yesu Kristo?

Dɛn nti na wɔfrɛ Yesu sɛ Onyankopɔn “abakan”? (1)

Dɛn nti na wɔfrɛ no “Asɛm no”? (1)

Dɛn nti na Yesu baa asase so sɛ onipa? (2-4)

Dɛn nti na ɔyɛɛ anwonwade ahorow? (5)

Dɛn na Yesu bɛyɛ nnansa yi ara? (6)

1. Yesu traa ɔsoro sɛ honhom nipa ansa na ɔreba asase so. Na ɔne Onyankopɔn abɔde a odi kan, ma enti wɔfrɛ no Onyankopɔn “abakan.” (Kolosefo 1:15; Adiyisɛm 3:14) Yesu nkutoo ne Ɔba a Onyankopɔn ankasa bɔɔ no. Yehowa de Yesu a na ɔmmɛyɛɛ ɔdesani no dii dwuma sɛ ne “dwumayɛni ɔbenfo” wɔ nneɛma foforo nyinaa a ɔbɔe wɔ soro ne asase so no mu. (Mmebusɛm 8:22-31, NW; Kolosefo 1:16, 17) Onyankopɔn san de no dii dwuma sɛ Ne kasamafo panyin. Ɛno nti na wɔfrɛ Yesu sɛ “Asɛm no.”—Yohane 1:1-3; Adiyisɛm 19:13.

2. Onyankopɔn somaa Ne Ba baa asase so denam ne nkwa a oyi bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu no so. Enti Yesu annya ɔdesani agya. Ɛno nti na wannya bɔne anaa sintɔ biara amfi awo mu no. Nneɛma abiɛsa nti na Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so: (1) Sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no (Yohane 18:37), (2) sɛ obekura mudi a ɛyɛ pɛ mu, na ayɛ nhwɛso a yebedi akyi (1 Petro 2:21), ne (3) sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre de agye yɛn afi bɔne ne owu mu. Dɛn nti na na eyi ho hia?—Mateo 20:28.

3. Esiane sɛ onipa a odi kan, Adam, anni Onyankopɔn ahyɛde so nti, ɔyɛɛ nea Bible frɛ no “bɔne.” Enti Onyankopɔn buu no kumfɔ. (Genesis 3:17-19) Wannu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow ho bio, enti na ɔnyɛ pɛ bio. Ɔbɔɔ akwakoraa nkakrankakra na owui. Adam de bɔne maa ne mma nyinaa. Ɛno nti na yɛn nso yɛbɔ nkwakoraa ne mmerewa, yɛyare, na yewuwu no. Ɔkwan bɛn na wobetumi afa so agye adesamma?—Romafo 3:23; 5:12.

4. Ná Yesu yɛ onipa a ɔyɛ pɛ te sɛ Adam. Nanso Yesu anyɛ n’ade te sɛ Adam, na otiee Onyankopɔn koraa wɔ sɔhwɛ kɛse paa mu mpo. Enti na obetumi de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no abɔ afɔre de atua Adam bɔne no ho ka. Eyi ne nea Bible frɛ no sɛ “agyede.” Na wɔnam saayɛ so betumi agye Adam mma afi owu afobu ase. Wobetumi de wɔn a wonya Yesu mu gyidi no nyinaa bɔne ahorow afiri wɔn na wɔanya daa nkwa.—1 Timoteo 2:5, 6, NW; Yohane 3:16; Romafo 5:18, 19.

5. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔsaa ayarefo yare, maa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan, na ɔmaa ahum yɛɛ komm. Onyanee awufo mpo. Dɛn nti na ɔyɛɛ anwonwade ahorow? (1) Na ɔwɔ ayamhyehye ma nnipa a na wɔrehu amane no, na ɔpɛe sɛ ɔboa wɔn. (2) N’anwonwade ahorow no daa no adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. (3) Ɛkyerɛɛ nea ɔbɛyɛ ama adesamma asoɔmmerɛfo bere a odi tumi sɛ asase so Hene no.—Mateo 14:14; Marko 2:10-12; Yohane 5:28, 29.

6. Yesu wui na Onyankopɔn nyanee no sɛ honhom abɔde, na ɔsan kɔɔ soro. (1 Petro 3:18) Efi saa bere no, Onyankopɔn ayɛ no Ɔhene. Ɛrenkyɛ Yesu beyi nsɛmmɔnedi ne amanehunu nyinaa afi asase yi so.—Dwom 37:9-11; Mmebusɛm 2:21, 22.

[Kratafa 7 mfonini ahorow]

Na Yesu nkyerɛkyerɛ, anwonwade ahorow a ɔyɛe, ne ne nkwa a ɔde too hɔ maa yɛn mpo no, ka ne som adwuma no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena