Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 11 kr. 22-23
  • Gyidi ne Amanne Horow a Onyankopɔn Mpɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi ne Amanne Horow a Onyankopɔn Mpɛ
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Easter anaa Nkaedi—Nea Ɛwɔ He na Ɛsɛ Sɛ Wudi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Som Onyankopɔn Yiye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Adɛn Nti na Munni Easter?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Afahyɛ Ahorow a Onyankopɔn Kyi
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 11 kr. 22-23

Adesua 11

Gyidi ne Amanne Horow a Onyankopɔn Mpɛ

Gyidi ne amanne horow bɛn na ɛnteɛ? (1)

Ɛsɛ sɛ Kristofo gye di sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro? (2)

Dɛn nti na nokware Kristofo nni Buronya, “Easter,” anaasɛ awoda? (3, 4)

Awufo betumi apira ateasefo? (5) Yesu wui wɔ mmeamudua so? (6)

Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn a wobɛsɔ n’ani no ho hia? (7)

1. Ɛnyɛ gyidi ne amanne nyinaa na enye. Na sɛ efi atoro som mu anaa etia Bible nkyerɛkyerɛ a, Onyankopɔn nnye ntom.—Mateo 15:6.

2. Baasakoro: So Yehowa yɛ Baasakoro—nnipa baasa a wɔyɛ Onyankopɔn biako? Dabi! Yehowa, Agya no, ne “nokware Nyankopɔn koro no.” (Yohane 17:3; Marko 12:29) Yesu ne N’abakan, na ɔhyɛ Onyankopɔn ase. (1 Korintofo 11:3) Agya no yɛ kɛse sen Ɔba no. (Yohane 14:28) Honhom kronkron no nyɛ onipa; ɛyɛ Onyankopɔn adeyɛ tumi.—Genesis 1:2; Asomafo no Nnwuma 2:18.

3. Buronya ne “Easter”: Wɔanwo Yesu December 25. Wɔwoo no bɛyɛ October 1, afe no mu bere a nguanhwɛfo hwɛ wɔn nguankuw wɔ wuram anadwo. (Luka 2:8-12) Yesu anhyɛ Kristofo da sɛ wonni n’awoda. Mmom no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnkae ne wu. (Luka 22:19, 20) Buronya ne emu amanne ahorow no fi tete atoro som mu. Easter amanne ahorow, te sɛ nkesua ne adanko a wɔde di dwuma no, te saa ara. Kristofo a wodi kan no anni Buronya anaa Easter, na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso nyɛ saa.

4. Awoda: Nnipa a wɔansom Yehowa na wodii awoda abien pɛ a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no. (Genesis 40:20-22; Marko 6:21, 22, 24-27) Kristofo a wodi kan no anni awoda. Amanne a ɛne awodadi no fi tete atoro som mu. Nokware Kristofo kyɛ ade na wɔbom gye wɔn ani wɔ mmere foforo mu wɔ afe no mu.

5. Awufo ho Suro: Awufo ntumi nyɛ hwee anaa wɔnte biribiara nka. Yentumi mmoa wɔn, na wontumi mpira yɛn. (Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10) Ɔkra wu; ɛntra ase wɔ owu akyi. (Hesekiel 18:4) Nanso ɛtɔ mmere bi a, abɔfo bɔne a wɔfrɛ wɔn adaemone yɛ wɔn ho sɛ awufo ahonhom. Awufo ho suro anaa wɔn som ho amanne biara nteɛ.—Yesaia 8:19.

6. Mmeamudua: Yesu anwu wɔ mmeamudua so. Owui wɔ dua so. Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “mmeamudua” wɔ Bible pii mu no kyerɛ dua a wɔapae sin bi kɛkɛ. Mmeamudua sɛnkyerɛnne no fi tete atoro som mu. Kristofo a wodi kan no amfa mmeamudua anni dwuma na wɔansom. Enti, wususuw sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wode mmeamudua bedi dwuma wɔ ɔsom mu?—Deuteronomium 7:26; 1 Korintofo 10:14.

7. Ebetumi ayɛ den yiye sɛ wobɛpow gyidi ne amanne ahorow yi bi. Ebia abusuafo ne nnamfo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma woagye adi sɛ ɛnsɛ sɛ wosakra wo gyidi ahorow. Nanso ɛho hia sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani sen sɛ wobɛsɔ nnipa ani.—Mmebusɛm 29:25; Mateo 10:36, 37.

[Kratafa 22 mfonini ahorow]

Onyankopɔn nyɛ Baasakoro

[Kratafa 23 mfonini]

Buronya ne “Easter” fi tete atoro som mu

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Ntease biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wosom awufo anaa wusuro wɔn

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena