Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwfq asɛm 19
  • Adɛn Nti na Munni Easter?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Munni Easter?
  • Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a nkurɔfo ka to yɛn so
  • Adɛn nti na Yehowa Adansefo nni Easter?
  • Easter anaa Nkaedi—Nea Ɛwɔ He na Ɛsɛ Sɛ Wudi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Enti Easter Yɛ Kristofo Afahyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Gyidi ne Amanne Horow a Onyankopɔn Mpɛ
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • So Ɛsɛ sɛ Yedi Afahyɛ Ahorow?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
ijwfq asɛm 19

Adɛn Nti na Munni Easter?

Nsɛm a nkurɔfo ka to yɛn so

Nea nkurɔfo ka: Yehowa Adansefo nyɛ Kristofo nti na wonni Easter no.

Nokwasɛm: Yegye di sɛ Yesu Kristo ne yɛn Agyenkwa, enti yɛbɔ yɛn ho mmɔden paa di “n’anammɔn akyi pɛɛ.”​—1 Petro 2:​21; Luka 2:11.

Nea nkurɔfo ka: Munnye nni sɛ wonyanee Yesu fii awufo mu.

Nokwasɛm: Yegye di sɛ Yesu nyan fii awufo mu; yenim sɛ obi ntumi nka sɛ ɔyɛ Kristoni bere a onnye saa asɛm no nni, enti yɛka ho asɛm paa wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu.​—1 Korintofo 15:​3, 4, 12-15.

Nea nkurɔfo ka: Anigye a ɛwɔ Easter mu a abɔ mo mma no, ɛnhaw mo.

Nokwasɛm: Yɛpɛ yɛn mma asɛm, enti yenya adagyew tete wɔn, na yɛyɛ yɛn fam de nyinaa de hwɛ sɛ wɔn ani begye.​—Tito 2:4.

Adɛn nti na Yehowa Adansefo nni Easter?

  • Easter nni Bible mu.

  • Yesu anka sɛ yɛnkae ne wusɔre, na mmom ose yɛnkae ne wu. Bere a Bible ka sɛ Yesu wui no, saa bere no pɛpɛɛpɛ na yɛkae ne wu no afe biara.​—Luka 22:​19, 20.

  • Yegye di sɛ abawo ne nnɔbae ho amanne a na ɛwɔ hɔ tete no, emu na Easter fi bae. Ɛno nti Onyankopɔn mpɛ sɛ yedi Easter. ‘Ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a yɛde ma no’ no, na okyi sɛ yɛde nneyɛe a n’ani nnye ho bɛfrafra ne som.​—Exodus 20:5; 1 Ahene 18:21.

Yegye di sɛ Easter a yenni no ne Bible hyia paa; Bible no ara ka sɛ ɛnsɛ sɛ yedi nnipa atetesɛm so kɛkɛ, na mmom yɛmfa “nyansa ne adwempa” nyɛ adwuma. (Mmebusɛm 3:​21; Mateo 15:3) Sɛ obi bisa yɛn adwene wɔ Easter ho a, yɛmfa nsie, nanso nea obiara bɛyɛ wɔ ho no de, yegyae ma no.​—1 Petro 3:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena