Nhoma A Ahyeta Wiase Mmaa Nyinaa
“Bible ne nhoma a nnipa kenkan sen nhoma biara wɔ asetram. . . . Bible ahyeta sen nhoma biara. Afei nso wɔakyerɛ Bible no ase kɔ kasa horow pii mu sen nhoma foforo biara.”—“The World Book Encyclopedia.”1
ƆKWAN bi so no, nhoma pii te sɛ nnipa. Ɛba so, ebia nnipa ani begye ho, na—sɛ wuyi tete nhoma atitiriw kakraa bi to nkyɛn a—ɛyɛ dedaw, na afei ewu. Mpɛn pii no nhomakorabea bɛyɛ te sɛ amusiei ma nhoma mpempem pii a ne bere atwam na wɔnkenkan bio a, sɛ yɛbɛka a, awu.
Nanso wode Bible no toto tete nhoma atitiriw mpo ho a, ɛda mu fua. Ɛwom sɛ wofii ase kyerɛwee bɛyɛ mfe 3,500 ni de, nanso ɛte sɛ nea nnansa yi ara na wɔrekyerɛw. Ɛno ne nhoma a ahyeta asase so mmaa nyinaa sen biara.a Afe biara wɔkyekyɛ Bible mũ no anaa ne fã bi bɛyɛ ɔpepem 60. Germanni mfiri ho nimdefo Johannes Gutenberg na otintim nea edi kan wɔ afiri so bɛyɛ 1455. Efi saa bere no wɔatintim Bible ahorow (ne nyinaa anaa ne fã bi) bɛyɛ ɔpepepem nnan. Nhoma foforo biara nni hɔ a ɛbɛn no koraa, sɛ́ ɛyɛ nyamesom mu de anaa foforo no.
Bible nso ne nhoma a wɔakyerɛ ase kɔ kasa horow pii mu sen biara. Wɔakyerɛ Bible mũ no anaa ne fã bi ase kɔ kasa horow bɛboro 2,100 mu.b Adesamma abusua no bɛboro ɔha mu nkyekyem 90 wɔ anyɛ yiye koraa no Bible no fã bi wɔ wɔn kasa mu.2 Enti ɛmfa ho ɔman a obi fi mu, ne honam ani hwɛbea anaa kasa a ɔka no, obetumi anya saa nhoma yi bi.
Ebia akontaabu nkoaa ntumi nka wo mma wonhwehwɛ Bible no mu. Nanso, dodow a wɔakyerɛ ase akyekyɛ no dɔɔso paa, na ɛkyerɛ sɛ Bible yɛ amansan nhoma. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ wususuw nhoma a wɔtaa tɔ kyerɛ ase sen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ebinom susuw sɛ nhoma foforo a edi hɔ a ahyeta paa ne nhomawa bi a akyi kɔkɔɔ a ɛde Quotations From the Works of Mao Tse-tung, a wobu akontaa sɛ wɔatɔn anaa wɔakyekyɛ bɛyɛ ɔpepem 800 no.
b Akontaabu a ɛfa kasa dodow no ho no gyina nea United Bible Societies atintim so.
[Kratafa 6 mfonini]
Gutenberg Bible a ɛwɔ Latin kasa mu, nhoma mũ a edi kan a wɔde afiri tintimii