Ɛyɛɛ Dɛn Na Nhoma No Da So Wɔ Hɔ?
Na tete nhoma ahorow wɔ atamfo bi—ogya, fɔnwini, ntuw. Ná Bible no nso da asiane a ɛte saa ara mu. Nea ɛyɛe a atumi agyina asiane horow nyinaa ano ma abɛyɛ nhoma a obiara betumi anya bi wɔ wiase no ma no da nsow wɔ tete nhoma afoforo ho. Eyi yɛ abakɔsɛm a ɛsɛ sɛ wususuw ho kɔ akyiri.
BIBLE akyerɛwfo ankyerɛw wɔn nsɛm no wɔ aboɔ so; na saa nso na wɔankyerɛw wɔ abopon a etumi kyɛ so. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ wɔkyerɛw no wɔ nneɛma a etumi sɛe so—mmɛw krataa (a wɔde Misraim dua bi a ɛde papyrus na ɛyɛe) ne mmoa nhoma.
Dɛn na ɛtoo nea wodii kan kyerɛwee no? Ebia ɛtetewee wɔ tete Israel akyɛ paa. Nhomanimfo Oscar Paret kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Fɔnwini, ntuw, ne mmoaa ahorow betumi asɛe [mmɛw krataa ne mmoa nhoma] a wɔkyerɛw nsɛm wɔ so no nso. Yehu no da biara da sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ krataa anaa mmoa nhoma a ɛyɛ den paa mpo bɛsɛe bere a ɛda abɔnten anaa ɛdan a ntuw wom mu no.”1
Sɛ nea wodii kan kyerɛwee no nni hɔ bio a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na nsɛm a Bible akyerɛwfo kyerɛwee no atra hɔ abesi yɛn bere yi so?
Akyerɛwfo a Wɔyɛ Ahwɛyiye Kyerɛw Bi Guu Hɔ
Wɔkyerɛw nea edi kan no akyi bere tiaa bi no, wɔhwɛɛ so kyerɛw bi guu hɔ. Kyerɛwnsɛm a na wɔhwɛ so kyerɛw bi no bɛyɛɛ adwuma ankasa wɔ tete Israel. (Esra 7:6; Dwom 45:1) Nanso wɔkyerɛw nea wɔde guu hɔ no nso wɔ nneɛma a etumi sɛe so. Ɛrekyɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔde foforo a wɔasan akyerɛw besi eyinom ananmu. Bere a nea wodii kan kyerɛwee no sɛee koraa no, na foforo a wɔahwɛ ebi so akyerɛw yi na wɔde bedi dwuma daakye. Mfehaha pii mu no na nea wɔyɛ ne sɛ wɔbɛhwɛ bi so akyerɛw bi agu hɔ. So mfomso ahorow a wɔn a wɔkyerɛw guu hɔ yɛɛ no mfehaha pii mu no sesaa Bible no mu nsɛm kɛse? Adanse kyerɛ sɛ ɛnte saa.
Na wɔn a wɔkyerɛw bi gu hɔ no wɔ ahofama paa. Na wobu nsɛm a wɔrekyerɛw no sɛ ɛyɛ kronkron. Bio nso na wɔyɛ ahwɛyiye. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nea ɔhwɛ ebi so kyerɛw bi” no ne so·pherʹ, a ɛkyerɛ biribi a wɔkan yɛ ho kyerɛwtohɔ. Nea ɛbɛboa ma yɛahu ntoboaseɛ a wɔde kyerɛw no pɛpɛɛpɛ no, ma yensusuw Masoretefo no ho.a Nhomanimfo Thomas Hartwell Horne ka fa wɔn ho sɛ: “Na . . . wobetumi ahu nkyerɛwde a ɛwɔ Pentateuch [Bible nhoma nnum a edi kan] no mfinimfini pɛɛ, asɛm a ɛwɔ nhoma biara mfinimfini, ne mpɛn dodow a [Hebri] nkyerɛwde no mu biara pue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa mu.”3
Enti akyerɛwfo a wɔn ho akokwa faa akwan horow so hwɛ hui sɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ. Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ wonnyaa nkyerɛwde baako mpo wɔ Bible no mu no, ɛnyɛ nsɛmfua a wɔakyerɛw no nko na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkan, na mmom nkyerɛwde no nso. Hwɛ bere ne ahwɛyiye kɛse a na eyi gye: Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ wɔkan nkyerɛwde mmaako mmaako 815,140 wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu!4 Mmɔdenbɔ a ɛte saa maa wɔkwatii mfomso pii.
Nanso, na akyerɛwfo yi nyɛ pɛ. So adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛmfa ho sɛ wɔde mfehaha pii hwɛɛ Bible no so kyerɛkyerɛw bi no, yebetumi agye nea ɛwɔ hɔ nnɛ no adi?
Nea Yegyina So Nya Mu Ahotoso
Ntease pa bi wɔ hɔ a ɛbɛma yɛagye adi sɛ wɔakora Bible no so pɛpɛɛpɛ abesi yɛn nna yi so. Adanse no ne nea wɔde nsa kyerɛwee no bi a ɛwɔ hɔ—Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa anaa n’afã bi bɛyɛ 6,000 ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no bi bɛyɛ 5,000 na wobu akontaa sɛ ɛwɔ hɔ. Ebi ne Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bi a wohuu no 1947 mu a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛw bi guu hɔ no yɛɛ no pɛpɛɛpɛ no. Wɔfrɛ no “nkyerɛwee a ɛsen biara a wɔahu wɔ nnɛ bere mu.”5
Bere a Arabni aberantewaa guanhwɛfo bi rehwɛ ne nguan saa afe no mfiase mu hɔ no, ohuu ɔbodan bi wɔ Ɛpo a Awu no nkyɛn. Ohuu nhina wɔ mu, na na emu pii wɔ hɔ a hwee nni mu. Nanso na wɔakata ahina baako ano papee, na emu na ohuu nhoma mmobɔwee a wɔde ntama afa ho kama a Bible nhoma a ɛne Yesaia no nyinaa wom. Wohuu biribi a ɛkyerɛ sɛ na nhoma mmobɔwee a wɔakora so yiye yi ho aka ma wɔasiesie pɛn. Na aberantewaa yi nnim da sɛ bere bi bɛba ma amanfoɔ de wɔn adwene asi tete nhoma mmobɔwee a na ekura no no so.
Ade titiriw bɛn koraa na na ɛwɔ nhoma yi ho? Wɔ 1947 mu no, na Hebri Kyerɛwnsɛm no a wɔde nsa akyerɛw a akyɛ sen biara a ɛwɔ hɔ yɛ nea wɔkyerɛw no bɛyɛ afeha a ɛtɔ so du Y.B. Nanso wɔyɛɛ nhoma mmobɔwee yi wɔ afeha a ɛtɔ so mmienu A.Y.B. mub—bɛboro mfe apem ansa na wɔreyɛ nea na wonim sɛ akyɛ paa no.c Na nhomanimfo pɛ sɛ wɔde nhoma mmobɔwee yi toto nea wɔkyerɛw no akyiri yi koraa no ho hwɛ.
Bere a nhomanimfo reyɛ nhwehwɛmu bi no, wɔde Yesaia ti 53 a na ɛwɔ Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee no mu no totoo Masorete nsaano nkyerɛwee a wɔyɛɛ no mfe apem akyi no ho. Nhoma a ɛne A General Introduction to the Bible de nhwehwɛmu no ho amanneɛbɔ mae sɛ: “Sɛ wohwɛ nsɛmfua 166 a ɛwɔ Yesaia ti 53 no a, nkyerɛwde dunson pɛ na asɛm wɔ ho. Emu du fa sɛnea wosi kyerɛw nsɛmfua bi ho kɛkɛ, na eyi nsesa adwene a ɛwom no. Emu nnan yɛ nsakrae bi a ɛbae wɔ ɔkwan a wɔfa so hyehyɛ nsɛm mu, te sɛ nsɛmfua a wɔde ka kasasin mmienu bom. Mmiɛnsa a aka no fa asɛmfua ‘hann’ a wɔde baa nkyekyem 11 no ho, nanso eyi nsesa adwene a ɛwom no ahe biara. . . . Enti, bere a wɔde mfe apem akyerɛkyerɛw nsɛm no bi agu hɔ no, wohu sɛ asɛmfua baako pɛ (nkyerɛwde mmiɛnsa) na asɛm wɔ ho wɔ ti baako a nsɛmfua 166 wom mu—nanso asɛmfua yi mpo nyɛ nea etumi sesa adwene a ɛwɔ asɛm no mu no ahe biara.”7
Ɔbenfo Millar Burrows a ɔde mfe pii yɛɛ nhoma mmobɔwee no mu nhwehwɛmu no kaa adwene koro no ara: “Yebetumi aka sɛ nsonsonoe a ɛwɔ . . . Yesaia nhoma mmobɔwee ne Masorete nkyerɛwee mu no mu pii yɛ mfomso a ɛba bere a obi hwɛ biribi so kyerɛw bi no. Sɛ eyi da nkyɛn a, yehu sɛ nhoma mmobɔwee no ne nea wɔkyerɛw no akyiri yi hyia. Sɛ nkyerɛwee a akyɛ saa mu nsɛm yɛ nokware a, ɛnde na ɛyɛ adanse a yebetumi de yɛn ho ato so sɛ Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ no yɛ nokware.”8
“Adanse a yebetumi de yɛn ho ato so” wɔ hɔ sɛ wɔakyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nso pɛpɛɛpɛ. Sɛ nhwɛso no, nhoma mmobɔwee a wɔfrɛ no Codex Sinaiticus, a ɛyɛ nkyerɛwee a ɛwɔ aboa nhoma so a wɔkyerɛw no afeha a ɛtɔ so nnan Y.B. mu, na wohuu no afeha 19 mu no, boa ma nokware a Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee a wɔyɛɛ no mfehaha bi akyi no yɛ no da adi. Wohuu Yohane Asɛmpa no fã bi a wɔkyerɛw no afeha a ɛtɔ so mmienu Y.B. mfiase mu hɔ wɔ mmɛw krataa so wɔ Faiyūm mantam mu wɔ Egypt, kyerɛ sɛ wɔkyerɛw nea edi kan no ankasa no na ennii mfe 50 mpo. Ná wɔakora so wɔ anwea wesee mu mfehaha pii. Nsɛm a ɛwom ne nsaano nkyerɛwee a wohuu no akyiri yi koraa no hyia.9
Adanse horow no si so dua sɛ wɔn a wɔhwɛɛ ebi so kyerɛwee no yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Nanso wodii mfomso ahorow. Nsaano nkyerɛwee biara nni hɔ a mfomso ketewa bi mpo nnim—Ɛpo a Awu Yesaia Nhoma Mmobɔwee no mpo ka ho. Nanso ne nyinaa mu no, nhomanimfo atumi ahu baabi a mfomso ahorow wɔ asiesie.
Akyerɛwfo Mfomso a Wosiesie
Fa no sɛ wose nnipa 100 nhwɛ nhoma kɛse bi so nkyerɛw bi ngu hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ akyerɛwfo no bi bɛyɛ mfomso. Nanso wɔn nyinaa renyɛ mfomso koro no ara. Sɛ wugye nhoma 100 a wɔakyerɛw no de ntoboaseɛ yɛ ntotoho a, wubetumi ahu baabi a mfomso no wɔ ne asɛm a ɛwɔ nea edi kan no ankasa mu, ɛwom sɛ wunhuu da de.
Saa ara na wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no anyɛ mfomso koro no ara. Seesei a Bible a wɔde nsa kyerɛwee mpempem pii wɔ hɔ a yebetumi de ayɛ ntotoho yi, nhomanimfo atumi ahu mfomso no, ahu sɛnea kan de no te, na wɔayɛ nsakrae horow a ɛho hia no. Esiane ahwɛyiye a wɔde yɛɛ nhwehwɛmu a ɛte saa nti, nhomanimfo ayɛ Kyerɛwnsɛm no atitiriw bi wɔ kasa horow a wodii kan kyerɛw wɔ mu no mu. Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm a wɔasiesie no kama no de nsɛmfua a nnipa pii gye tom sɛ ɛwɔ kan de no mu dii dwuma, na mpɛn pii no, sɛ wohu nsakrae anaa akwan foforo a wobetumi aka asɛm no wɔ nkyerɛwee foforo mu a, wɔkyerɛw eyi hyɛ ase. Nea nhomanimfo asiesie ayɛ no kama yi na wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no hwɛ so kyerɛ ase kɔ kasa horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu.
Enti sɛ wofa Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no bi a, ntease a edi mũ wɔ hɔ a ɛbɛma woanya ahotoso sɛ Hebri ne Hela nkyerɛwee a wɔkyerɛɛ ase fii mu no ne nea Bible akyerɛwfo kyerɛwee no mfiase pɛɛ no hyia.d Sɛ wohwɛ sɛnea Bible no atra hɔ a hwee nkaa no bere a wɔde mfe mpempem akyerɛkyerɛw bi no a, na nokwasɛm ni ɛyɛ nwonwa paa. Eyi nti na Sir Frederic Kenyon a ofi bere tenten ahwɛ Britain Tete Nneɛma Akorae so no betumi aka sɛ: “Sɛ yɛka sɛ nsɛmpɔw a ɛwɔ Bible mu no ara ne no a, na ɛnyɛ biribi a yɛaka ma aboro so . . . Wontumi nka biribi a ɛte saa mfa tete nhoma biara a ɛwɔ wiase ho.”10
[Ase hɔ nsɛm]
a Na Masoretefo (a ase ne “Atetesɛm Ho Abenfo”) no yɛ akyerɛwfo a wɔhwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛtɔ so nsia kosi edu Y.B. mu hɔ. Wɔfrɛ nea wɔkyerɛwee no Masorete nkyerɛwee.2
b A.Y.B. kyerɛ “Ansa na Yɛn Bere yi reba.” Y.B. kyerɛ “Yɛn Bere yi mu,” na wɔtaa frɛ no A.D., a egyina hɔ ma Anno Domini, kyerɛ sɛ “Awurade afe mu.”
c Textual Criticism of the Hebrew Bible a Emanuel Tov kyerɛwee no ka sɛ: “Esiane biribi a wɔfrɛ no carbon 14 a ɛboa ma wohu bere a wɔkyerɛw tete nhoma bi nti, wɔahu sɛ wɔkyerɛw 1QIsaa [Ɛpo a Awu Yesaia Nhoma Mmobɔwee] no wɔ afe 202 kosi 107 AYB ntam hɔ (sɛ wogyina tete nkyerɛwee ho nimdeɛ so a, ɛyɛ: 125-100 AYB) . . . Tete nkyerɛwee ho nimdeɛ a wɔnam so bu mmere, a wɔama atu mpɔn nnansa yi, ne sɛ wɔde sɛnea wɔkyerɛw nkyerɛwde bi no toto nneɛma foforo te sɛ sika anaa biribi a wɔakyerɛw ho a ɛbere a wɔde yɛe wɔ so ho, na wɔnam saayɛ so tumi hu bere a wɔde kyerɛw biribi, eyi abɛda adi sɛ ɔkwan baako a yebetumi de yɛn ho ato so.”6
d Nanso sɛnea yenim no, nsɛm asekyerɛfo bi bɛto wɔn bo ase adi Hebri ne Hela nkyerɛwee a wɔrekyerɛ ase no akyi pɛpɛɛpɛ bere a afoforo bebu wɔn ani agu nneɛma so.
[Kratafa 8 mfonini]
Akyerɛwfo a wɔn ho akokwa koraa Bible no so
[Kratafa 9 mfonini]
Ɛpo a Awu Yesaia Nhoma Mmobɔwee (ne mfonini ni) ne Masorete nsaano nkyerɛwee a wɔyɛɛ no mfe apem akyi no nyinaa yɛ ade koro