Nhoma A “Ɛka” Kasa Horow
Sɛ kasa a wɔde kyerɛw nhoma bi wu a, ɛnde na nhoma no nso awu ara ne sa. Nnipa kakraa bi na ebia wobetumi akan tete kasa horow a wɔkyerɛw Bible no wom no. Nanso ɛda so te ase. Atumi agyina abesi nnɛ efisɛ “asua sɛnea wɔka” kasa a adesamma ka. Nsɛm asekyerɛfo a “wɔkyerɛɛ” no sɛnea wɔka kasa foforo no hyiaa akwanside ahorow a ɛte sɛ nea wontumi nni so mmere bi.
BIBLE—a ekura atiri bɛboro 1,100 ne nkyekyem bɛboro 31,000—no asekyerɛ yɛ adwumaden. Nanso, mfehaha pii ni na nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ ahofama agye ato wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma yi. Na wɔn mu pii atu wɔn ho asi hɔ sɛ amanehunu mu oo, owu mu oo, wɔbɛyɛ adwuma no. Sɛ wohwɛ ɔkwan a wɔfaa so kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ adesamma kasa horow mu a, wubehu sɛ na egye animia ne nhumu ankasa. Wo de susuw kyerɛwtohɔ a ɛka koma no kakraa bi pɛ ho hwɛ.
Nsɛnnennen a Nsɛm Asekyerɛfo Hyia
Ɔkwan bɛn so na wobɛfa akyerɛ nhoma bi ase akɔ kasa bi a enni nkyerɛwee biara mu? Tebea a ɛte saa ara na Bible asekyerɛfo pii hyiae. Sɛ nhwɛso no, Ulfilas a ɔtraa ase afeha a ɛtɔ so nnan Y.B. mu no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ kasa bi a na wɔka saa bere no nanso wɔnkyerɛw mu—Goth kasa. Nea ɛbɛyɛ na Ulfilas atumi adi dwuma a ɛte saa no, ɔhyehyɛɛ nkyerɛwde 27 maa Goth kasa a na egyina Hela ne Latin nkyerɛwde no so. Ansa na afe 381 Y.B. redu no, na aka kakraa bi ma wɔakyerɛ Bible mũ no nyinaa ase akɔ Goth kasa mu.
Afeha a ɛtɔ so nkron mu no, anuafoɔ baanu a wɔka Hela kasa, Cyril (a kan no na wɔfrɛ no Constantine) ne Methodius a na wɔyɛ nhomanimfo ne kasa mu abenfo pɛe sɛ wɔkyerɛ Bible no ase ma wɔn a wɔka Slav kasa. Nanso na nkyerɛwee biara nni tete Slav kasa—a wonyaa ɛnnɛ Slav kasa horow fii mu no—mu. Enti anuafoɔ yi yɛɛ nkyerɛwde a ɛbɛma wɔatumi akyerɛ Bible no ase. Enti afei na Bible no betumi “akasa” akyerɛ nnipa foforo pii, wɔn a wɔka Slav kasa.
Afeha a ɛtɔ so 16 mu no, William Tyndale fii ase sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase afi kasa a wɔde kyerɛwee no mu akɔ Engiresi kasa mu, nanso Asɔre ne Ɔman no sɔre tiae. Tyndale a osuaa ade wɔ Oxford Sukuupɔn mu no pɛe sɛ onya nkyerɛase a “abarimaa a ɔde nantwi dɔ” mpo betumi ate ase.1 Nanso nea ɛbɛyɛ na watumi ayɛ saa no, na ɛsɛ sɛ oguan kɔ Germany, na ɛhɔ na wotintim “Apam Foforo” a ɔyɛe wɔ Engiresi mu wɔ 1526 mu no. Bere a wɔnam sum ase de bi kɔɔ England no, atumfoɔ no bo fuwii ara maa wɔhyew Bible no baguam. Akyiri yi woyii Tyndale mae. Ansa na wɔrekum no ahyew ne funu no, ɔde nne kɛse kaa sɛ: “Awurade, bue England Hene ani!”2
Bible nkyerɛase kɔɔ so; ná hwee nni hɔ a ebesi asekyerɛfo no kwan. Ebeduu afe 1800 no, anyɛ yiye koraa no, na Bible no fã bi “asua sɛnea wɔka” kasa 68. Afei bere a wɔtew Bible Society (Bible Kuw) ahorow—titiriw British and Foreign Bible Society a wɔtew no 1804—no, Bible no “suaa” kasa foforo pii kaa ho ntɛm. Mmerante pii tuu wɔn ho mae sɛ wɔbɛkɔ amannɔne akɔyɛ asɛmpatrɛwfo, a atirimpɔw a na pii kura ne sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase.
Afrika Kasa Horow a Wosuae
Wɔ 1800 mu no, na Afrika kasa horow kakraa bi pɛ na wɔkyerɛw. Na ɛsɛ sɛ kasa ahorow pii a wɔka twɛn kosi sɛ obi bɛhyehyɛ ɛho nkyerɛwde. Asɛmpatrɛwfo bae no, wobesuaa kasa no a na mfitiase nhoma anaa nsɛm asekyerɛ nhoma biara nni hɔ a ɛbɛboa wɔn. Afei wɔyɛɛ adwumaden de hwehwɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so akyerɛw, na ɛno akyi no, wɔkyerɛɛ nnipa no sɛnea wɔkan nkyerɛwee no. Wɔyɛɛ eyinom nyinaa na ama nnipa atumi akenkan Bible wɔ wɔn ankasa kasa mu daakye.3
Asɛmpatrɛwfo yi mu baako ne Robert Moffat a na ofi Scotland. Wɔ 1821 mu, bere a na wadi mfe 25 no, ɔtew nyamesom kuw bi wɔ Tswanafo mu wɔ Afrika anafo. Nea ɛbɛyɛ na watumi asua wɔn kasa a na wɔnkyerɛw yi no, ɔne wɔn bɔe, na ɛtɔ da bi mpo a na ɔkɔtra wɔn nkuraase. Ɔkyerɛw akyiri yi sɛ: “Ná nkurɔfo no yɛ nnipa pa, na sɛ midi mfomso bi a, na wɔda me fam. Sɛ manka biribi yiye a, obiara nkyerɛ me da gye sɛ osuasua me ma afoforo serew twetwetwetwe ansa.”4 Moffat gyinaa mu, na awiei koraa no ɔtee kasa no yɛɛ ne nkyerɛwde.
Bere a Moffat atra Tswanafo mu ayɛ adwuma mfe nwɔtwe no, ɔkyerɛɛ Luka Asɛmpa no ase wiei 1829. Ɔtraa kar a nantwi twe mu twaa kwan bɛyɛ kilomita 960 kɔɔ mpoano, faa hyɛn kɔɔ Cape Town ansa na ɔretintim nea wakyerɛ ase no. Amrado a na ɔwɔ hɔ no maa no kwan sɛ ɔmfa aban afiri ntintim, nanso na ɛsɛ sɛ Moffat ankasa hyehyɛ nsɛm no kama tintim, na owiee Asɛmpa no tintim koraa wɔ 1830 mu. Afei Tswanafo nyaa hokwan ɛbere a edi kan kenkanee Bible no fã bi wɔ wɔn ankasa kasa mu. Moffat Wiee Bible mũ no nyinaa asekyerɛ wɔ Tswana kasa mu 1857.
Akyiri yi Moffat kyerɛɛ sɛnea Tswanafo yɛɛ wɔn ade bere a edi kan a wɔn nsa kaa Luka Asɛmpa no. Ɔkae sɛ: “Mihuu ebinom a wotwaa akwansin ɔhaha pii ba begyee Ɔhoteni Luka nhoma no bi. . . . Mihui sɛ bere a wonyaa Ɔhoteni Luka nhoma no bi no, wɔka fam wɔn bo sui esiane anisɔ nti, kosii sɛ meka kyerɛɛ wɔn mu bi sɛ, ‘Hwɛ, mode mo nisuo bɛsɛe mo nhoma no.’”5
Nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ ahofama te sɛ Moffat nam saa kwan yi so maa Afrikafo pii—a mfiase no na wɔn mu bi nhu hia a ehia sɛ wɔkyerɛw biribi wɔ wɔn kasa mu—nyaa hokwan suaa akyerɛw. Nanso nea na nsɛm asekyerɛfo yi ani gye ho koraa ne sɛ wohui sɛ wɔrema Afrikafo akyɛde bi a ɛsom bo paa—Bible no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Ɛnnɛ sɛ́ ɛyɛ ne fã bi anaa ne nyinaa no, Bible no “ka” Afrikafo kasa bɛboro 600.
Asiafo Kasa a Wosuae
Bere a nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ Afrika resam mfifire ahwehwɛ kwan a wɔfa so kyerɛw nsɛm wɔ kasa horow mu no, na nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ wiase fã foforo rehyia akwanside soronko koraa—nsɛm a wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa horow a ɛwɔ nkyerɛwde hwanyann mu. Eyi ne asɛm a wɔn a wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Asia kasa horow mu no hyiae.
Afeha a ɛtɔ so 19 mfiase no, William Carey ne Joshua Marshman kɔɔ India kosuaa wɔn kasa horow a na ɛwɔ nkyerɛwde no mu pii yiye. Ɛdenam nhomatintimfo William Ward mmoa so no, anyɛ yiye koraa no wɔkyerɛɛ Bible no fã horow bi ase kɔɔ nea ɛreyɛ adu kasa horow 40 mu.6 Nhomakyerɛwfo J. Herbert Kane kaa William Carey ho asɛm sɛ: “Ɔhwehwɛɛ ɔkwampa a emu da hɔ a ɔde bɛka nsɛm [wɔ Bengali kasa mu] ama no ayɛ dɛ de sii tete kwan a na wɔfa so kyerɛw nsɛm no ananmu, na eyi maa nnɛɛmmafo ani gyee ne kan ho.”7
Adoniram Judson a wɔwoo no tetee no United States no kɔɔ Burma, na ofii ase kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Burma kasa mu 1817. Bere a ɔreka sɛnea na ɛyɛ den sɛ obesua Apuei fam kasa yiye ma watumi akyerɛ Bible ase no, ɔkyerɛw sɛ: ‘Bere a yɛresua kasa a nnipa a wɔwɔ asase fã hɔ ka, nnipa a wɔn biribiara yɛ soronko, na wɔn nsɛm ne nkyerɛwde mmɛn kasa biara a yɛate pɛn; bere a yenni nsɛm asekyerɛ nhoma anaa obi a ɔbɛkyerɛ kasa no ase ama yɛn na ɛsɛ sɛ yɛte kasa no kakra ansa na yɛanya obi ma wakyerɛ yɛn no—na ɛyɛ adwuma ankasa!’8
Judson afam no, na ɛkyerɛ adwumaden a ɔde mfe 18 bɛyɛ. Wotintim Bible no fã a etwa to koraa wɔ Burma kasa mu 1835. Nanso wannya no ahogono so wɔ Burma. Bere a ɔrekyerɛ Bible no ase no, wɔbɔɔ no soboɔ sɛ ɔyɛ obi a otietie nsɛm kɔka na eyi maa ɔkɔdaa afiase a ntontom ayɛ hɔ ma bɛyɛ mfe mmienu. Woyii no ankyɛ na atiridii kum ne yere ne ne ba abaayewa.
Bere a Robert Morrison a na wadi mfe 25 baa China 1807 no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ China kasa a na ne kyerɛw yɛ den no mu, na na eyi yɛ adwumaden paa. Na China kasa kakraa bi a ɔde mfe mmienu pɛ asua na onim. Na akwanside foforo a Morrison behyia ne Chinafo mmara a na ɛmma kwan sɛ ahɔho behuahua wɔn nsɛm no. Na wɔahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ Chinani biara kyerɛ ahɔho wɔn kasa no, na sɛ obi bu so a na wobetumi abu no fɔ akum no. Na ɛyɛ bɔne a obi betumi de ne nkwa atwa so sɛ ɔhɔho bɛkyerɛ Bible no ase akɔ China kasa mu.
Morrison ampa aba, na ɔde anifere kɔɔ so suaa kasa no ntɛmntɛm. Mfe mmienu ntam no, wɔfaa no sɛ nsɛm asekyerɛfo maa East India Company. Na ɔkɔ adwuma awia, na ɛno akyi no, owia ne ho kyerɛ Bible no ase a onim sɛ wobetumi akye no bere biara. Ɔkɔɔ China mfe nson akyi, wɔ 1814 mu no, na wawie Kristofo Helafo Kyerɛwnsɛm no a ɛretwɛn sɛ obetintim.9 Mfe nnum akyi no, William Milne boaa no maa ɔkyerɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase wiei.
Na wɔayɛ adwuma kɛse—afei de na Bible betumi “aka” kasa a nnipa pii ka sen kasa biara wɔ wiase. Esiane nsɛm asekyerɛfo adwumaden nti, akyiri yi wotumi kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Asia kasa foforo mu. Ɛnnɛ wɔakyerɛ Bible no fã horow ase kɔ kasa bɛboro 500 mu wɔ Asia.
Adɛn nti na mmarima te sɛ Tyndale, Moffat, Judson, ne Morrison yɛɛ adwumaden mfe pii—na wɔn mu bi de wɔn nkwa mpo too asiane mu—kyerɛɛ nhoma bi ase maa nnipa a na wonnim wɔn, ne nnipa a na wonni nkyerɛwde biara wɔ wɔn kasa mu? Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnyɛ anuonyam anaa sika ntia. Na wonim sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm na ɛsɛ sɛ “ɛkasa” kyerɛ nnipa—nnipa nyinaa—wɔ wɔn ankasa kasa mu.
Sɛ́ wote nka sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm anaa ɛnte saa no, ebia wubegye atom sɛ ahofama honhom a saa nsɛm asekyerɛfo a wotuu wɔn ho sii hɔ no daa no adi no ho yɛ nã wɔ nnɛ wiase yi mu. So ɛmfata sɛ wopɛɛpɛɛ nhoma a ɛma nkurɔfo tu wɔn ho si hɔ saa no mu?
[Akontaabu pon wɔ kratafa 12]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Kasa dodow a wɔatintim Bible no fã bi wom efi 1800
68 107 171 269 367 522 729 971 1,199 1,762 2,123
1800 1900 1995
[Kratafa 10 mfonini]
Tyndale a ɔrekyerɛ Bible ase
[Kratafa 11 mfonini]
Robert Moffat
[Kratafa 12 mfonini]
Adoniram Judson
[Kratafa 13 mfonini]
Robert Morrison