Ɔkra a Enwu Da—Faako a Nkyerɛkyerɛ no Fi
“Onipa asetra ho asɛm biara nni hɔ a agye n’adwene kɛse paa sɛ ne tebea wɔ owu akyi.”—“ENCYCLOPÆDIA OF RELIGION AND ETHICS.”
1-3. Ɔkwan bɛn so na Socrates ne Plato maa adwene a ɛne sɛ ɔkra no nwu da no nyaa nkɔanim?
WƆBƆ nhomanimfo ne ɔkyerɛkyerɛfo a wadi mfe 70 sobo sɛ ommu ade na ɔde ne nkyerɛkyerɛ sɛe mmofra adwene. Ɛwom mpo sɛ na otumi yi ne ho ano yiye paa bere a wodi n’asɛm no de, nanso atemmufo a wɔyɛ animhwɛ kyerɛ sɛ odi fɔ na wobu no kumfɔ. Aka bere tiaa bi ma wɔakum ɔkyerɛkyerɛfo akwakoraa no, ɔka nsɛm ahorow kyerɛ n’asuafo a wɔatwa ne ho ahyia no de si so dua sɛ ɔkra no nwu da na ɛnsɛ sɛ wosuro owu.
2 Ɛnyɛ obiara sɛ Socrates, Helani nyansapɛfo a ogyee din wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no na wobuu no kumfɔ no.a Ne suani Plato kyerɛw nea esii yi wɔ ne nhoma Apology ne Phaedo mu. Wɔkyerɛ sɛ Socrates ne Plato ka wɔn a wodii kan gye gyinaa mu sɛ ɔkra nwu da no ho. Nanso, ɛnyɛ wɔn na wɔde nkyerɛkyerɛ yi bae.
3 Sɛnea yebehu no, adwene a ɛne sɛ onipa nwu da no fii ase wɔ tete tɔnn. Nanso, Socrates ne Plato siesiee nsusuwii no dan no nyansapɛ, ma enti ɛmaa wɔn bere sofo ne nkyirimma a wɔn ani abue no ani gyee ho kɛse.
Efi Pythagoras so Besi Pyramid Ahorow So
4. Ansa na wɔrewo Socrates no, na adwene bɛn na Helafo kura wɔ Owu akyi asetra ho?
4 Helafo a wɔtraa ase ansa na wɔrewo Socrates ne Plato nso gye dii sɛ ɔkra no tra ase wɔ owu akyi. Pythagoras, Helani nkontaabufo a ogyee din wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no kae sɛ ɔkra no nwu da na etumi hyɛn abɔde foforo mu. Ansa na wɔbɛwo no no, na Thales a ofi Miletus a wosusuw sɛ ɔne Helani nyansapɛfo a odi kan paa no te nka sɛ ɛnyɛ nnipa, mmoa, ne afifide nko na ɔkra a enwu da te wɔn mu, na mmom nneɛma te sɛ twebo nso, efisɛ etumi twe dade. Tete Helafo kyerɛe sɛ wɔde awufo akra twa asubɔnten Styx kɔ asase ase atrae kɛse bi a wɔfrɛ hɔ awufo atrae. Ɛhɔ na atemmufo bu akra no ntɛn sɛ wɔnyɛ wɔn ayayade wɔ afiase bi a afasu tenten atwa ho ahyia mu anaa wonkogye wɔn ani wɔ Elysium.
5, 6. Na Persiafo bu ɔkra dɛn?
5 Wɔ Iran anaa Persia a ɛwɔ apuei fam no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Zoroaster traa ase wɔ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu. Ɔde ɔsom bi a wɔbɛfrɛɛ no Zoroastriasom bae. Na eyi ne Persia Ahemman a edii wiase so tumi ansa na Hela rebɛyɛ wiase nyina tumi kɛse no som. Zoroastriasom kyerɛw nsɛm ka sɛ: “Ɔtreneeni kra benya Anigye daadaa na Ɛrenwu Da, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔbɛyɛ Ɔtorofo kra ayayade. Saa mmara yi na Ahura Mazda [ɛkyerɛ “onyame nyansafo”] nam Ne tumi kɛse so hyɛe.”
6 Na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no nso yɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ ansa na Iran Zoroastriasom no reba no fã. Sɛ nhwɛso no, tete Iran mmusua hwɛɛ awufo akra denam nnuan ne ntade a wɔde ma wɔn no so na aboa wɔn wɔ asaman.
7, 8. Dɛn na na tete Misrifo gye di wɔ ɔkra a ɛtra ase wɔ nipadua no wu akyi no ho?
7 Gyidi titiriw a na Misrifo som gyina so ne sɛ sɛ obi wu a ɔsan kɔtra baabi. Na Misrifo ka sɛ Osiris, asaman nyame panyin no, bebu onipa a wawu no kra atɛn. Sɛ nhwɛso no, mmɛw nhoma bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so 14 A.Y.B. mu no kyerɛ awufo nyame Anubis a odi ɔkyerɛwfo Hunefer kra anim de no rekɔ Osiris anim. Wɔkari ɔkyerɛwfo no koma a egyina hɔ ma n’ahonim ne takra a nokware ne atɛntrenee nyamewa de ahyɛ ne ti mu no wɔ nsenia so. Onyame foforo a ne din de Thoth kyerɛw nea efi mu ba no. Esiane sɛ na bɔne mmaa Hunefer koma nyɛɛ duru, na takra no mu yɛ duru sen no nti, wɔma Hunefer kwan ma ɔkɔ Osiris trabea na wɔma no nkwa a owu nni mu. Mmɛw nhoma no san kyerɛ ɔbea bi a ne ho yɛ hu a ogyina nsenia no ho a wayɛ krado sɛ sɛ owufo no koma yɛ bɔne a, ɔbɛwe no. Misrifo nso hyɛɛ wɔn afunu aduru na wɔkoraa faraonom amu so wɔ pyramid akɛse mu, efisɛ na wosusuw sɛ amu no a wɔbɛkora so no na ɛbɛma ɔkra no anya nkwa.
8 Enti, na tete aman ahorow wɔ nkyerɛkyerɛ biako—ɔkra a enwu da. So wonyaa nkyerɛkyerɛ yi fii faako?
Baabi a Efi
9. Ɔsom bɛn na enyaa tete Misraim, Persia, ne Hela so nkɛntɛnso?
9 The Religion of Babylonia and Assyria nhoma no ka sɛ: “Wɔ tete no, Babilon nyamesom nyaa Misraim, Persia, ne Hela so nkɛntɛnso.” Nhoma yi toa so kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane nkitaho a Misraim ne Babilon dii wɔ tete sɛnea El-Amarna abopon no da no adi nti, akyinnye biara nni ho sɛ na hokwan pii wɔ hɔ a ɛbɛma Babilonfo nsusuwii ne amanne afrafra Misrifo som mu. Wɔ Persia no, Mithrasom kyerɛ nkɛntɛnso a na Babilonfo nsusuwii wɔ no pefee . . . Mprempren nhomanimfo gye tom sɛ Sem asefo nkyerɛkyerɛ pii afrafra tete Helafo anansesɛm ne Helafo amanne mu ma ɛho nhia sɛ wɔsan kyerɛkyerɛ mu. Sem asefo nkyerɛkyerɛ yi dodow no ara yɛ Babilonfo nkyerɛkyerɛ titiriw.”b
10, 11. Adwene bɛn na na Babilonfo kura wɔ owu akyi asetra ho?
10 Nanso so ɛnsono adwene a Babilonfo kura wɔ nea ɛba wɔ owu akyi no ho wɔ nea Misrifo, Persiafo ne Helafo kura ho? Sɛ nhwɛso no, susuw Babilonfo Epic of Gilgamesh no ho. Emu ɔkatakyi a ɔrebɔ akwakoraa a ɔne Gilgamesh a na sɛnea owu te ankasa rehaw n’adwene no siim sɛ ɔrekɔhwehwɛ nkwa a owu nni mu nanso wannya. Ɔbea nsatɔnfo bi a ohyia no wɔ n’akwantu no mu hyɛ no nkuran mpo sɛ ɔmmɔ ne bra sɛnea obetumi efisɛ ɔrennya daa nkwa a ɔrehwehwɛ no. Nea asɛm no nyinaa kyerɛ ara ne sɛ yentumi nkwati owu na nkwa a owu nni mu ho anidaso yɛ nnaadaasɛm. So eyi bɛkyerɛ sɛ na Babilonfo nnye Owu akyi asetra nni?
11 Ɔbenfo Morris Jastrow Kumaa, a ɔwɔ Pennsylvania Sukuupɔn a ɛwɔ U.S.A. mu no kyerɛwee sɛ: “[Babilon] nyamesom mufo ne wɔn akannifo ansusuw da sɛ nea wɔfrɛ no nkwa no betumi afi hɔ koraa. Na [wosusuw sɛ] owu yɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ asetra foforo mu, na nkwa a owu nni mu a wɔbɛpo si so dua kɛkɛ sɛ obi ntumi nkwati nsakrae a owu de ba no, sɛnea wɔn gyidi kyerɛ no.” Yiw, na Babilonfo san gye di sɛ asetra mu nneɛma bi kɔ so wɔ owu akyi. Wɔkyerɛɛ saa denam nneɛma a wɔde sie awufo na wɔde adi dwuma wɔ Owu akyi asetra mu no so.
12-14. (a) Wɔ Nsuyiri no akyi no, ɛhe na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fii ase? (b) Ɛyɛɛ dɛn na nkyerɛkyerɛ no trɛw faa asase nyinaa so?
12 Ɛda adi pefee sɛ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fii ase fii tete Babilon. Sɛnea Bible, nhoma a ɛka abakɔsɛm pɛpɛɛpɛ kyerɛ no, Noa banana Nimrod na ɔkyekyee Babel anaa Babilon kurow no.c Bere a wiase nyinaa Nsuyiri no bae wɔ Noa nna no mu no, na kasa biako ne ɔsom biako pɛ na ɛwɔ hɔ. Bere a Nimrod kyekyee kurow no na osii abantenten wɔ hɔ no, ofii ɔsom foforo ase. Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ bere a wɔyɛɛ kasa basabasa wɔ Babel akyi no, abantofo no antumi annu wɔn botae ho na wɔhwetee, wofii asetra foforo ase, na wɔde wɔn som kaa wɔn ho kɔe. (Genesis 10:6-10; 11:4-9) Ɛdenam saayɛ so no, Babilon nyamesom nkyerɛkyerɛ trɛw kɔɔ asase so nyinaa.
13 Atetesɛm kyerɛ sɛ Nimrod wuu atɔfo wu. Ne wu akyi no, na ntease wom sɛ Babilonfo no pɛe sɛ wɔkyerɛ obu kɛse ma no sɛ wɔn kurow no kyekyefo ne ɛso hene a odi kan. Esiane sɛ na wobu onyame Marduk (Merodach) sɛ ɔno na ɔkyekyee Babilon nti, nhomanimfo bi kyerɛ sɛ Marduk gyina hɔ ma Nimrod a wɔayɛ no onyame. Sɛ saa a, ɛnde anyɛ yiye koraa no, na adwene a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a ɛtra ase wɔ ne wu akyi no wɔ hɔ wɔ bere a Nimrod wui no mu. Sɛnea ɛte biara no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ Nsuyiri no akyi no, baabi a na wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no nwu ne Babel anaasɛ Babilon.
14 Nanso, ɛyɛɛ dɛn na nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ yɛn bere yi so som dodow no ara nkyerɛkyerɛ titiriw? Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ nea ɛyɛe a ɛhyɛn Apuei fam nyamesom mu no mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a A.Y.B. kyerɛ “Ansa na Yɛn Bere Yi Reba.” Y.B. kyerɛ “Yɛn Bere Yi,” na wɔtaa frɛ no A.D., a egyina hɔ ma Anno Domini, a ɛkyerɛ “wɔ Yɛn Awurade afe no mu.”
b El-Amarna yɛ Misrifo kurow Akhetaton a wose wɔkyekyee wɔ afeha a ɛto so 14 A.Y.B. mu no amamfo so.
c Hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no nkratafa 37-54.
[Kratafa 6 mfonini ahorow]
Adwene a Misrifo kura wɔ akra a wɔwɔ asaman ho
[Kratafa 7 mfonini]
Socrates kae sɛ ɔkra no nwu da