Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/1 kr. 9-14
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Nkurɔfo Gye Di?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Nkurɔfo Gye Di?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa Biako, Ɛho Mmuae Pii
  • Bere a Nkyerɛkyerɛ no Bae
  • Wiase Atoro Som Ahemman no Trɛw Kɔ Apuei Fam
  • Na Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom Nso Ɛ?
  • Adwene no Hyɛn Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom Mu
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Ɔkra a Enwu Da—Faako a Nkyerɛkyerɛ no Fi
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Ɔkra No—So Ɛne Wo? Anaasɛ Ɛwɔ Wo Mu?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/1 kr. 9-14

Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Nkurɔfo Gye Di?

“Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?”—HIOB 14:14.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii hwehwɛ awerɛkyekye bere a wɔn dɔfo bi awu no?

NNAMFO ne abusuafo ayɛ dinn ato santen retwa funnaka a wɔabue so ho wɔ baabi a wɔdeda funu wɔ New York Kuropɔn mu rehwɛ abarimaa bi a wadi mfe 17 a kokoram atwa ne nkwa nna so no funu. Ne maame a ne werɛ ahow no de nusu ka mpɛn pii sɛ: “Tommy wɔ anigye kɛse mu mprempren. Onyankopɔn pɛ sɛ Tommy bɛka ne ho wɔ soro.” Saa na wɔakyerɛkyerɛ no ma wagye adi.

2 Bɛyɛ kilomita 11,000 wɔ Jamnagar, India, no, mmabarima baasa mu panyin de ogya to nnyina a wɔaboaboa ano mu hyew wɔn papa funu. Bere a ogya no returuturuw no, Brahman no de Sanskrit kasa kankye sɛ: “Ɛmmra sɛ ɔkra a enwu da no bɛkɔ so abɔ mmɔden ne ɔteasefo a ɔkorɔn sen obiara no ayɛ biako.”

3. Nsɛmmisa bɛn na nkurɔfo asusuw ho mfe pii?

3 Owu ka yɛn nyinaa. (Romafo 5:12) Ɛnyɛ nwonwa sɛ yebenya adwene sɛ ebia owu na ɛde biribiara ba awiei. Bere a Hiob, Yehowa Nyankopɔn somfo nokwafo a ɔtraa ase tete mmere mu resusuw sɛnea afifide fifi, nyin, na ewu ho no, ɔkae sɛ: “Dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw, na ne nnubaa remmɔ no.” Na nnipa nso ɛ? Hiob bisae sɛ: “Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?” (Hiob 14:7, 14) Ɔman biara mu nnipa fi tete asusuw nsɛmmisa yi ho: So owu akyi asetra wɔ hɔ? Sɛ saa a, ɛyɛ asetra bɛn? Enti, dɛn na nkurɔfo agye adi? Na dɛn ntia?

Asɛmmisa Biako, Ɛho Mmuae Pii

4. Dɛn na nkurɔfo a wɔwɔ nyamesom ahorow mu gye di wɔ owu akyi asetra ho?

4 Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no mu pii gye di sɛ sɛ nkurɔfo wu a, wɔkɔ soro anaa hell. Nanso, Hindufo gye di sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio. Sɛnea Nkramofo gyidi kyerɛ no, atemmuda bi wɔ hɔ wɔ owu akyi, bere a Allah bɛhwɛ sɛnea obiara buu ne bra, na wama wakɔ paradise anaa hellgya mu. Wɔ aman bi mu no, awufo ho gyidi yɛ ɛhɔnom atetesɛm ne nea wɔfrɛ no Kristosom a adi afra ma ɛyɛ nwonwa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Sri Lanka no, Buddhafo ne Katolekfo nyinaa buebue wɔn apon ne wɔn mfɛnsere to hɔ petee bere a obi awu wɔ wɔn abusua mu no, na wɔde funnaka no si hɔ ma owufo no nan hwɛ abɔnten. Wogye di sɛ eyi a wɔyɛ no ma owufo no honhom anaa ne kra fi fie hɔ ntɛm. Nea Afrika Atɔe fam Katolekfo ne Protestantfo pii yɛ ne sɛ, sɛ obi wu a, wɔkata nhwehwɛ anim na obi anhwɛ mu anhu owufo no honhom. Afei, adaduanan akyi no, abusuafo ne nnamfo hyɛ ɔkra no sorokɔ ho fã.

5. Gyidi titiriw bɛn na ɔsom dodow no ara gye tom?

5 Wɔ nsonsonoe ahorow yi nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea anyɛ yiye koraa no, ɔsom dodow no ara adwene hyia wɔ asɛntitiriw biako ho. Wogye di sɛ biribi a ɛhyɛ onipa mu—sɛ́ ebia wɔfrɛ no ɔkra, honhom, anaa ɔsaman—no, nwu da, na ɛkɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi. Ɛkame ayɛ sɛ Kristoman asɔre ɔhaha pii no ka ɔkra a enwu da a wogye di ho asɛm kyerɛ. Saa gyidi yi yɛ Yudasom nkyerɛkyerɛ titiriw nso. Ɛno ne Hindusom nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no no nnyinaso ankasa. Nkramofo gye di sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi. Australia Aboriginefo, Afrika abosonsomfo, Shintofo ne Buddhafo nyinaa mpo kyerɛkyerɛ asɛnkoro yi ara wɔ akwan horow so.

6. Ɔkwan bɛn so na nhomanimfo binom bu adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da no?

6 Nea ɛne eyi bɔ abira no, afoforo bi wɔ hɔ a wogye di sɛ nkwa ba awiei wɔ owu mu. Wɔ wɔn fam no, ntease nni adwene a ɛne sɛ ɔkra bi a enni nipasu a wonhu fi nipadua no mu tra ase no mu koraa. Afeha a ɛto so 20 yi mu Spaniani nhomanimfo Miguel de Unamuno kyerɛwee sɛ: “Sɛ́ obi begye adi sɛ ɔkra nwu da no kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ anka ɔkra no tra hɔ daa, nanso sɛ ɔde ɔpɛ a emu yɛ den yɛ saa a, ɔrenna ntease adi, na ɔbɛyɛ onipa a onnim nyansa.” Nkurɔfo a wɔannye anni sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da no bi ne tete nyansapɛfo Aristotle ne Epicurus a wogyee din no, oduruyɛfo Hippocrates, Scotlandni nyansapɛfo David Hume, Arabni nhomanimfo Averroës, ne India ɔman soafo panyin a odi kan wɔ bere a wonyaa fahodi akyi, Jawaharlal Nehru.

7. Ɔkra a enwu da ho nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho mprempren?

7 Bere a yɛresusuw adwene ne gyidi ahorow a enhyia saa ho no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: So yɛwɔ ɔkra a enwu da ampa? Sɛ ɔkra no nyɛ nea enwu ankasa a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa tumi bɛyɛɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase nnɛ no mu pii nkyerɛkyerɛ fã titiriw saa? Ɛhe na adwene no fi bae? Ɛho hia sɛ yenya saa nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛyɛ nokware na ɛma abotɔyam, efisɛ yɛn daakye gyina so. (1 Korintofo 15:19) Nanso, ma yenni kan nhwehwɛ nea ɛyɛe a ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no bae mu.

Bere a Nkyerɛkyerɛ no Bae

8. Dwuma bɛn na Socrates ne Plato dii de trɛw adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da no mu?

8 Wɔkyerɛ sɛ Helafo nyansapɛfo Socrates ne Plato a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu no ka wɔn a wodii kan trɛw adwene a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da mu no ho. Nanso, ɛnyɛ wɔn na wɔde nkyerɛkyerɛ yi bae. Mmom no, wɔn na wosiesiei na wɔdan no nyansapɛ nkyerɛkyerɛ maa wɔn bere sofo ne nkyirimma a wɔn ani abue no ani gyee ho kɛse. Nokwasɛm ne sɛ, na tete Persia Soroastafo ne Misrifo nyinaa nso gye di sɛ ɔkra nwu da. Ɛnde, asɛm no ne sɛ, Ɛhe na nkyerɛkyerɛ yi fi bae?

9. Ɛhe na tete Misraim, Persia, ne Hela amammerɛ so nkɛntɛnso fi bae?

9 Nhoma The Religion of Babylonia and Assyria, ka sɛ: “Tete no, Babilon nyamesom nyaa Misraim, Persia ne Hela so nkɛntɛnso.” Ɛdefa Misrifo nyamesom gyidi ho no, nhoma no toa so sɛ: “Esiane nkitaho a Misraim ne Babilon nyae tete sɛnea El-Amarna abopon no da no adi nti, akyinnye biara nni ho sɛ na hokwan pii wɔ hɔ a ɛbɛma Babilonfo nsusuwii ne amammerɛ afrafra Misrifo som mu.”a Yebetumi aka saa ara afa tete Persiafo ne Helafo amammerɛ ho.

10. Adwene bɛn na na Babilonfo kura wɔ owu akyi asetra ho?

10 Nanso, so na tete Babilonfo gye ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no di? Eyi ho no, Ɔbenfo Morris Jastrow Kumaa, a ɔwɔ Pennsylvania Sukuupɔn a ɛwɔ U.S.A. mu no kyerɛwee sɛ: “[Babilon] nyamesomfo ne wɔn akannifo ansusuw da sɛ nea wɔfrɛ no nkwa no betumi afi hɔ koraa. Na [wosusuw sɛ] owu yɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ asetra foforo mu, na nkwa a owu nni mu a obi nsa ntumi nka [wɔ mprempren asetra mu] no si so dua ankasa sɛ obi ntumi nkwati nsakrae a owu de ba no.” Yiw, na Babilonfo gye di sɛ asetra bi kɔ so wɔ owu akyi. Wɔkyerɛɛ eyi denam nneɛma a wɔde sie awufo na wɔde adi dwuma wɔ Owu akyi asetra mu no so.

11, 12. Wɔ Nsuyiri no akyi no, ɛhe na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fii ase?

11 Ɛda adi pefee sɛ, ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fii ase fii tete Babilon. So ɛno ho hia? Ɛho hia, efisɛ sɛnea Bible kyerɛ no, Noa nanakanso Nimrod na ɔkyekyee Babel anaa Babilon kurow no. Bere a wiase nyinaa Nsuyiri no bae wɔ Noa nna no mu no, na nnipa nyinaa ka kasa biako, na na ɔsom biako pɛ na ɛwɔ hɔ. Na ɛnyɛ Nimrod nko ‘na ɔsɔre tia Yehowa’ na mmom ɔne n’akyidifo pɛe sɛ ‘wogye din’ ma wɔn ho. Enti Nimrod nam kurow a ɔkyekyee ne abantenten a osii no so fii ɔsom foforo ase.—Genesis 10:1, 6, 8-10; 11:1-4.

12 Atetesɛm kyerɛ sɛ Nimrod wuu atɔfowu. Ne wu akyi no, na ntease wom sɛ Babilonfo no bɛhwehwɛ sɛ wɔkyerɛ obu kɛse ma no sɛ wɔn kurow no kyekyefo ne ɛso hene a odi kan. Esiane sɛ na wobu onyame Marduk (Merodach) sɛ ɔno na ɔkyekyee Babilon, na wɔde Babilon ahene pii too no nti, nhomanimfo bi kyerɛ sɛ Marduk gyina hɔ ma Nimrod a wɔayɛ no onyame. (2 Ahene 25:27; Yesaia 39:1; Yeremia 50:2) Sɛ saa a, ɛnde anyɛ yiye koraa no, na adwene a ɛne sɛ onipa wɔ ɔkra a ɛtra ase wɔ ne wu akyi no wɔ hɔ wɔ bere a Nimrod wui no mu. Sɛnea ɛte biara no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ Nsuyiri no akyi no, baabi a na wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔkra nwu da ne Babel anaa Babilon.

13. Ɔkwan bɛn so na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no trɛw asase so nyinaa, na dɛn na efii mu bae?

13 Bible da no adi bio sɛ Onyankopɔn nam abantofo no kasa a ɔyɛɛ no basabasa wɔ Babel no so na ɛsɛee wɔn adwuma no. Bere a na wɔne wɔn ho wɔn ho ntumi nni nkitaho bio no, wogyaee wɔn adwuma no, na ‘wofii hɔ’ hwetee “asase nyinaa ani.” (Genesis 11:5-9) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɛwom sɛ wɔyɛɛ wɔn a na wɔreto aban no kasa basabasa de, nanso wɔn nsusuwii ne wɔn adwene de ansɛe. Enti wɔde nyamesom ho adwene a wokura no kɔɔ baabiara a wɔkɔe. Saa kwan yi so na Babilon nkyerɛkyerɛ—a ɔkra a enwu da ka ho—no trɛw faa asase nyinaa ani, na ɛbɛyɛɛ wiase nyamesom akɛse no nyinaa nkyerɛkyerɛ titiriw. Saa kwan yi so na wiase atoro som ahemman no nam bae, na ɛfata sɛ wɔka ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “Babilon Kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.”—Adiyisɛm 17:5.

Wiase Atoro Som Ahemman no Trɛw Kɔ Apuei Fam

14. Ɔkwan bɛn so na Babilon nyamesom mu gyidi trɛw kɔɔ India asasetam no so?

14 Abakɔsɛm akyerɛwfo bi se bɛboro mfe 3,500 a atwam no, Aryanfo a wɔn honam ani hoa no tu fii kusuu fam atɔe kɔɔ Indus Bon a seesei ɛwɔ Pakistan ne India titiriw no mu. Wofi hɔ hwete kɔɔ Ganges Asubɔnten no ho asasetaw no so kɔfaa India. Abenfo bi ka sɛ na atukɔfo no nyamesom nsusuwii horow no gyina tete Iranfo ne Babilonfo nkyerɛkyerɛ so. Enti, saa nyamesom nkyerɛkyerɛ yi na ɛbɛyɛɛ Hindusom no nnyinaso titiriw.

15. Ɔkwan bɛn so na ɔkra a enwu da ho adwene no benyaa nnɛyi Hindusom so nkɛntɛnso?

15 Wɔ India no, adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da no dan bɛyɛɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no foforo. Hindufo anyansafo a na wɔrebɔ mmɔden adi amansan haw a ɛne bɔne ne amanehunu a ɛrekɔ so wɔ nnipa mu ho dwuma no nyaa nea wɔfrɛ no Karma mmara, mmara a ɛne sɛ biribi na ɛkɔfa biribi ba no. Bere a wɔde mmara yi fraa gyidi a ɛne sɛ ɔkra nwu da no, wobenyaa nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no foforo, a ɛkyerɛ sɛ obi nya ne papa anaa ne bɔne a ɔbɛyɛ wɔ asetram so akatua pa anaa asotwe wɔ bere foforo a wɔbɛwo no no. Nokwaredi so akatua ne moksha, anaa de a wɔbɛde wɔn ho afi awo mu kyinhyiadi, anaa Nirvana, ho na wɔne nea wɔfrɛ no ɔteasefo pumpuni no akɔyɛ biako. Sɛnea Hindusom trɛwee wɔ mfehaha pii no mu no, saa ara na nkyerɛkyerɛ yi nso trɛwee. Na saa nkyerɛkyerɛ yi abɛyɛ nea nnɛyi Hindusom gyina so titiriw.

16. Owu akyi asetra ho gyidi bɛn na ebenyaa Asia Apuei famfo dodow no ara nsusuwii ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso?

16 Ɔsom afoforo te sɛ Buddhasom, Jainsom, ne Sikhsom fi Hindusom mu na ɛbae. Eyinom nso kura gyidi a ɛne sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio no. Afei nso, bere a Buddhasom trɛw kɔɔ Asia Apuei fam mmeae pii—China, Korea, Japan, ne mmeae foforo—no, enyaa ɛhɔfo nyinaa amammerɛ ne nyamesom so nkɛntɛnso kɛse. Eyi ma wobenyaa ɔsom ahorow a ɛda Buddhasom, ahonhonsɛmdi, ne nananom a wɔawuwu som mu gyidi a adi afra adi. Eyinom mu atitiriw ne Taoisom, Konfisiosom, ne Shintosom. Saa kwan yi so na gyidi a ɛne sɛ asetra kɔ so wɔ nipadua no wu akyi no nam abɛyɛ Apuei fam som a nnipa dodow no ara a wɔwɔ wiase no fã hɔ titiriw wɔ mu no gyidi.

Na Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom Nso Ɛ?

17. Dɛn na na tete Yudafo gye di wɔ owu akyi asetra ho?

17 Na dɛn na Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom mufo gye di wɔ owu akyi asetra ho? Ɔsom yi nyinaa mu no, Yudasom na akyɛ sen biara. Efii ase bɛyɛ mfe 4,000 ni wɔ Abraham bere so—bere tenten ansa na Socrates ne Plato refa ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no. Owusɔre na na tete Yudafo no gye di, na ɛnyɛ ɔkra a ɛhyɛ onipa mu a enwu da. (Mateo 22:31, 32; Hebrifo 11:19) Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no hyɛnee Yudasom mu? Abakɔsɛm ma ho mmuae.

18, 19. Ɛyɛɛ dɛn na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no hyɛnee Yudasom mu?

18 Wɔ afe 332 A.Y.B. mu no, Alexander Ɔkɛseɛ no dii Mediterranea Supɔw no nsase so nkonim a na Yerusalem ka ho. Bere a Alexander adedifo toaa ne nhyehyɛe a ɛne sɛ ɔbɛma wɔagye Helafo amammerɛ atom so no, ɛmaa amammerɛ abien—Helafo ne Yudafo de—dii afra. Bere bi akyi no, Yudafo no benyaa Helafo nsusuwii, na wɔn mu binom mpo bɛyɛɛ nyansapɛfo.

19 Ná Philo a ofi Alexandria, a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no yɛ Yudafo nyansapɛfo a wɔte saa no mu biako. Ná obu Plato, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegyina Helafo nyansapɛ so akyerɛkyerɛ wɔ Yudasom mu, ma enti, ɔbɔɔ kwan maa Yudafo nyansapɛfo a wɔbaa akyiri yi no. Helafo nsusuwii anya Talmud—rabifo mmara a wɔde ano ka ho nkyerɛkyerɛmu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ—no nso so nkɛntɛnso. Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Talmud rabifo no gye dii sɛ ɔkra no tra ase wɔ owu akyi.” Akyiri yi Yudafo ahonhonsɛmdi nhoma a wɔfrɛ no Cabala no kyerɛkyerɛe mpo sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no. Enti, ɔkra a enwu da ho adwene no nam Helafo nyansapɛ so na ɛhyɛnee Yudasom mu. Dɛn na yebetumi aka wɔ hyɛn a nkyerɛkyerɛ no hyɛn Kristoman mu no ho?

20, 21. (a) Tete Kristofo no buu Plato, anaa Helafo, nyansapɛ dɛn? (b) Dɛn na ɛmaa Plato adwene ne Kristofo nkyerɛkyerɛ dii afra?

20 Yesu Kristo na ofii nokware Kristosom ase. Ɛdefa Yesu ho no, Miguel de Unamuno, a yɛadi kan afa n’asɛm aka no kyerɛwee sɛ: “Na ogye di mmom sɛ ɔhonam no na ebenya owusɔre sɛnea na Yudafo gye di no, na ɛnyɛ sɛ ɔkra no nwu da sɛnea na [Helani] Plato gye di no.” Ɔde baa awiei sɛ: “Ɔkra a enwu da . . . yɛ abosonsomfo nyansapɛfo nkyerɛkyerɛ.” Esiane eyi nti, yebetumi ahu nea enti a ɔsomafo Paulo bɔɔ afeha a edi kan no mu Kristofo no kɔkɔ denneennen wɔ “nyansapɛ ne nnaadaa hunu a ɛnam nnipa atetesɛm ne wiase mfitiasesɛm so na ɛnnam Kristo so” ho no.—Kolosefo 2:8.

21 Nanso, bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na saa “abosonsomfo nyansapɛ nkyerɛkyerɛ” yi hyɛnee Kristoman mu? The New Encyclopædia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Efi afeha a ɛto so 2 Y.B. mfinimfini no, Kristofo a na wɔanya Helafo nyansapɛ mu ntetee bi no fii ase tee nka sɛ ɛho hia sɛ wɔde nyansapɛ ka wɔn gyidi ho asɛm, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔn ankasa ate nka sɛ wonim nhoma, na wɔde asakra nhomanimfo a wɔyɛ abosonsomfo no nso. Nyansapɛ a na eye ma wɔn sen biara ne Plato de no.” Tete nyansapɛfo a wɔte saa a wonyaa Kristoman nkyerɛkyerɛ so nkɛntɛnso kɛse no mu baanu ne Origen a ofi Alexandria ne Augustine a ofi Hippo no. Plato nsusuwii nyaa wɔn baanu nyinaa so nkɛntɛnso kɛse, na wɔka ho titiriw na wɔde saa nsusuwii no frafraa Kristosom nkyerɛkyerɛ mu.

22. Ɔkwan bɛn so na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no agye ntini wɔ Nkramosom mu?

22 Bere a Plato nkɛntɛnso na ɛmaa ɔkra a enwu da ho adwene no hyɛnee Yudasom ne Kristoman mu no, wɔde adwene no baa Nkramosom mu wɔ ne mfiase. Koran, Nkramosom nhoma kronkron no kyerɛkyerɛ sɛ onipa wɔ ɔkra a ɛkɔ so tra ase wɔ ne wu akyi. Ɛka nea awiei koraa no ɛbɛto ɔkra no ho asɛm sɛ ebia ɛbɛtra ase wɔ ɔsoro paradise turo mu anaasɛ wɔbɛtwe n’aso wɔ hellgya a ɛredɛw mu. Eyi nkyerɛ sɛ Arabfo nhomanimfo mmɔɔ mmɔden sɛ wɔde Helafo nyansapɛ bɛfrafra Nkramosom nkyerɛkyerɛ mu. Nokwarem no, Aristotle nkyerɛkyerɛ nyaa Arabfo so nkɛntɛnso koduu baabi. Nanso, Nkramofo da so ara gye di sɛ ɔkra nwu da.

23. Owu akyi asetra ho nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

23 Ɛda adi pefee sɛ nyamesom ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa ahyehyɛ Owu akyi asetra mu gyidi pii a egyina adwene a ɛne sɛ ɔkra nwu da so. Na gyidi a ɛte saa anya nnipa ɔpepepem pii so nkɛntɛnso, yiw, ɛde wɔn ayɛ nkoa mpo. Esiane eyinom nyinaa a yɛahu nti, ɛma yebisa sɛ: So yebetumi ahu nokwasɛm a ɛfa nea ɛba bere a yɛawu no ho no? So owu akyi asetra wɔ hɔ? Dɛn na Bible ka wɔ ho? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a El-Amarna yɛ Misrifo kurow Akhetaton a wose wɔkyekyee wɔ afeha a ɛto so 14 A.Y.B. mu no amamfõ.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Asɛm biako bɛn na ɛda adi wɔ owu akyi asetra ho gyidi a ɔsom dodow no ara kura no mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm ne Bible twe adwene si tete Babilon so sɛ ɛne ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fibea?

◻ Ɔkwan bɛn so na Babilonfo gyidi a ɛne ɔkra a enwu da no nyaa Apuei fam nyamesom so nkɛntɛnso?

◻ Ɛyɛɛ dɛn na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no hyɛnee Yudasom, Kristoman, ne Nkramosom mu?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12, 13]

Nkonim a Alexander Ɔkɛseɛ no dii na ɛmaa Helafo ne Yudafo amammerɛ dii afra

Augustine bɔɔ mmɔden sɛ ɔde Plato nyansapɛ bɛfra Kristosom mu

[Nsɛm Fibea]

Alexander: Musei Capitolini, Roma; Augustine: From the book Great Men and Famous Women

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena