Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Asɛmpa no a Yɛka ‘Wɔ Ɛbere a Eye ne Ɛbere a Enye Mu’
BERE a ɔko sii Bosnia ne Herzegovina ɔman no mu no, nnipa mpempem pii hyiaa asetra a emu yɛ den. Wɔ saa mmere a emu yɛ den yi mu no, Yehowa Adansefo bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma nkurɔfo anya nkuranhyɛ ne anidaso. Nea edi hɔ yi yɛ krataa bi a Ɔdansefo bi a bere bi na ɔresom wɔ Sarajevo kyerɛwee mu nsɛm kakraa bi.
“Asetra mu yɛ den wɔ ha, nanso nkurɔfo gye Bible mu nokware no tom. Adansefo a wɔwɔ ha no yɛ animia ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa. Wonni honam fam nneɛma pii de, nanso wɔda anigye honhom adi. Ɛkame ayɛ sɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu nyinaa de wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma mu. Saa nnamyɛ yi ahyɛ adawurubɔfo a wɔyɛ foforo nkuran, na ɛnyɛ nwonwa sɛ wotumi de nnɔnhwerew 60 anaa nea ɛboro saa yɛ ɔsom adwuma no ɔsram biara, fi ɔsram a edi kan koraa a wɔde wɔn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu no.
“Wɔ afie afie asɛnka akyi no, yɛasɔ akwan afoforo a yɛnam so bedu nkurɔfo nkyɛn ahwɛ. Sɛ nhwɛso no, Bible ho nhoma a yɛkyekyɛe wɔ amusiei ahorow pii a ɛwɔ kurow no mu no asow aba pa.
“Yɛadi adanse wɔ ayaresabea ahorow nso. Wɔ Sarajevo ayaresabea no Fã a Wɔhwɛ Komayare Ho Nsɛm So no, oduruyɛfo panyin no gyee December 8, 1996, Nyan!, a akyi asɛm ne ‘Komayare—Dɛn na Wobetumi Ayɛ?’ Ɔkae sɛ yɛmfa bi mmɛka ne ho, na ama watumi ama nnuruyɛfo a aka no bi. Afei ɔmaa Adansefo no kwan sɛ wɔmmɛsrasra ayarefo a wɔwɔ n’adwumayɛbea hɔ no. Enti, wɔ dɔnhwerew biako ne kakra ntɛm no, na yɛakɔ mpa biara ho akyekyɛ nsɛmma nhoma bɛboro 100. Ayarefo pii kae sɛ ɛno ne bere a edi kan a obi abɛsra wɔn ahyɛ wɔn nkuran ma wɔanya anidaso.
“Wɔ bere foforo mu no, yɛde nsɛmma nhoma a ɛfa mmofra ho kɔɔ ayaresabea no Fã a Wɔhwɛ Mmofra no. Oduruyɛfo panyin no nso gyee Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no bi de guu nhoma kenkanbea hɔ. Afei ɛnanom a wɔkɔsrasra wɔn mma wɔ ayaresabea hɔ no kenkan Bible mu nsɛm kyerɛ wɔn da biara da. Yɛayɛ nhyehyɛe a yɛde kɔsra saa oduruyɛfo yi wɔ ne fie nso.
“Wɔ Sarajevo no, NATO [Atifi Fam Apam Ahyehyɛde] asraafo mpempem pii a wofi aman horow mu wɔ hɔ. Yɛadi eyinom nso adanse fefeefe. Ɛtɔ mmere bi a yɛde nhomawa Good News for All Nations ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a ɛwɔ kasa horow mu no kɔ akodi kar biara ho. Yɛkyekyɛɛ nsɛmma nhoma bɛboro 200 wɔ Italy asraafo atrae. Nea ɛyɛ nwonwa no, Italy asraafo no pii kae sɛ na wɔne Yehowa Adansefo nkasae da. Wiɛ, yɛne wɔn kasae wɔ Sarajevo.
“Da bi na wɔde akodi kar bi asi kwankyɛn. Mede m’akatawia bɔɔ kar no mu, na ɔsraani bi fii mu bae. Memaa no Ɔwɛn-Aban bi a akyi asɛm ne ‘Asomdwoe Ho Asomafo—Wɔne Henanom?’ Ɔsraani no hwɛɛ m’anim bisae sɛ, ‘So woyɛ Yehowa Adansefo no mu biako anaa?’ Bere a ohui sɛ meyɛ wɔn mu biako no, obuae sɛ; ‘Minnye nni; moadu ɛha nso! So asase so baabi wɔ hɔ a Adansefo nni?’”
Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu.” (2 Timoteo 4:2) Te sɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Sarajevo no reyɛ saa, wɔkɔ mpa biara ho, na wɔkɔ akodi kar biara mpo ho!