So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?
“Dua po, anidaso wɔ hɔ ma no, sɛ wotwa a, ɛbɛfefɛw . . . Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?”—MOSE, TETE DIYIFO BI.
1-3. Ɔkwan bɛn na nnipa pii fa so hwehwɛ awerɛkyekye bere a wɔn dɔfo bi awu no?
NA NNAMFO ne abusuafo ayɛ dinn ato santen twam fa funnaka a wɔabue so ho wɔ baabi a wɔdeda funu wɔ New York Kuropɔn mu. Wɔhwɛ abarimaa a wadi mfe 17 no funu. Ne nnamfo sukuufo antumi anhu sɛ ɛyɛ ɔno. Nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa ama ne ti ho akukuw; kokoram ama wafɔn. Enti wɔn adamfo no ankasa ni? Asram kakraa bi a atwam no, na ɔwɔ adwene, nsɛmmisa, ahoɔden pii—n’ani gye ne ho! Abarimaa no maame a ne werɛ ahow no bɔ mmɔden sɛ obenya anidaso ne awerɛkyekye afi adwene a ɛne sɛ ne ba no te ase ɔkwan bi so no mu. Ɔde nusu ka nea wɔakyerɛkyerɛ no no mpɛn pii sɛ: “Tommy wɔ anigye kɛse mprempren. Onyankopɔn pɛ sɛ Tommy bɛka ne ho wɔ soro.”
2 Bɛyɛ kilomita 11,000 wɔ Jamnagar, India, no, adwumawura bi a wadi mfe 58 mmabarima baasa boa ma wɔde wɔn papa funu to ogya a wɔde hyew funu so. Wɔ anɔpawia a ɛhyerɛn no mu no, ne ba panyin no de ogyatɛn bi sɔ nnyansin no hwie aduhuam bi gu ne papa funu so de fi afunhyew no ase. Sanskrit kasa mu nsɛm bi a Brahman de kankye mpɛn pii a ɛkyerɛ sɛ: “Ɛmmra sɛ ɔkra a enwu da no bɛkɔ so abɔ mmɔden ne ɔteasefo a ɔkorɔn sen obiara no ayɛ biako” no mma wɔnte atuo a ogya no totow no.
3 Bere a anuanom baasa no rehwɛ afunhyew no, wɔn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So migye owu akyi asetra di?’ Esiane sɛ wɔkɔɔ sukuu wɔ wiase mmeae ahorow nti, ɛsono mmuae a obiara de mae. Akumaa koraa no wɔ ahotoso sɛ wɔbɛsan awo wɔn papa a wɔdɔ no no ma wabenya asetra mu dibea kɛse. Nea ɔto so abien no gye di sɛ awufo ada wɔ ɔkwan bi so, na wonnim hwee koraa. Ɔpanyin no bɔ mmɔden sɛ obegye sɛnea owu te ankasa atom, efisɛ osusuw sɛ obiara ntumi nhu nea ɛba yɛn so ankasa bere a yɛawu no.
Asɛmmisa Biako, Mmuae Pii
4. Asɛmmisa bɛn na ahaw adesamma adwene mfe pii?
4 So owu akyi asetra wɔ hɔ? yɛ asɛmmisa a ahaw adesamma adwene mfe mpempem pii. Katolekni nhomanimfo Hans Küng ka sɛ: “Sɛ wobisa nyamekyerɛfo asɛm yi a, wonhu nea wɔnka.” Wɔ mfe a atwam mu no, ɔman biara mu nnipa asusuw asɛm yi ho, na wɔde mmuae pii ama.
5-8. Dɛn na ɔsom ahorow kyerɛkyerɛ wɔ owu akyi asetra ho?
5 Wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo mu pii gye di sɛ ɔsoro ne hell wɔ hɔ. Nanso, Hindufo gye di sɛ sɛ obi wu a, wɔsan wo no bio. Amir Muawiyah a ɔyɛ Nkramosom asuae sohwɛfo abadiakyiri reka adwene a Nkramofo kura ho asɛm no, ɔka sɛ: “Yegye di sɛ atemmuda bi bɛba wɔ owu akyi, bere a wokɔ Onyankopɔn, Allah, anim, te sɛ nea wokɔ ɔtemmufo anim ara pɛ.” Sɛnea Nkramofo gyidi kyerɛ no, afei Allah bɛhwɛ sɛnea obiara buu ne bra na wama wakɔ paradise anaa hellgya mu.
6 Wɔ Sri Lanka no, Buddhafo ne Katolekfo nyinaa buebue wɔn apon ne wɔn mfɛnsere to hɔ pantann bere a obi awu wɔ wɔn abusua no mu no. Wɔsɔ kanea de funnaka no si hɔ ma owufo no nan kyerɛ ɔpon no ano. Wogye di sɛ eyi ma owufo no honhom anaa ne kra fi fie hɔ ntɛm.
7 Ronald M. Berndt a ɔwɔ Western Australia Sukuupɔn mu ka sɛ Australia Aboriginefo gye di sɛ “nnipa wɔ honhom bi a wontumi nsɛe no.” Afrika mmusua bi gye di sɛ wɔ owu akyi no, nnipa mpapahwekwa dan nsamanfo, na nnipa atitiriw dan wɔn nananom ahonhom, a wobedi wɔn ni asrɛ wɔn ade sɛ ɔman no akannifo a aniwa nhu wɔn.
8 Wɔ aman bi mu no, gyidi a ɛne sɛ awufo wɔ akra no yɛ hɔnom atetesɛm ne nea wɔfrɛ no Kristosom a adi afra. Sɛ nhwɛso no, nea Afrika Atɔe fam Katolekfo ne Protestantfo pii yɛ ne sɛ, sɛ obi owu a, wɔkata nhwehwɛ anim na obi anhwɛ mu anhu owufo no honhom. Afei, wɔn dɔfo no wu akyi nnafua 40 no, abusuafo ne nnamfo hyɛ ɔkra no sorokɔ ho fã.
Asɛm a Atrɛw
9, 10. Gyidi titiriw bɛn na nyamesom dodow no ara adwene hyia wɔ ho?
9 Sɛ wubisa nnipa nea ɛba bere a yɛawu a, wubenya mmuae a egu ahorow sɛnea obiara amanne ne ne gyidi kyerɛ. Nanso, ɔsom dodow no ara adwene hyia wɔ nkyerɛkyerɛ titiriw biako ho: Biribi a ɛhyɛ onipa mu—ɔkra, honhom, ɔsaman—nwu da na ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi.
10 Ɛkame ayɛ sɛ wɔ Kristoman asɔre mpempem pii mu no, wogye di sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu. Ɛyɛ Yudasom nkyerɛkyerɛ nso. Wɔ Hindusom mu no, gyidi yi ne obi a owu ma wɔsan wo no nkyerɛkyerɛ no fapem ankasa. Nkramofo gye di sɛ wɔwo ɔkra ne nipadua no nanso ɔkra no kɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi. Ɔsom afoforo—Afrika abosonsom, Shintosom ne Buddhasom mpo—kyerɛkyerɛ asɛm koro yi wɔ akwan horow so.
11. Nhomanimfo bi bu adwene a ɛne sɛ ɔkra no nwu da no dɛn?
11 Ebinom kura adwene a ɛne eyi bɔ abira, kyerɛ sɛ nkwa ba awiei wɔ owu mu. Wɔn fam no, ntease nni adwene a ɛne sɛ nkate ne nyansa kɔ so tra ɔkra a enni nipasu a wonhu sɛnea ɛte ankasa a efi nipadua mu no mu. Afeha a ɛto so 20 mu Spaniani nhoma kyerɛwfo ne nhomanimfo Miguel de Unamuno kyerɛw sɛ: “Sɛ́ obi begye adi sɛ ɔkra nwu da no kyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ anka ɔkra no tra hɔ daa, nanso sɛ ɔde ɔpɛ a emu yɛ den yɛ saa a, ɔrenna ntease adi na ɔbɛyɛ onipa a onnim nyansa.” Wɔn a wɔannye anni sɛ onipa wɔ ɔkra a enwu da no bi ne tete nyansapɛfo Aristotle ne Epicurus a wogyee din no, oduruyɛfo Hippocrates, Scotlandni David Hume, Arabni nhomanimfo Averroës ne India ɔman soafo panyin a odi kan wɔ bere a wonyaa ahofadi akyi, Jawaharlal Nehru, no.
12, 13. Nsɛmmisa atitiriw bɛn na ɛsɔre wɔ ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no ho?
12 Asɛmmisa no ne sɛ, So yɛwɔ ɔkra a enwu da ampa? Sɛ ɔkra no wu ankasa a, ɛnde ɛyɛɛ dɛn na atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa atumi abɛyɛ ɔsom a ɛwɔ hɔ nnɛ dodow no ara fã? Nkyerɛkyerɛ no fii ase wɔ he? Na sɛ ɔkra no ntra ase wɔ owu akyi ankasa a, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo?
13 So yebetumi anya nsɛmmisa a ɛte saa ho mmuae a ɛyɛ nokware na ɛma akomatɔyam? Yiw! Yebebua eyi ne nsɛmmisa foforo wɔ nkratafa a edidi so no mu. Nea edi kan no, ma yɛnhwehwɛ nea ɛyɛe a ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no bae mu.