Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 8/1 kr. 3-4
  • Ɔkra No Yɛ Biribi a Enwu Da?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkra No Yɛ Biribi a Enwu Da?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa Bi a Ɛhaw Adwene
  • So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Nkurɔfo Gye Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wo Gyidi Wɔ Owusɔre Mu Yɛ Den Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • So Ɔkra No Tra Ase Wɔ Owu Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 8/1 kr. 3-4

Ɔkra No Yɛ Biribi a Enwu Da?

NNAMFO ne abusuafo yɛ dinn to santen fa funnaka a wɔabue so no ho. Wɔhwɛ abarimaa a wadi mfe 17 no funu. Ɛyɛ den ma ne nnamfo sukuufo no sɛ wobehu no. Nnuru a ano yɛ den a wɔde kunkum ɔyare mmoawa ama ne ti ho akuku; kokoram nso ama wafɔn. Enti wɔn adamfo no paa ni? Adapɛn kakraa bi a atwam no, na ɔwɔ nsusuwii, nsɛmmisa, ne ahoɔden—nkwa—pii! Abarimaa no maame de nusu ka no mpɛn pii sɛ: “Tommy wɔ anigye mu seesei. Ná Onyankopɔn pɛ sɛ Tommy bɛka ne ho wɔ soro.”

Ɛna a ne koma abubu no nya anidaso ne awerɛkyekye bi wɔ adwene a ɛne sɛ ne babarima no da so te ase ɔkwan bi so no mu. Wɔakyerɛkyerɛ no wɔ asɔre sɛ ɔkra yɛ biribi a enwu da, na ɛno ne nipasu, nsusuwii, nkaesɛm—“onipa” no—nnyinaso. Ogye di sɛ, ne babarima no kra nwui koraa; ɛyɛ honhom bi a ɛte ase a efii ne nipadua no mu bere a owui no, na ɛne Onyankopɔn ne abɔfo no kɔtrae wɔ soro.

Wɔ ɔhaw bere mu no, onipa koma fam anidaso ketewa biara a ebenya ho denneennen, enti ɛnyɛ den sɛ yebehu nea enti a nnipa pii ani gye saa gyidi yi ho. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea nyamekyerɛfo J. Paterson-Smyth kyerɛ n’adwene wɔ The Gospel of the Hereafter mu no ho: “Owu yɛ ade ketewaa bi, sɛ yɛde toto nea ɛba wɔ ɛno akyi—saa wiase a emu yɛ anigye mmoroso a Owu de yɛn kɔ mu—no ho a. Yi w’adwene fi wo nipa a wawu no so.”

Wɔ wiase nyinaa ne ɔsom ne aman pii mu no, nkurɔfo gye di sɛ onipa wɔ ɔkra bi a enwu da wɔ ne mu, honhom a ɛkeka ne ho a sɛ nipadua no wu a ɛkɔ so tra ase. Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ gyidi a Kristoman som ahorow ne akuw mpempem pii no kura. Ɛyɛ Yudasom mu nkyerɛkyerɛ titiriw nso. Hindufo gye di sɛ wɔbɔɔ nea ɛte nipa mu, anaa ɔkra, no mfiase pɛɛ, na wɔde to afiase wɔ nipadua no mu wɔ awo mu, na owu mu no, ɛkɔ nipadua foforo mu wɔ kyinhyia a obi a owu ma wɔsan wo no bio kɔ so di no mu. Nkramofo gye di sɛ ɔkra ne nipadua no nyinaa na ɛba asetra mu, na ɛkɔ so tra ase bere a nipadua no awu no. Ɔsom foforo—Afrika abosonsomfo, Shintofo, ne ɔkwan bi so no, Buddhafo mpo—kyerɛkyerɛ adwene koro yi ara mu wɔ akwan horow so.

Nsɛmmisa Bi a Ɛhaw Adwene

Ɛwom sɛ ɛreyɛ ayɛ sɛ wogye ɔkra a enwu da ho adwene no tom wɔ baabiara de, nanso ɛde nsɛmmisa bi a ɛhaw adwene ba. Sɛ nhwɛso no, nkurɔfo susuw baabi a sɛ wɔn dɔfo bi wu na wammɔ bra pa a, ne kra kɔ, ho. Wɔbɛsan awo no sɛ aboa bi? Anaasɛ wɔde no kɔ ahodwiragya mu, baabi a wɔde gya bedwira ne ho kosi sɛ wobebu no sɛ ɔfata ma sorokɔ no? Nea enye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ayayade daa wɔ hell a ogya wɔ hɔ no? Anaasɛ sɛnea abosonsomfo pii kyerɛkyerɛ no, ɔyɛ honhom bi a ɛsɛ sɛ wɔpata no?

Adwene a ɛtete saa no de akwanhwɛ a ɛyɛ adesoa brɛ ateasefo no. Ɛsɛ sɛ yɛpata yɛn adɔfo a wɔawuwu no asaman sɛnea ɛbɛyɛ a wɔntɔ yɛn so werɛ anaa? Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wofi ahodwiragya bi a ɛyɛ hu mu anaa? Anaa ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya osuro bi a yentumi nyɛ ho hwee bere a yesusuw sɛ wɔrehu amane wɔ hell no? Anaasɛ ɛsɛ sɛ yebu mmoa bi a wɔte ase sɛ nnipa bi a wɔawuwu kra te wɔn mu?

Nsɛm a wobisa fa Onyankopɔn ankasa ho no nso nyɛ abodwo koraa. Sɛ nhwɛso no, te sɛ ɛna a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no, adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn “afa” wɔn ba no kra a enwu no kɔ ne nkyɛn wɔ soro no, kyekye awofo pii werɛ mfiase no. Nanso, wɔ pii fam no, ɛnkyɛ koraa na wɔafi ase asusuw Onyankopɔn ko a ɔde yare a ɛyɛ hu bɛbɔ abofra a ne ho nni asɛm, na wayi obi a ɔsom bo no afi awofo a wɔn koma abubu no nkyɛn, na ɔde no akɔ soro ara kwa. Atɛntrenee, ɔdɔ, ne ahummɔbɔ a ɛwɔ saa Nyankopɔn no mu wɔ he? Ebinom mpo gye nyansa a Onyankopɔn a ɔte saa no wɔ ho kyim. Wobisa sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ awiei koraa no, saa akra yi nyinaa kɔ soro a, dɛn nti na Onyankopɔn a ɔwɔ nyansa no bedi kan de wɔn nyinaa agu asase so ansa? Anka ɛno renkyerɛ sɛ asase no a ɔbɔe no yɛ bere sɛe kɛse ankasa?—Fa toto Deuteronomium 32:4; Dwom 103:8; Yesaia 45:18; 1 Yohane 4:8 ho.

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ onipa kra nwu da no, ɛmfa ho sɛnea wɔkyerɛkyerɛ no biara no, ɛde nsɛmmisa a asete yɛ den, ne nsɛm a ɛbɔ ne ho abira mpo ba. Dɛn ntia? Ɔhaw no pii fi ɔkwan a saa nkyerɛkyerɛ yi nam so bae no. Nea ɛde bae no mu nhwehwɛmu tiawa a wobɛyɛ no bɛma woate nsɛm ase; na nea Bible no ankasa ka fa ɔkra ho a wubehu no bɛyɛ wo nwonwa. Ɛma yenya owu akyi asetra ho anidaso a ɛkyɛn so koraa sen nea wiase mu som ahorow taa kyerɛkyerɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena