Anidaso Soronko!
“Obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.”—YOHANE 11:26.
1. Wobenyan nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu seesei no aba tebea bɛn mu?
SƐ WONYAN nnipa ɔpepem pii wɔ owusɔre no mu a, wɔmfa wɔn mma nkwa mu wɔ asase a hwee nni so so. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Wobenyan wɔ baabi pa a ɛhɔ yɛ fɛ, wobenya dabere ne ntade, na wobesiesie nnuan pii ama wɔn. Henanom na wobesiesie eyinom nyinaa? Ɛda adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ nnipa tra wiase foforo no mu ansa na asase so owusɔre no afi ase. Nanso wɔne henanom?
2-4. Anidaso soronko bɛn na wɔn a wɔte “nna a edi akyiri” yi mu no wɔ?
2 Bible nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu.a (2 Timoteo 3:1) Ɛrenkyɛ koraa Yehowa Nyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu na wapopa nsɛmmɔnedi afi asase so. (Dwom 37:10, 11; Mmebusɛm 2:21, 22) Saa bere no dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔde nokwaredi resom Onyankopɔn no so?
3 Yehowa rensɛe atreneefo nka abɔnefo ho. (Dwom 145:20) Ɔnyɛɛ biribi a ɛte saa da, na ɔrenyɛ saa bere a ɔrepopa nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase so no. (Fa toto Genesis 18:22, 23, 26 ho.) Nokwarem no, Bible mu nhoma a etwa to no ka “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” ho asɛm. (Adiyisɛm 7:9-14) Yiw, nnipadɔm kɛse bi betwa ahohiahia kɛse a ɛde mprempren wiase bɔne no bɛba awiei no, na wɔbɛkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Wɔ hɔ no, adesamma asoɔmmerɛfo benya Onyankopɔn nsiesiei a ɛyɛ nwonwa a wayɛ sɛ ɔde begye adesamma afi bɔne ne owu mu no so mfaso akosi ase. (Adiyisɛm 22:1, 2) Enti, ɛho nhia sɛ “nnipakuw kɛse” no ka owu hwɛ da. Anidaso soronko bɛn ara ni!
4 So yebetumi de yɛn ho ato anidaso a ɛyɛ nwonwa yi so? Yiw! Yesu Kristo ankasa daa no adi sɛ bere bi bɛba a nnipa bɛtra ase a wɔrenwu da. Ansa na Yesu renyan n’adamfo Lasaro no, ɔka kyerɛɛ Marta sɛ: “Obiara a ɔte ase na ogye me di no renwu da.”—Yohane 11:26.
Wo Nso Wubetumi Atra Ase Daa
5, 6. Sɛ wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?
5 So wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so? Wopɛ sɛ wuhu w’adɔfo bio? Ɛnde ɛsɛ sɛ wunya Onyankopɔn apɛde ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ. Yesu kae wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn no mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, no ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3, NW.
6 Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa bi nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:3, 4, NW) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wusua sɛnea wo ne nnipa foforo ɔpepem pii a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde dedaw no betumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Onyankopɔn ne n’ahwehwɛde ahorow ho ade pii. Dɛn nti na wunkohu wɔn wɔ wɔn Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so anaa womfa address a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no so nkyerɛw wɔn?
[Ase hɔ asɛm]
[Kratafa 31 mfonini]
Ɛho nhia sɛ “nnipakuw kɛse” ka owu hwɛ da