Wɔn Gyidi Ne Dɛn?
YEHOWA ADANSEFO gye Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, ɔsoro ne asase Bɔfo, no di. Amansan nwonwaso a atwa yɛn ho ahyia no da no adi pefee sɛ Ɔbɔadeɛ pumpuni bi a ɔwɔ tumi ne nyansa na ɔyɛɛ emu nneɛma nyinaa. Sɛnea nnwuma a mmarima ne mmea yɛ da wɔn su adi no, saa ara na nea Yehowa Nyankopɔn ayɛ da ne su ahorow adi. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “efi wiase bɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” Afei nso, “ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam,” a ɛnyɛ wɔn nne anaa nsɛm na wɔde yɛ saa.—Romafo 1:20; Dwom 19:1-4.
Nnipa nyɛ kuku anaa television ne kɔmputa a wonni atirimpɔw. Asase ne ɛso nnua ne mmoa no yɛ nwonwa paa. Nipadua no ne nkwammoaa ɔpepepepem pii a ɛwom no yɛ nea ɛboro yɛn ntease so koraa—amemene no a yɛde dwen nneɛma ho no mpo yɛ nwonwa yiye! Sɛ atirimpɔw bi na nnipa de yɛ nneɛma a yɛbɛka sɛ ɛho nhia ahe biara no a, ɛnde na yebetumi aka sɛ atirimpɔw bi nti na Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nneɛma a ɛyɛ nwonwa no! Mmebusɛm 16:4 ka sɛ atirimpɔw bi na ɔde yɛ nneɛma: “[Yehowa, NW] yɛ ade nyinaa ma biribi.”
Atirimpɔw bi nti na Yehowa bɔɔ asase, sɛnea ɔka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma . . . , na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Esiane wɔn asoɔden nti, saa awarefo yi antumi amfa mmusua a wɔteɛ a wobefi ɔdɔ mu ahwɛ asase no ne ɛso nnua ne mmoa so no anhyɛ asase no so ma. Nanso saa a wɔantumi anyɛ no mma Yehowa atirimpɔw nyɛ ɔkwa. Mfe mpempem pii akyi no, wɔkyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn, asase no Bɔfo no, wammɔ no hunu.’ “Ɔnwenee sɛ wɔntra so.” Ɛnyɛ sɛ wɔbɛsɛe no, na mmom, ‘asase no tim hɔ daa.’ (Yesaia 45:18; Ɔsɛnkafo 1:4) Yehowa atirimpɔw ma asase no bɛbam: “M’atirimpɔw begyina, na nea ɛsɔ m’ani nyinaa mɛyɛ.”—Yesaia 46:10.
Enti, Yehowa Adansefo gye di sɛ asase no bɛtra hɔ daa na nnipa nyinaa, ateasefo ne awufo, a wɔbɛfata ama Yehowa atirimpɔw no bɛtra asase a wɔasiesie so no so daa. Adesamma nyinaa nyaa sintɔ fii Adam ne Hawa hɔ, enti wɔyɛ abɔnefo. (Romafo 5:12) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara.” “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Romafo 6:23; Ɔsɛnkafo 9:5; Hesekiel 18:4, 20) Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi atra ase bio anya asase so nhyira no? Ɛdenam Kristo Yesu agyede afɔrebɔ no nkutoo so, efisɛ ɔkae sɛ: “Mene sɔre ne nkwa; nea ogye me di no, sɛ wawu po a, obenya nkwa.” “Wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29; 11:25; Mateo 20:28.
Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba? Wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ “ahenni ho asɛmpa” a Yesu fii ase kae bere a na ɔwɔ asase so no mu. (Mateo 4:17-23) Nanso ɛnnɛ, Yehowa Adansefo reka asɛmpa no wɔ ɔkwan soronko bi so.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 13]
NEA YEHOWA ADANSEFO GYE DI
Wɔn Gyidi Ahorow Kyerɛw Nsɛm a Egyina So
Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm 2 Tim. 3:16, 17; 2 Pet. 1:20, 21;
na ɛyɛ nokware Yoh. 17:17
Bible yɛ nea wotumi de wɔn ho Mat. 15:3; Kol. 2:8
to so sen atetesɛm
Onyankopɔn din ne Yehowa Dw. 83:18; Yes. 26:4;
42:8, AS; Ex. 6:3
Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, na ɔne Mat. 3:17; Yoh. 8:42; 14:28;
No nyɛ pɛ 20:17; 1 Kor. 11:3; 15:28
Kristo na odi Onyankopɔn Kol. 1:15; Adi. 3:14
abɔde nyinaa kan
Kristo wui wɔ dua so, ɛnyɛ Gal. 3:13; Aso. 5:30
mmeamudua so
Kristo de ne desani nkwa yɛɛ Mat. 20:28; 1 Tim. 2:5, 6;
agyede maa adesamma asoɔmmerɛfo 1 Pet. 2:24
Na Kristo afɔrebɔ biako Rom. 6:10; Heb. 9:25-28
no ara fata
Wonyanee Kristo fii awufo mu 1 Pet. 3:18; Rom. 6:9;
sɛ honhom abɔde a onwu da Adi. 1:17, 18
Kristo aba wɔ honhom mu Yoh. 14:19; Mat. 24:3;
Yɛwɔ “awiei bere” no mu Mat. 24:3-14; 2 Tim. 3:1-5;
mprempren Luka 17:26-30
Ahenni a ɛwɔ Kristo ase no Yes. 9:6, 7; 11:1-5;
bedi asase so wɔ trenee Dan. 7:13, 14; Mat. 6:10
ne asomdwoe mu
Ahenni no de asetra pa a ɛyɛ Dw. 72:1-4;
anigye bɛba asase so Adi. 7:9, 10, 13-17; 21:3, 4
Wɔrensɛe asase na nnipa mfi so Ɔsɛnk. 1:4; Yes. 45:18;
Onyankopɔn bɛsɛe mprempren Adi. 16:14, 16; Sef. 3:8;
nneɛma nhyehyɛe yi Dan. 2:44; Yes. 34:2;
wɔ Harmagedon 55:10, 11
Wɔbɛsɛe abɔnefo koraa Mat. 25:41-46; 2 Tes. 1:6-9
Nnipa a wɔsɔ Onyankopɔn ani Yoh. 3:16; 10:27, 28; 17:3;
no na wobenya daa nkwa Marko 10:29, 30
Ɔkwan biako pɛ na ɛkɔ Mat. 7:13, 14; Efe. 4:4, 5
nkwagye mu
Adam bɔne nti na nnipa wu Rom. 5:12; 6:23
Hell yɛ adesamma damoa Hiob 14:13, Dy; Adi. 20:13, 14, AV
ara kwa (ano ano nkyerɛkyerɛmu)
Anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo 1 Kor. 15:20-22;
ne owusɔre Yoh. 5:28, 29; 11:25, 26
Owu a ɛnam Adam so bae 1 Kor. 15:26, 54;
no befi hɔ Adi. 21:4; Yes. 25:8
Kuw ketewaa a wɔyɛ 144,000 Luka 12:32; Adi. 14:1, 3;
pɛ na wɔbɛkɔ soro ne 1 Kor. 15:40-53; Adi. 5:9, 10
Kristo akodi ade
Wɔwo 144,000 no foforo sɛ 1 Pet. 1:23; Yoh. 3:3;
Onyankopɔn honhom mu mma Adi. 7:3, 4
Wɔne honhom fam Israel no ayɛ Yer. 31:31; Heb. 8:10-13
apam foforo
Kristo ankasa ne n’asafo Efe. 2:20; Yes. 28:16;
no fapem Mat. 21:42
Ɛsɛ sɛ Yehowa nkutoo na yɛbɔ Yoh. 14:6, 13, 14;
no mpae denam Kristo so 1 Tim. 2:5
Ɛnsɛ sɛ yɛde ahoni di Ex. 20:4, 5; Lev. 26:1;
dwuma wɔ ɔsom mu 1 Kor. 10:14; Dw. 115:4-8
Ɛsɛ sɛ yɛkwati ahonhonsɛmdi Deut. 18:10-12; Gal. 5:19-21;
Satan ne wiase yi sodifo a aniwa 1 Yoh. 5:19; 2 Kor. 4:4;
nhu no Yoh. 12:31
Ɛnsɛ sɛ Kristoni de ne ho hyɛ 2 Kor. 6:14-17; 11:13-15;
gyidi afrafra mu Gal. 5:9; Deut. 7:1-5
Ɛsɛ sɛ Kristoni twe ne ho Yak. 4:4; 1 Yoh. 2:15;
fi wiase no ho Yoh. 15:19; 17:16
Di nnipa mmara a ɛne Mat. 22:20, 21;
Onyankopɔn de hyia so 1 Pet. 2:12; 4:15
Etia Onyankopɔn mmara sɛ yɛde Gen. 9:3, 4; Lev. 17:14;
mogya bɛfa yɛn anom anaa yɛn Aso. 15:28, 29
ntini mu akɔ yɛn nipadua mu
Ɛsɛ sɛ yedi Bible mmara a ɛfa 1 Kor. 6:9, 10; Heb. 13:4;
abrabɔ ho no so 1 Tim. 3:2; Mmeb. 5:1-23
Israelfo nkutoo na wɔhyɛɛ wɔn sɛ Deut. 5:15; Ex. 31:13;
wonni Homeda na ɛne Mose Rom. 10:4; Gal. 4:9, 10;
Mmara no nyinaa baa awiei Kol. 2:16, 17
Asɔfodi ne abodin soronko Mat. 23:8-12; 20:25-27;
yɛ nea ɛmfata Hiob 32:21, 22
Ɛnyɛ adannandi so na onipa Yes. 45:12; Gen. 1:27;
nam bae na mmom wɔbɔɔ no Mat. 19:4
Kristo yɛɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ 1 Pet. 2:21; Heb. 10:7;
yedi akyi de som Nyankopɔn Yoh. 4:34; 6:38
Asubɔ a wɔde obi hyɛ nsu mu Marko 1:9, 10; Yoh. 3:23;
koraa no yɛ ahosohyira ho Aso. 19:4, 5
sɛnkyerɛnne
[Mfonini wɔ kratafa 12]
ASASE, . . . Yehowa bɔe . . . sɛ onipa nhwɛ so . . . na ɔntra so daa