ADESUA 17
Akasam a Wɔde Di Dwuma
YƐN nuanom Kristofo mmarima ne mmea sɛe wɔn bere ne wɔn ahoɔden pii na ama wɔatumi aba Kristofo nhyiam ahorow ase. Sɛ wobenya nea wɔreka no mu mfaso a, ɛsɛ sɛ wotumi te asɛm no yiye.
Wɔ tete Israel no, na anyinam afiri a ɛma ɛnne gyigye kɛse nni hɔ. Bere a Mose ne Israel man no kasae wɔ Moab Tataw so ansa na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase so no, ɛyɛɛ dɛn na nnipa a na wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem pii no nyinaa tumi tee? Ebetumi aba sɛ Mose faa nnipa a na wogyinagyina nsraban no mu mmeae pɔtee bi gye n’anom asɛm ka kyerɛ afoforo so na ɛkasae. (Deut. 1:1; 31:1) Bere a Israelfo no fii ase dii asase a ɛwɔ Yordan atɔe fam no so nkonim akyi bere tiaa bi no, Yosua boaboaa ɔman no ano wɔ Bepɔw Gerisim ne Ebal anim, a ɛda adi sɛ na Lewifo no gyinagyina obon a ɛda wɔn ntam no mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ nyinaa tee nhyira ne nnome a wɔka kyerɛɛ wɔn no nyinaa, na wogyee so. (Yos. 8:33-35) Ebetumi aba sɛ saa bere yi nso, wɔde nnipa a wogye nsɛm ka kyerɛ afoforo dii dwuma, nanso akyinnye biara nni ho sɛ sɛnea na beae hɔ tumi ma ɛnne gyigye yiye no nso boae.
Bɛyɛ mfirihyia 1,500 akyi, bere a ‘nkurɔfokuw pii hyiae’ wɔ Galilea Mpoano betiee Yesu no, ɔforoo ɔkorow, kɔɔ po no so, na ɔtraa ase ne nkurɔfokuw no kasae. (Marko 4:1, 2) Dɛn nti na Yesu kasa fii ɔkorow mu? Efisɛ adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ, sɛ onipa bi wɔ nsu a atɛm dinn so na ɔkasa a ne nne mu da hɔ yiye.
Ansa na afeha a ɛto so 20 mfiase reba no, na wogyina atiefo mu nnipa dodow a wotumi te nsɛm a ɔkasafo bi kae so na ɛtaa kyerɛ sɛnea ɔkasafo no nne gyigye ne sɛnea emu da hɔ. Nanso, efi 1920 mfe no mu no, Yehowa asomfo tumi de anyinam mfiri a wɔde ma nnipa nne kɔ akyiri dii dwuma ɔkwan pa so wɔ wɔn mantam nhyiam ahorow ase.
Akasam Afiri. Afiri a ɛte saa betumi ama ɔkasafo nne nnyigyei akɔ soro mmɔho pii, na bere koro no ara ɛrensakra ne nne no. Enhia sɛ ɔkasafo no brɛ ne ho kasa den. Enhia sɛ atiefo brɛ ansa na wɔate nea wɔreka no. Mmom no, wobetumi de wɔn adwene asi asɛm no so.
Wɔabɔ mmɔden pii de ahwɛ ahu sɛ yebenya akasam mfiri a eye wɔ Yehowa Adansefo nhyiam akɛse ne nketewa ase. Bio nso, Ahenni Asa ahorow pii de akasam afiri di dwuma de ma wɔn a wɔkasa no kasa ano yɛ den, de yɛ nhyiam ahorow, anaasɛ wɔde kenkan ade fi asɛnka agua so. Na asafo binom nso wɔ akasam a atiefo no de di dwuma bere a wɔrema mmuae wɔ asafo nhyiam horow ase no. Sɛ w’asafo no wɔ afiri a ɛte saa yi bi a, sua sɛ wode bedi dwuma yiye.
Akwankyerɛ Atitiriw Bi. Sɛ wubetumi de afiri no adi dwuma yiye a, ma nyansahyɛ a edidi so yi ntra w’adwenem: (1) Ɛsɛ sɛ ɔkwan a ɛda akasam no ne w’ano ntam no yɛ bɛyɛ sɛntimita 10 kosi 15. Sɛ ɛbɛn w’ano dodo a, wɔrente wo nsɛm no yiye. Sɛ ɛwɔ akyiri dodo nso a, wo kasa no mu renna hɔ. (2) Ɛsɛ sɛ akasam no hwɛ w’anim teẽ, ɛnsɛ sɛ ɛhwɛ nkyɛn. Sɛ wodan so ti kɔ benkum anaa nifa a, nkasa gye sɛ bere a w’anim kyerɛ akasam no nkutoo. (3) Ma wo nne nkɔ soro kakra nsen nea wode bɔ nkɔmmɔ no. Nanso enhia sɛ wobɛteɛteɛm. Akasam afiri no bɛma nea ɔwɔ akyiri paa wɔ w’atiefo no mu no ate wo nne. (4) Sɛ wopɛ sɛ woporo wo menem anaasɛ wobɔ waw anaa wonwansi a, hwɛ hu sɛ wobɛdan wo ti afi akasam no ho.
Bere a Worema Ɔkasa. Sɛ wukogyina ɔkasafo pon no ho a, mpɛn pii no, onua bi besiesie sɛnea ɛsɛ sɛ akasam no hwɛ w’ano no ama wo. Bere a ɔreyɛ saa no, gyina hɔ yiye na hwɛ atiefo no anim. Fa wo kratasin no to ɔkasafo pon no so, na hwɛ hu sɛ akasam no rensiw w’anim.
Sɛ wufi ase kasa a, tie sɛnea wo nne gyigye wɔ akasam kɛse no mu. So ano yɛ den dodo, anaasɛ nsɛmfua bi kekaw asom? Ebia ebehia sɛ wutwiw kɔ akyiri sɛntimita 2.5 kosi 5. Sɛ worehwɛ wo kratasin no so a, kae sɛ bere a w’anim hwɛ akasam no anaasɛ akasam no wɔ fam kakra nkutoo na ɛsɛ sɛ wokasa, ɛnyɛ bere a woasi wo ti ase wɔ akasam no anim no.
Bere a Worekenkan Ade Afi Asɛnka Agua So. Ɛyɛ papa sɛ wubekura wo Bible anaa nhoma foforo biara ma akɔ soro kakra sɛnea ɛbɛyɛ a w’anim bɛhwɛ atiefo no. Esiane sɛ wɔde akasam no besi w’anim tẽẽ nti, ebia ebehia sɛ wotwe ade a worekenkan no kɔ nkyɛn kakra. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodan wo ti kɔ akasam no nkyɛnmu kakra. Ɛno ansa na sɛ wokenkan a, wo nne bɛkɔ akasam no mu tẽẽ.
Anuanom a wɔkenkan wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no pii gyina hɔ kasa gu akasam a esi hɔ mu. Saa gyinabea yi ma wotumi home yiye, na wotumi kenkan ma emu da hɔ. Ma ɛntra w’adwenem sɛ nkyekyem no akenkan no hia paa wɔ nhyiam no mu. Mfaso a atiefo no benya wɔ adesua no mu no fã kɛse no ara gyina asɛm a wɔkenkan kyerɛ wɔn ma wɔte no so.
Bere a Worema Mmuae Wɔ Asafo Nhyiam Ase. Sɛ atiefo de akasam na ɛma mmuae wɔ w’asafo mu a, kae sɛ ɛho da so ara hia sɛ wokasa ma emu da hɔ na wɔte wo nne yiye. Sɛ worema mmuae a, bɔ mmɔden sɛ wobɛma nhoma anaa wo Bible a wukura no so. Eyi bɛboa wo ma woahu asɛm no yiye bere a worekasa gu akasam no mu no.
Wɔ asafo ahorow bi mu no, wɔde hyɛ anuanom bi nsa sɛ wɔmfa akasam no mma wɔn a wɔfrɛ wɔn ma wɔma mmuae no. Sɛ ɛte saa wɔ w’asafo mu na sɛ wɔfrɛ wo sɛ ma mmuae a, kɔ so ma wo nsa so sɛnea ɛbɛyɛ a nea okura akasam no behu faako a wote na watumi adu wo nkyɛn ntɛm. Sɛ akasam no yɛ nea wɔde nsa kura a, siesie wo ho sɛ wobɛteɛ wo nsa agye. Mfi ase nkasa kosi sɛ wo nsa bɛka akasam no. Sɛ woma mmuae wie a, fa ma nea ɔde brɛɛ wo no ntɛm ara.
Bere a Woreyɛ Ɔyɛkyerɛ No. Ehia sɛ wudi kan susuw akasam a wode bedi dwuma wɔ ɔyɛkyerɛ mu no ho yiye. Sɛ akasam no si w’anim a, wubenya kwan de wo nsa abien nyinaa aso wo Bible ne wo kratasin mu. Akasam a wɔde nsa som no betumi ama woatumi adannan wo ho pii, nanso wubetumi ayɛ nhyehyɛe ma nea ɔne wo reyɛ ɔyɛkyerɛ no aso mu ama wo. Saa kwan no so no, wubenya kwan aso wo Bible no mu yiye. Ɛsɛ sɛ wo ne wo fiewura no sua sɛnea wɔyɛ eyi na ama wahu sɛnea obekura mu yiye. Kae nso sɛ, sɛ wowɔ asɛnka agua so a, ɛnsɛ sɛ wodan w’akyi kyerɛ atiefo no, titiriw bere a worekasa no.
Wɔ Ɔsom Nhyiam ase ɔyɛkyerɛ ahorow mu no, ebia na nnipa a wɔreyɛ no dɔɔso, na ebia wɔbɛnantenantew asɛnka agua no so. Ne saa nti, ebia wobehia akasam pii. Ɛsɛ sɛ wodi kan de eyinom to baabi wɔ asɛnka agua no so anaasɛ wɔde ma wɔn a wɔbɛyɛ ɔyɛkyerɛ no bere a wɔaba asɛnka agua no so no. Akasam no a wɔbɛhwɛ ahu sɛ ɛda yiye no hwehwɛ sɛ wodi kan yɛ ho nsiesie. Ɔyɛkyerɛ ahorow a yebedi kan abobɔ so ansa na yɛakɔyɛ no ma yenya hokwan kyerɛ wɔn a wɔbɛyɛ no sɛnea wɔde akasam no bedi dwuma yiye. Bere a yentumi mmobɔ ɔyɛkyerɛ bi so wɔ asɛnka agua so no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a wɔbɛyɛ no kura biribi a ne kɛse te sɛ akasam de suasua sɛnea wosom no yiye. Ɔyɛkyerɛ no akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn a wonyaa mu kyɛfa no de akasam no to hɔ bɔkɔɔ, na wɔhwɛ yiye sɛ bere a wɔrefi asɛnka agua no so no, hama a ɛsa akasam foforo so no renyi wɔn nhwe fam.
Sɛnea yɛde akasam di dwuma a yɛbɛma yɛn ani aku ho no nso ka atirimpɔw titiriw nti a yɛyɛ nhyiam ahorow no ho tẽẽ, a ɛne sɛ yɛnam Onyankopɔn Asɛm a yebesusuw ho no so bɛboa yɛn ho yɛn ho. (Heb. 10:24, 25) Sɛ yesuasua sɛnea yɛde akasam bedi dwuma yiye a, yebetumi aboa ma yɛadu saa botae titiriw yi ho.