Ma Nhyiam Horow No Nyɛ Nea Etumi Kyerɛkyerɛ Yiye
1 “Ade biako a ɛkaa me koma ne sɛ mmofra ne mpanyimfo a wɔwɔ Ahenni Asa no so nyinaa nyaa nhyiam horow no mu kyɛfa denam mmuae a wɔmae ne kyerɛw nsɛm ahorow a wobuei no so.” So woate sɛ obi ka saa fa Yehowa Adansefo nhyiam a edi kan a ɔkɔe ho? (1 Kor. 14:25b) Yɛn mu pii ate nsɛm a ɛtete saa pɛn. Na hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yɛkɔɔ saa nhyiam horow no na yenyaa mu kyɛfa no!
2 Sɛ yedi kan siesie yɛn ho a, yɛn mmuaema bɛyɛ nea edi mũ kɛse, na nhyiam horow no yɛ nea etumi kyerɛkyerɛ na ɛho wɔ mfaso ma wɔn a wɔkɔe nyinaa. (Heb. 10:24, 25) Ɛsɛ sɛ eyi ma hia a nnwuma a ɛne gyidi hyia ho hia no tra yɛn adwene mu ne yɛn koma so. Ɛno bɛboa yɛn ma yɛanya nkɔanim wɔ Kristofo asetra ne dwumadi mu.—Yak. 1:25.
BERE A YƐWƆ ASƐNKA AGUA SO
3 Nneɛma ahorow pii na wɔka ho asɛm wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Anuanom mmea nya dwumadi a wɔfa fi Tra Ase Daa ne Reasoning no nhoma ahorow a yɛtaa de ne n’abien nyinaa di dwuma wɔ asɛnka mu no mu. Wɔn a wɔde dwumadi ahorow yi ma wɔn no betumi ama ayɛ nea etumi kyerɛkyerɛ yiye denam tebea horow a eye a wɔbɛpaw de ama nsɛntitiriw no ada adi no so. Eyi bɛboa atiefo no ma wɔakyerɛ asɛm no ho anisɔ na wɔahu sɛnea wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu. Saa ara na anuanom mmarima a wonya ɔkasa a egyina Reasoning nhoma no so no betumi asi nsɛmpɔw a ɛho bɛba mfaso kɛse wɔ yɛn asasesin no mu no so dua. Anuanom mmarima a wodi Bible akenkan ho dwuma no betumi ama wɔn nnianim nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ akenkan no mu ne nea wɔde wie no ayɛ nea edi mũ denam nsɛmpɔw a ɛho wɔ mfaso a wobesi so dua no so. Ebia wubetumi afa akwan horow yi mu biako so ama sukuu no abɛyɛ nea etumi kyerɛkyerɛ yiye ama wɔn a wɔaba ase no nyinaa.
4 Ebia wɔbɛma yɛn kyɛfa wɔ Ɔsom Nhyiam mu ɔyɛkyerɛ bi mu. Sɛ saa a, ahosiesie ho hia kɛse. Ɛsɛ sɛ wotumi te nea yɛka no, enti ɛsɛ sɛ yɛde akasam afiri no di dwuma yiye. (Fa toto 1 Korintofo 14:9 ho.) Sɛ wurenya ɔyɛkyerɛ bi mu kyɛfa a, mfa w’akyi nkyerɛ atiefo no. Wɔ saa kwan no so sɛ wode nhoma bi rekyerɛ ofiewura no a, atiefo no behu nhoma no ho. Sɛ yɛde yɛn anim kyerɛ atiefo no a, wobetumi ate nea yɛka no yiye na wɔahu sɛnea yɛyɛ yɛn anim no.
SƐ ATIEFO
5 Yɛn a yɛba nhyiam horow no ase no betumi ama ayɛ nea etumi kyerɛkyerɛ yiye denam aso a yɛbɛyɛ kɛse no so. (1 Tim. 4:16; Heb. 2:1) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya otie su, na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kyinkyin. Wɔn a wɔte bɛn yɛn no a yɛne wɔn kasakasa brɛoo no tumi twe obi adwene fi so. Sɔre a ɛho nhia a yɛbɛsɔre nso twitware pii a yebenya afi nhyiam horow no mu no ananmu na ɛbɛma afoforo adwene afi so nso.
6 Sɛ yɛwɔ mmofra nkumaa a wontumi ntra faako a, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛtra bɛn ɔkwan ano wɔ Ahenni Asa no akyi hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhaw adwene pii. Sɛ wɔyɛ asoɔden anaasɛ dede a, eye sɛ awofo no de wɔn fi Ahenni Asa no ankasa so wɔ faako a wɔtra no. Sɛ anyɛ saa a, wɔbɛkɔ so ahaw afoforo a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn adwene besi nhyiam no so no.—Mmeb. 22:6, 15.
7 Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nhyiam horow no ayɛ nea etumi kyerekyerɛ yiye ma yɛn ho ne afoforo a, ɛbɛboa yɛn nyinaa ma yɛanyin honhom mu. Afei wɔbɛka afa yɛn ho, sɛnea na ɛte wɔ Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no ho no, sɛ yɛn ‘gyidi nyin boro so na yɛn nyinaa mmiako mmiako dɔ a yɛde dodɔ yɛn ho yɛn ho no mu adɔ.’—2 Tes. 1:3.