Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 23 kr. 157-kr. 159 nky. 4
  • Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’atiefo Fa Mu Aba
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Asafo Mu Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Baguam Ɔkasa Horow a Wubesiesie
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 23 kr. 157-kr. 159 nky. 4

ADESUA 23

Aba a Ɛwom a Wɔma Ɛda Adi

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Boa w’atiefo ma wonhu sɛnea w’asɛm no fa wɔn asetra ho anaa sɛnea wobetumi de adi dwuma ma ɛso aba wɔn mfaso.

Dɛn nti na ɛho hia?

Sɛ nkurɔfo anhu mfaso a ɛwɔ asɛm a woreka no so a, wobetumi aka akyerɛ wo sɛ wɔn ani nnye ho anaasɛ wobeyi wɔn adwene afi so, na ɛno bɛma wɔn adwene akyinkyin.

SƐ́ EBIA wo ne obi na ɛrekasa anaasɛ worekasa akyerɛ nnipa pii no, nyansa nnim sɛ wubesusuw sɛ w’atiefo no ani begye w’asɛm no ho esiane sɛ w’ani gye ho nti. W’asɛm no ho hia, nanso sɛ woamma mfaso a ɛwɔ so no anna adi a, worentumi nnya w’atiefo no mma wontie wo nkyɛ.

Eyi te saa wɔ atiefo a wɔwɔ Ahenni Asa so mpo fam. Ebia sɛ wode mfatoho anaa osuahu bi a wɔntee da ma a, wɔn adwene bɛba wo so. Nanso sɛ woka nsɛm a wonim dedaw, titiriw sɛ woansusuw ho ankɔ akyiri a, wobetumi ayi wɔn adwene afi wo so. Ehia sɛ woboa wɔn ma wohu nea enti ne ɔkwan a asɛm a woreka no so bɛba wɔn mfaso ankasa.

Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw nneɛma ho yiye. (Mmeb. 3:21) Yehowa de Yohane Osuboni dii dwuma maa nkurɔfo ‘nyaa treneefo adwene.’ (Luka 1:17) Eyi ne nyansa a efi Yehowa ho suro pa mu no. (Dw. 111:10) Wɔboa wɔn a wɔkyerɛ saa nyansa yi ho anisɔ no ma wotumi tra ase nnɛ na ama wɔn nsa atumi aka nokware nkwa, daa nkwa a ɛbɛba no.—1 Tim. 4:8; 6:19.

Ɔkasa a Wobɛma Ayɛ Nea Wotumi De Di Dwuma. Sɛ wobetumi de wo kasa adi dwuma a, ɛnsɛ sɛ wususuw asɛm no nko ho, na mmom ɛsɛ sɛ wususuw atiefo no nso ho. Nsusuw wɔn ho sɛ kuw bi kɛkɛ. Ankorankoro ne mmusua na wɔbom yɛ saa kuw no. Ebia na mmofra nkumaa paa, wɔn a wɔadu mpanyin afe so, mpanyimfo, ne afoforo a wɔanyinyin wom. Ebia wɔn a afei na wɔrekyerɛ anigye ne wɔn a wofii Yehowa som ase ansa na wɔrewo wo wom. Ebia na honhom fam no, ebinom ho akokwaw; ebia na suban ahorow ne wiase no nneyɛe bi anya afoforo so nkɛntɛnso kɛse. Bisa wo ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na atiefo benya asɛm a merekɔka no so mfaso? Mɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔanya aba a ɛwom no?’ Ebia wubesi gyinae sɛ wobɛhyɛ da atwe adwene asi kuw a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ ha yi mu biako pɛ anaa abien so. Nanso mma wo werɛ mfi wɔn a aka no koraa.

Na sɛ wɔde Bible nkyerɛkyerɛ titiriw bi na ama wo sɛ kyerɛkyerɛ mu nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na wubetumi ama atiefo a wogye saa nkyerɛkyerɛ no di dedaw no anya so mfaso? Bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ ahotoso a wɔwɔ wom no mu den. Ɔkwan bɛn so? Denam kyerɛwsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu a wo ne wɔn besusuw ho no so. Afei nso wubetumi ama anisɔ a wɔwɔ ma saa Bible nkyerɛkyerɛ no mu ayɛ den kɛse. Wubetumi ayɛ eyi denam sɛnea saa nkyerɛkyerɛ no ne Bible mu nokware afoforo ne Yehowa ankasa nipasu hyia a wobɛda no adi no so. Ma nhwɛso ahorow—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, nsɛm a asisi ankasa—a ɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo anya saa nkyerɛkyerɛ no so mfaso ne sɛnea anya wɔn daakye asetra so nkɛntɛnso.

Mma mfaso a ɛwɔ so no nnyɛ nsɛm kakraa bi a wode bewie wo kasa no. Wɔ kasa no mfiase pɛɛ no, ɛsɛ sɛ atiefo no mu biara te nka sɛ “asɛm yi fa me ho.” Bere a woato saa fapem no awie no, kɔ so ma mfaso a ɛwɔ so no nna adi bere a woka nsɛntitiriw a ɛwɔ wo kasa no mu ho asɛm ne bere a worewie no nso.

Sɛ worekyerɛ ɛso mfaso no mu a, hwɛ hu sɛ wobɛma ɛne Bible mu nnyinasosɛm ahyia. Dɛn na ɛno kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ wobɛda ɔdɔ ne tema adi. (1 Pet. 3:8; 1 Yoh. 4:8) Bere a na ɔsomafo Paulo redi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma wɔ Tesalonika mpo no, ɔde yɛɛ ne su sɛ obesi ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea a na wɔwɔ hɔ no honhom fam nkɔso so dua. Afei nso onyaa wɔn mu ahotoso sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ asɛm a na wɔresusuw ho no mu. (1 Tes. 4:1-12) Nhwɛso fɛfɛ a ɛsɛ sɛ yesua bɛn ara ni!

So wo kasa no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkanyan afoforo ma wɔde wɔn ho ahyɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu? Kanyan wɔn ma wɔnkyerɛ hokwan no ho anigye ne anisɔ. Nanso, bere a woyɛ saa no, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛsono baabi a obiara betumi de ne ho ahyɛ adwuma yi mu akodu, na Bible no ka eyi ho asɛm. (Mat. 13:23) Mma wo nuanom nnte nka sɛ wɔmmɔ mmɔden. Hebrifo 10:24 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Sɛ yɛtwe adwene kɔ ɔdɔ so a, nnwuma a wofi adwempa mu yɛ bedi akyi. Sɛ́ anka wobɛhyɛ wɔn ma wɔayɛ ade no, hyɛ no nsow sɛ ‘osetie a ɛde kɔ gyidi mu’ na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. (Rom. 16:26) Bere a eyi wɔ yɛn adwenem no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛhyɛ gyidi ho nkuran—yɛne yɛn nuanom nyinaa de nso bi.

Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔate Aba a Ɛwom no Ase. Bere a wudi afoforo adanse no, mma w’ani mmpa so sɛ wubesi mfaso a ɛwɔ asɛmpa no so no so dua. Saa a wobɛyɛ no hwehwɛ sɛ wususuw nea ɛwɔ nkurɔfo a wɔwɔ w’asasesin mu no adwenem ho. Wobɛyɛ dɛn ahu? Tie nsɛm a wɔka wɔ radio anaa television so no. Hwɛ nsɛm a epue wɔ atesɛm krataa anim no. Afei nso bɔ mmɔden sɛ wobɛtwetwe nkurɔfo ma wɔakasa, na tie wɔn bere a wɔkasa no. Wubehu sɛ ebia nsɛm bi rehaw wɔn—adwuma a afi wɔn nsa, ɔdan ka, ɔyare, obusuani bi wu, amumɔyɛfo ho suro, atɛnkyea a obi a ɔwɔ tumi bu wɔn, aware a asɛe, mmofra sodi, ne nea ɛtete saa. So Bible no betumi aboa wɔn? Akyinnye biara nni ho.

Sɛ worefi nkɔmmɔbɔ bi ase a, ɛda adi sɛ wubenya asɛmti bi wɔ w’adwenem. Nanso sɛ onipa no kyerɛ sɛ ɔwɔ asɛm foforo bi a ɛho hia no, na sɛ wubetumi ne no asusuw ho a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho, anaasɛ ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba de ho nsɛm a ɛbɛboa no abrɛ no. Ɛwom, yɛkwati sɛ ‘yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ nsɛm a ɛmfa yɛn ho mu,’ nanso yefi anigye mu ka Bible mu afotu kyerɛ afoforo. (2 Tes. 3:11) Ɛda adi sɛ nea nkurɔfo ani begye ho paa ne Bible mu afotu a ɛfa wɔn ankasa asetra ho.

Sɛ nkurɔfo ntumi nhu sɛnea yɛn asɛm no fa wɔn ho ankasa a, wobetumi atwa nkɔmmɔbɔ no so ntɛm ara. Sɛ wɔma yɛkasa mpo na sɛ yɛantumi ankyerɛ mfaso a ɛwɔ asɛm no so a, yɛn asɛm no rennya wɔn asetra so nkɛntɛnso pa biara. Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ yɛma mfaso a ɛwɔ asɛm no mu no mu da hɔ pefee a, yɛn nkɔmmɔbɔ no betumi asakra nkurɔfo asetra.

Sɛ woreyɛ Bible adesua a, kɔ so si mfaso a ɛwɔ so no so dua. (Mmeb. 4:7) Boa asuafo ma wɔnte Kyerɛwnsɛm mu afotu, nnyinasosɛm, ne nhwɛso ahorow a ɛkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛnantew Yehowa akwan so no ase. Si mfaso a ebefi saa a wɔbɛyɛ mu aba no so dua. (Yes. 48:17, 18) Eyi bɛka asuafo ma wɔayɛ nsakrae a ehia wɔ wɔn asetram. Ma wonnya Yehowa ho dɔ na wonnya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no, na womfi wɔn komam mfa afotusɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nni dwuma.

SƐNEA WOBƐYƐ NO

  • Sɛ woresiesie ɔkasa a, nsusuw asɛm no nkutoo ho, na mmom susuw w’atiefo no nso ho. Ma ɔkasa no wɔ ɔkwan bi so a wobenya so mfaso ankasa.

  • Ntwɛn mma kasa no mma awiei ansa na woaka mfaso a ɛwom no. Ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ wo kasa no nyinaa mu.

  • Sɛ woresiesie wo ho akodi adanse a, susuw nea ɛwɔ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu adwenem no ho.

  • Sɛ woredi adanse a, tie nea ɔfoforo no ka no, na dan w’asɛm no ma ɛne no nhyia.

DWUMADI: San hwɛ Yɛn Ahenni Som ahorow a wowɔ no mu, na paw nsɛm a wɔka kyerɛ biako anaa abien a wote nka sɛ wubetumi de adi dwuma wɔ wo mpɔtam hɔ yiye paa. Fa di dwuma wɔ asɛnka mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena