Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 39 kr. 220-kr. 222 nky. 6
  • Ɔkasa Awiei a Etu Mpɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkasa Awiei a Etu Mpɔn
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Nsɛm a Wode Bewie No Ntu Mpɔn
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma Nsɛntitiriw a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Kratasin a Wɔhwɛ So Ma Ɔkasa Mu Nsɛm a Wobɛhyehyɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nnianim Asɛm a Ɛkanyan Anigye
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 39 kr. 220-kr. 222 nky. 6

ADESUA 39

Ɔkasa Awiei a Etu Mpɔn

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Ka biribi wɔ wo nsɛm a etwa to no mu a ebetumi akanyan atiefo no ma wɔayɛ nea wɔate no ho biribi.

Dɛn nti na ɛho hia?

Wɔtaa kae nsɛm a wɔka de wie ɔkasa no bere tenteenten. Enya sɛnea kasa mũ no nyinaa tu mpɔn no so nkɛntɛnso.

EBIA na woyɛɛ wo dwumadi no mu nhwehwemu hyehyɛɛ no yiye. Ebetumi aba nso sɛ wusiesiee nnianim asɛm bi a ɛkanyan anigye. Nanso, ade biako ho behia—ɔkasa awiei a etu mpɔn. Mmu hia a ehia no adewa. Mpɛn pii no, asɛm a woka twa to no na wɔkae no bere tenteenten. Sɛ ɔkasa awiei no mu nyɛ hyew a, ebetumi asɛe nea woaka dedaw no mpo.

Susuw nea edidi so yi ho hwɛ: Aka kakra ma Yosua awu no, ɔmaa ɔkasa titiriw bi kyerɛɛ Israel man no mu mpanyimfo. Bere a ɔkaa sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii fi Abraham bere so tɔnn ho asɛm wiei no, so Yosua bɔɔ emu nsɛntitiriw no mua kɛkɛ? Dabi. Mmom no, ofi nkate a emu yɛ den mu tuu nkurɔfo no fo sɛ: ‘Munsuro Yehowa na monsom no emudi ne nokware mu.’ W’ankasa kenkan Yosua nsɛm a etwa to a wɔakyerɛw wɔ Yosua 24:14, 15 no.

Yebehu ɔkasa foforo a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow a ɔsomafo Petro ma kyerɛɛ nnipakuw bi wɔ Pentekoste 33 Y.B. no. Afahyɛ ase wɔ Yerusalem wɔ Asomafo no Nnwuma 2:14-36. Nea edi kan no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na ɛyɛ Yoel nkɔmhyɛ a ɛfa Nyankopɔn honhom a wobehwie agu ho no mmamu na wɔrehu no. Nea edi hɔ no, ɔkyerɛɛ abusuabɔ a ɛda eyi ne nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho a ɛwɔ Nnwom nhoma no mu a ɛkaa Yesu Kristo wusɔre ne ma a wɔbɛma no so akɔtra Onyankopɔn nifa no ntam. Afei, wɔ Petro nsɛm a etwa to mu no, ɔkaa ɔsɛmpɔw a ehia sɛ n’atiefo no mu biara hu no ho asɛm pefee. Ɔkae sɛ: “Enti ma Israel fi nyinaa nhu ampa sɛ Onyankopɔn de Yesu yi ara a mosɛn no no ayɛ Awurade ne Kristo.” Wɔn a wɔwɔ hɔ no bisae sɛ: “Anuanom, yɛnyɛ dɛn?” Petro buae sɛ: “Monsakra mo adwene, na mo nyinaa mma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu.” (Aso. 2:37, 38) Saa da no atiefo no mu bɛyɛ 3,000 a nea wɔtee no kaa wɔn no, gyee Yesu Kristo ho nokwasɛm no toom.

Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Woma Ɛtra W’adwenem. Ɛsɛ sɛ nea wobɛka wɔ wo nsɛm a etwa to mu no ne w’asɛmti no nya abusuabɔ tẽẽ. Ɛsɛ sɛ ɛde nsɛntitiriw a woaka ho asɛm no ba awiei ɔkwan a etu mpɔn so. Ebia wobɛpɛ sɛ wode w’asɛmti no mu nsɛmfua atitiriw bi ka ho, nanso ɛnyɛ nhyɛ sɛ wobɛsan atĩ mu.

Mpɛn pii no, atirimpɔw a enti worekasa ne sɛ wobɛhyɛ afoforo nkuran ma wɔagyina nsɛm a woka no so ayɛ biribi. Ɔkasa awiei atirimpɔw titiriw biako ne sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Bere a wopaw w’asɛmti ne nsɛntitiriw a ɛwom no, so wususuw nea enti a asɛm no ho behia w’atiefo no ne botae a wubegyina so akasa no ho? Sɛ saa a, ɛnde na wunim nea wopɛ sɛ wɔyɛ wɔ ho. Afei ehia sɛ wokyerɛkyerɛ nea saa adeyɛ no te ne ɔkwan a wobetumi afa so adi ho dwuma no mu.

Nea wobɛkyerɛ w’atiefo ma wɔayɛ akyi no, ɛsɛ sɛ nsɛm a wode bewie wo kasa no tumi kanyan wɔn. Ɛsɛ sɛ ɛfa atirimpɔw pɔtee nti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa ne mfaso a wobetumi anya afi ne yɛ mu no ho. Sɛ wususuw nsɛm a etwa to no ho yiye na sɛ woka ma emu da hɔ a, ɛbɛma wo kasa mũ no nyinaa atu mpɔn kɛse.

Ma ɛntra w’adwenem sɛ ɔkasa no reba n’awiei. Ɛsɛ sɛ nea woka no kyerɛ saa. Ɛsɛ sɛ sɛnea ɛkɔ ntɛmntɛm anaa brɛoo no nso yɛ nea ɛsɛ. Nkasa ahoɔhare so mfa nwie, na afei woatwa w’asɛm so prɛko pɛ. Ɔkwan foforo so nso no, mmrɛ wo nne ase. Ɛsɛ sɛ ɛnne a wode kasa no yɛ nea ɛsɛ nanso mma ɛnntra so. Ɛsɛ sɛ wo nsɛm kakra a etwa to no da adi sɛ asɛm no reba awiei. Ɛsɛ sɛ sɛnea woka no no da aniberesɛm ne ahotoso a ɛwom no adi. Sɛ woresiesie wo ho akɔma ɔkasa a, mma wo werɛ mmfi sɛ wubesua nsɛm a wobɛka de awie no.

Ɛsɛ sɛ nsɛm a woka de wie wo kasa no tenten kodu he? Ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wode bere pɔtee bi to ho. Ɛnsɛ sɛ wotwe nsɛm a etwa to no mu. Sɛnea ne tenten fata no betumi ada adi wɔ nkɛntɛnso a enya wɔ atiefo no so no mu. Ɔkasa awiei a ɛyɛ tiaa, anaa tẽẽ, no yɛ nea wɔkyerɛ ho anigye bere nyinaa. Sɛ wohyehyɛ no yiye a, nea ɛware kakra a mfatoho tiawa bi ka ho no nso betumi ayɛ nea etu mpɔn. Fa nsɛm tiawa a wɔde wiee Ɔsɛnkafo nhoma no nyinaa a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:13, 14 no toto Bepɔw so Asɛnka a ɛyɛ tiaa koraa a ɛwɔ Mateo 7:24-27 no ho hwɛ.

Wɔ Asɛnka Mu. Baabiara nni hɔ a wuhyia hia a ehia sɛ wode w’asɛm ba awiei sen bere a wowɔ asɛnka mu no. Ɛdenam ahosiesie ne nnipa ho anigye a wowɔ so no, wubetumi ayɛ pii. Wubetumi de afotusɛm a ɛwɔ nkratafa a edi eyi anim no adi dwuma ma ɛso aba mfaso ɛmfa ho mpo sɛ ɛyɛ baanu nkɔmmɔ no.

Nkɔmmɔbɔ betumi ayɛ tiawa koraa. Ebia na onii no nni adagyew. Wo nsrahwɛ no nyinaa betumi adi simma biako pɛ. Sɛ ɛho behia a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi: “Mitumi hu sɛ wunni adagyew. Nanso ma memfa nkuranhyɛsɛm biako bi nnyaw wo. Bible no kyerɛ sɛ yɛn Bɔfo no wɔ atirimpɔw bi a ɛyɛ anigye—sɛ ɔbɛyɛ asase yi baabi a nnipa betumi atra daa. Yebetumi anya saa Paradise no mu atra, nanso ehia sɛ yesua Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow.” Anaasɛ wubetumi aka akyerɛ no kɛkɛ sɛ wobɛsan aba wɔ bere a eye ma no paa mu.

Sɛ wutwa nsrahwɛ no so esiane sɛ ofiewura no gyae kɔyɛ biribi prɛko pɛ nti—sɛ mpo wanna su pa adi—a, ɔkwan biara so no, wubetumi ayɛ biribi pa bi. Ma afotusɛm a ɛwɔ Mateo 10:12, 13 ne Romafo 12:17, 18 no ntra w’adwenem. Sɛnea wobɛyɛ w’ade wɔ odwo kwan so no betumi asakra adwene a ɔwɔ wɔ Yehowa Adansefo ho no. Ɛno bɛyɛ ade pa.

Ɔkwan foforo so no, wubetumi ne ofiewura no abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Dɛn nti na wonsan ntĩ asɛntitiriw a wopɛ sɛ ɔkae no mu? Ka biribi ka ho fa hyɛ no nkuran ma ɔnyɛ ho biribi.

Sɛ wuhu sɛ hokwan wɔ hɔ a bere foforo no mubetumi abɔ nkɔmmɔ a, ma onii no biribi a obesusuw ho de atwɛn. Bisa asɛm bi—ebia nkɔmmɔbɔ bi a ɛwɔ Reasoning From the Scriptures anaa nhoma a wɔayɛ ma wɔde asua Bible no mu. Ma wo botae no ntra w’adwenem sɛnea Yesu kaa ho asɛm wɔ Mateo 28:19, 20 no.

So wode ofie Bible adesua bi reba n’awiei? Asɛmti no a wobɛsan atĩ mu no bɛboa osuani no ma wakae nea mususuw ho no. Ntĩmu nsɛmmisa a wode bedi dwuma no bɛboa ma nsɛntitiriw no aka osuani no adwenem, titiriw no sɛ moanyɛ no ahoɔhare so a. Asɛmmisa a ɛfa sɛnea osuani no benya ade a musuae no so mfaso ho anaa sɛnea ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo no betumi aboa no ma wasusuw ɔkwan a ɔbɛfa so de nea wasua no adi dwuma ho.—Mmeb. 4:7.

Kae sɛ—wo nsɛm a wode bewie no benya sɛnea mo nkɔmmɔbɔ no nyinaa betu mpɔn no so nkɛntɛnso.

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Hwɛ hu sɛ wo kasa awiei nsɛm no bɛfa nsɛm a woaka dedaw no ho tẽẽ.

  • Kyerɛ nea ɛsɛ sɛ atiefo no yɛ wɔ nea wɔate no ho.

  • Fa nea woka ne sɛnea woka no no kanyan w’atiefo no.

DWUMADI: Siesie ɔkasa awiei abien a wode bɛkɔ asɛnka: (1) nea sɛ ofiewura no gyae kɔyɛ biribi prɛko pɛ a wobɛka ne bere a wunnya bere pii nkasa ne (2) asɛmmisa pɔtẽẽ bi a sɛ wosan kɔ a mubesusuw ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena