Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 47 kr. 247-kr. 250 nky. 2
  • Mfonini a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfonini a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Wonim a Wɔde Ma Mfatoho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Fa Mfoni Di Dwuma Ɔkwampa So
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Obu a Wɔkyerɛ Ma Afoforo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Fa Video Ahorow a Etumi Kyerɛkyerɛ no Di Dwuma
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 47 kr. 247-kr. 250 nky. 2

ADESUA 47

Mfonini a Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Fa mfonini, asase mfonini, nsɛm a wɔahyehyɛ, anaa nneɛma afoforo di dwuma ma nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm bi mu nna hɔ.

Dɛn nti na ɛho hia?

Mpɛn pii no, mfonini taa ma nsɛm ka adwene mu sen nsɛm a wɔka.

DƐN nti na ɛsɛ sɛ wode mfonini ahorow di dwuma wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu? Efisɛ saa a wobɛyɛ no betumi ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn yiye. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo de mfonini ahorow dii dwuma, na yebetumi asuasua wɔn. Sɛ wɔde mfonini ahorow ne nsɛm bom a, wɔnam akwan abien so te asɛm ase. Eyi betumi ama w’atiefo ayɛ aso ama wo na ahyɛ w’asɛm no mu den. Wobɛyɛ dɛn atumi de mfonini ahorow aka asɛmpa a woka no ho? Wobɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ wode redi dwuma yiye?

Sɛnea Akyerɛkyerɛfo Akɛse no De Mfonini Dii Dwuma. Yehowa de nneɛma a ɛnyɛ den sɛ wɔbɛkae dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛho hia. Da koro anadwo bi ɔde Abraham fii adi kogyinaa abɔnten kae sɛ: “Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wubetumi akan anaa. . . . Sɛ w’asefo bɛyɛ nen.” (Gen. 15:5) Ɛwom sɛ na nea wɔhyɛɛ ho bɔ no te sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye wɔ nnipa fam, nanso enyaa Abraham so nkɛntɛnso ma onyaa Yehowa mu gyidi. Wɔ bere foforo mu no, Yehowa somaa Yeremia kɔɔ ɔnwemfo bi fi na ɔma ɔhyɛn ɔnwemfo no adwumayɛbea hɔ kɔhwɛɛ sɛnea ɔde dɔte nwene ade. Tumi a Ɔbɔadeɛ no di wɔ nnipa so ho asuade a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! (Yer. 18:1-6) Ná ɛbɛyɛ dɛn na Yona werɛ atumi afi mmoborohunu ho asuade a Yehowa nam adedenkuruma so ma onyae no? (Yona 4:6-11) Mpo Yehowa ka kyerɛɛ n’adiyifo no sɛ sɛ wɔde nneɛma bi a ɛfata redi dwuma de ahyɛ nkɔm a, wɔnyɛ asɛm no ho ɔyɛkyerɛ ankasa. (1 Ahe. 11:29-32; Yer. 27:1-8; Hes. 4:1-17) Sɛnea ntamadan no ne asɔredan no hwɛbea te ankasa no yɛ nnyinasosɛm a ɛboa yɛn ma yɛte sɛnea nneɛma te ankasa wɔ ɔsoro ase. (Heb. 9:9, 23, 24) Afei nso Onyankopɔn de anisoadehu ahorow dii dwuma de daa nsɛm a ɛho hia adi.—Hes. 1:4-28; 8:2-18; Aso. 10:9-16; 16:9, 10; Adi. 1:1.

Ɔkwan bɛn so na Yesu de mfonini ahorow dii dwuma? Bere a Farisifo no ne Herode akyidifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔde Yesu nsɛm a ɔka besum no afiri no, Yesu bisae sɛ wɔmfa denare mmra, na ɔtwee adwene sii Kaesare mfonini a ɛwɔ sika no so no so. Afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Kaesare de ma Kaesare na wɔde Nyankopɔn de nso ma Onyankopɔn. (Mat. 22:19-21) Bere a Yesu de ɔkwan a yɛbɛfa so de nea yɛwɔ nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ho asuade rema no, ɔtwee adwene sii ɔbea kunafo hiani bi a ɔwɔ asɔredan mu hɔ a na ne ntoboa—mman abien—no ne n’asetrade a ɔwɔ nyinaa so. (Luka 21:1-4) Bere foforo no ɔde abofra kumaa bi yɛɛ ahobrɛase a anuonyampɛ nnim ho nhwɛso. (Mat. 18:2-6) Afei nso n’ankasa yɛɛ nea ahobrɛase kyerɛ ho nhwɛso denam n’asuafo no nan ase a ɔhohoroe no so.—Yoh. 13:14.

Akwan a Wobɛfa So De Mfonini Adi Dwuma. Esiane sɛ yɛnte sɛ Yehowa nti yɛrentumi mfa anisoadehu ahorow so nni nkitaho. Nanso, mfonini ahorow a ɛkanyan adwene pii wɔ Yehowa Adansefo nhoma ahorow mu. Fa boa anigyefo ma wonhu asase so Paradise a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Wɔ ofie Bible adesua yɛ mu no, wubetumi atwe osuani no adwene asi mfonini bi a ɛfa nea moresua ho ade no so na woabisa no ma waka nea ohu. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ bere a Yehowa de anisoadehu bi rema odiyifo Amos no, obisaa no sɛ: “Amos, dɛn na wuhu yi?” (Amos 7:7, 8; 8:1, 2) Wubetumi abisa nsɛm a ɛte saa ara bere a wotwe nkurɔfo adwene si mfonini ahorow so no.

Sɛ wonam akontaabu anaa mmerebu a ɛkyerɛ sɛnea nsɛntitiriw bi sisii nnidiso nnidiso so kyerɛkyerɛ nneɛma mu a, eyi betumi aboa nkurɔfo ma wɔate nkɔmhyɛ ahorow bi te sɛ “mmere nson” a ɛwɔ Daniel 4:16 ne “adapɛn aduɔson” a ɛwɔ Daniel 9:24 no ase ntɛm ara. Nneɛma a ɛte saa a wɔde kyerɛ ade no pii wɔ yɛn nhoma ahorow a yesua no mu.

Wɔ mo abusua Bible adesua mu no, nneɛma te sɛ ntamadan, Yerusalem asɔrefie, ne asɔrefie a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu a mode mfonini ahorow besusuw ho no bɛma asete ayɛ mmerɛw. Mubetumi ahu eyinom wɔ Insight on the Scriptures, New World Translation of the Holy Scriptures—With References ho nkekaho, ne Ɔwɛn-Aban mu nsɛm ahorow mu.

Sɛ wo ne w’abusua rekenkan Bible no a, fa asase mfonini ahorow di dwuma yiye. Munni Abraham akwantu a efi Ur kosi Haran de kɔ Betel no akyi. Monhwehwɛ ɔkwan a Israelfo no faa so sɛ ɔman, fii Misraim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no mu. Monhwɛ beae a wɔde maa Israel abusua biara sɛ agyapade no. Monhwɛ faako a Salomo ahenni no trɛw kodu. Monhwɛ ɔkwan a Elia twae bere a oguan fi Yesreel faa sare so ara kosii Beer-Seba akyi bere a Isebel hunahunaa no akyi no. (1 Ahe. 18:46-19:4) Monhwɛ nkuropɔn ne nkurow a Yesu kaa asɛm wɔ hɔ no. Munni Paulo akwantu no akyi sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma no mu no.

Sɛ worekyerɛ sɛnea asafo no dwumadi ahorow te mu akyerɛ Bible asuafo a, mfonini ahorow a wode bedi dwuma no boa paa. Wubetumi de dwumadi nhyehyɛe a wɔatintim akyerɛ wo suani na woakyerɛkyerɛ nneɛma a yesusuw ho wɔ amansin ne amantam nhyiam ase no mu akyerɛ no. Nnipa pii ani agye Ahenni Asa anaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a wɔkɔhwehwɛɛ hɔ no ho yiye. Eyi betumi ayɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔfa so yi adwemmɔne a afoforo wɔ wɔ yɛn adwuma ne n’atirimpɔw ho no afi hɔ. Sɛ wode obi kɔhwɛ Ahenni Asa so a, kyerɛ no nsonsonoe a ɛwɔ ɛhɔ ne mmeae foforo a ɔsom afoforo hyiam no mu. Si sɛnea tebea a ɛwɔ hɔ no ye ma adesua no so dua. Kyerɛ no nneɛma a wɔahyɛ da asiesie ama yɛn baguam ɔsom adwuma no—mmeae a wogye nhoma, asasesin mfonini ahorow, ne ntoboa nnaka (nea ɛnte sɛ prɛte a wɔde gyigye sika) no.

Mmeae a video a Sodikuw no asiesie wɔ no, gyina eyi so fa hyɛ Bible no mu ahotoso mu den, na ma osuani no nhu sɛnea Yehowa Adansefo yɛ wɔn nneɛma, na ɛnhyɛ wɔn a wɔhwɛ yɛn no nkuran ma wɔntra ase ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia.

Mfonini a Wode Bedi Dwuma Akyerɛ Kuw Akɛse. Sɛ wusiesie wo ho na wode di dwuma yiye a, wubetumi de nneɛma a wɔhwɛ yi adi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so de akyerɛ kuw akɛse ade. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ayɛ mfonini a ɛte saa no wɔ akwan horow pii so.

Mfonini ahorow a ɛte saa wɔ adesua nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no mu, na nea ɔhwɛ adesua no so no betumi de adi dwuma de asi nsɛm a ehia so dua. Saa ara nso na ɛte wɔ nhoma horow a yesua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no ho.

Kratasin a wɔhwɛ so ma baguam ɔkasa no bi wɔ hɔ a, etumi ma wɔde mfonini ahorow di dwuma de kyerɛkyerɛ nsɛm mu. Nanso mpɛn pii no, sɛ wɔtwe adwene si nea ɛwɔ Bible a atiefo no mu dodow no ara kura bi mu no so a, ɛso tumi ba mfaso kɛse. Sɛ ɛtɔ da bi na sɛ ɛho hia sɛ wode mfonini anaa nsɛm bi a wɔakyerɛw kyerɛ na wode akyerɛ ɔkasa mu asɛm anaa nsɛm bi mu a, di kan hwɛ sɛ ebia wɔn a wɔte akyiri wɔ asa no so no behu (anaa wobetumi akenkan) anaa. Ɛnsɛ sɛ wode biribi a ɛte saa di dwuma pii.

Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebegye nkurɔfo ani nti na yɛde mfonini kyerɛ bere a yɛrema ɔkasa anaa yɛrekyerɛkyerɛ no. Sɛ yɛde mfonini bi a ɛfata di dwuma a, ɛsɛ sɛ ɛma wohu adwene a ɛsɛ sɛ wosi so dua no yiye. Sɛ nneɛma a ɛtete saa boa ma nsɛm a wɔka mu da hɔ a, edi atirimpɔw titiriw bi ho dwuma, anaa ɛde nea wɔka no ho adanse a edi mu ma. Sɛ wɔde mfonini a ɛfata di dwuma yiye a, etumi ma wɔkae mfonini no ne nsɛm a wɔka no mfe pii.

Sɛnea wotumi te asɛm na wohu ade no nyinaa di dwuma titiriw wɔ adesua mu. Kae sɛnea Akyerɛkyerɛfo akɛse no de nkatede yi dii dwuma no, na bɔ mmɔden sɛ wubesuasua bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ afoforo nkyɛn no.

ƐSƐ SƐ MFONINI A ETU MPƆN NO . . .

  • Si nsɛm so dua anaa ɛkyerɛkyerɛ nsɛm a ehia sɛ wosi so dua mu fann.

  • De akwankyerɛ ma sɛ ne botae titiriw.

  • Sɛ wɔde kyerɛ wɔ asɛnka agua so a, atiefo no nyinaa hu no yiye.

DWUMADI: Kyerɛ mfonini ko a wopɛ sɛ wode di dwuma wɔ ase ha . . .

Nea ɛbɛma wɔakyerɛ Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

Nea ɛbɛma wɔakyerɛ abofra Bible mu nokware bi mu

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena