Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • be adesua 49 kr. 255-kr. 257 nky. 4
  • Nkyerɛkyerɛmu a Emu Da Hɔ a Wɔde Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkyerɛkyerɛmu a Emu Da Hɔ a Wɔde Ma
  • Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔda no Adi Ɔkwampa So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kyerɛwnsɛm a Wɔde Di Dwuma Ɔkwan a Ɛteɛ So
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • W’atiefo Fa Mu Aba
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Bible a Wɔhyɛ Nkuran Ma Wɔde Di Dwuma
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
be adesua 49 kr. 255-kr. 257 nky. 4

ADESUA 49

Nkyerɛkyerɛmu a Emu Da Hɔ a Wɔde Ma

Dɛn na ehia sɛ woyɛ?

Fa adanse a ɛtɔ asom ma fa kyerɛkyerɛ wo nsɛm mu.

Dɛn nti na ɛho hia?

W’atiefo no rennye nea woka no nni anaa wɔrenyɛ ho hwee gye sɛ woma wohu sɛ ɛyɛ nokware.

SƐ WOKA asɛm bi a, w’atiefo no wɔ hokwan sɛ wobisa sɛ: “Dɛn nti na ɛyɛ nokware? Adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegye nea ɔkasafo no reka no tom?” Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo no, ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wubua nsɛmmisa a ɛte saa anaasɛ woboa w’atiefo ma wɔhwehwɛ mmuae no. Sɛ asɛm a woaka no ho hia paa a, hwɛ hu sɛ wobɛma w’atiefo no anya adanse a emu yɛ den a ɛbɛma wɔagye atom. Eyi bɛboa ma wo nsɛm no atumi adan atiefo ti.

Ɔsomafo Paulo de nsɛm a ɛdan ti dii dwuma. Ɛdenam nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom, nea ntease wom, nkotɔsrɛ a emu yɛ den a ɔde dii dwuma so no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan wɔn a ɔkasa kyerɛɛ wɔn no adwene. Ɔyɛɛ nhwɛso pa maa yɛn. (Aso. 18:4; 19:8) Ɛwom, baguam akasafo binom de nsɛm a ɛdan ti daadaa nkurɔfo. (Mat. 27:20; Aso. 14:19; Kol. 2:4) Wobetumi de nsusuwii bɔne afi ase, de wɔn ho ato nsɛm a ntease nnim so, de nkyerɛkyerɛmu a emu nnɔ ama, apo nokwasɛm a ɛne wɔn nsusuwii nhyia, anaa wɔaka nsɛm a ɛkanyan nkate mmom sen sɛ wɔbɛka nsɛm a ntease wom. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ yɛbɛkwati akwan a ɛtete saa nyinaa.

Egyina Onyankopɔn Asɛm so Pintinn. Ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nsɛm a efi yɛn ankasa tirim. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛka nea yɛasua afi Bible mu no akyerɛ afoforo. Wɔ eyi yɛ mu no, nhoma horow a efi akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no hɔ no aboa yɛn kɛse. Saa nhoma horow yi hyɛ yɛn nkuran ma yɛhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye. Na yɛn nso, ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ nea yɛka na ɛyɛ nokware, na mmom yefi ahobrɛase mu dan afoforo adwene kɔ Bible no so na ama wɔn ankasa ahu nea ɛka. Yɛne Yesu Kristo a ɔkae wɔ ne mpaebɔ mu kyerɛɛ N’agya sɛ: “W’asɛm yɛ nokware” no yɛ adwene. (Yoh. 17:17) Tumi biara nni hɔ a ɛso sen Yehowa Nyankopɔn, ɔsoro ne asase Bɔfo no. Di a yɛn nkyerɛkyerɛmu no di mu no gyina N’asɛm no so.

Ɛtɔ mmere bi a wo ne nnipa a wonnim Bible ho hwee anaa wonnye ntom sɛ ɛyɛ Nyankopɔn Asɛm bɛkasa. Ɛsɛ sɛ wode nhumu di dwuma wɔ bere a ebehia sɛ wode Bible no di dwuma ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wofa so de di dwuma ho. Nanso ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden twe wɔn adwene kɔ baabi a asɛm no fi so ntɛm ara.

So ɛsɛ sɛ woka sɛ wɔrennya asɛm biara nka wɔ kyerɛwsɛm a ɛfa asɛm no ho a wobɔ so kɛkɛ no ho? Ɛnte saa ankasa. Ebia ebehia sɛ wotwe adwene si emu nsɛm no so de kyerɛ sɛ kyerɛwsɛm no foa nea woreka no so ampa. Sɛ woretwe nnyinasosɛm bi afi kyerɛwsɛm no mu na sɛ asɛm no mfa saa asɛm no ho a, ebia ebehia sɛ wode ho adanse pii ma. Ebehia sɛ wode kyerɛw nsɛm foforo a ɛfa asɛm no ho di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛma atiefo no anya wɔn ho ntease sɛ nea woreka no gyina Kyerɛwnsɛm no so pintinn.

Kwati sɛ wubegugu nea kyerɛwsɛm no ka no mu. Tɔ wo bo ase kenkan. Kyerɛwsɛm no betumi afa asɛm a moresusuw ho no nyinaa ho. Nanso, sɛ nkyerɛkyerɛmu no betumi adan ti a, ɛsɛ sɛ wo tiefo no tumi hu adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware no wom.

Fa Adanse Foforo Kyerɛkyerɛ Mu. Wɔ nsɛm bi mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ Bible no akyi no, wode adanse pa bi a efi nhoma foforo mu boa nkurɔfo ma wohu ntease a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no.

Sɛ nhwɛso no, wubetumi de amansan a aniwa hu no akyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Wubetumi atwe adwene asi honam fam mmara te sɛ tumi a ɛtwe ade ba fam so, na woakyerɛkyerɛ mu sɛ saa mmara horow no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Mmarahyɛfo wɔ hɔ. Sɛ w’asɛm no ne nea wɔakyerɛw wɔ Nyankopɔn Asɛm mu no hyia a, ɛbɛyɛ nea ɛtɔ asom. (Hiob 38:31-33; Dw. 19:1; 104:24; Rom. 1:20) Adanse a ɛte saa no boa efisɛ ɛkyerɛ sɛ nea Bible no ka no ne nokwasɛm ahorow a yehu no hyia.

So worebɔ mmɔden aboa obi ma wahu sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ankasa? Wubetumi afa nhomanimfo a wɔka sɛ ɛte saa asɛm aka, nanso so edi ho adanse? Saa nsɛm a wobɛfa aka no bɛboa nkurɔfo a wobu saa nhomanimfo no kɛkɛ. So wubetumi de adebɔ ho nyansahu adi dwuma de akyerɛ sɛ Bible no yɛ nokware? Sɛ ɛba sɛ wode nyansahufo a wɔnyɛ pɛ nsusuwii na ebedi dwuma a, ɛnde na woreto fapem a enni nnyinaso pa. Ɔkwan foforo so no, sɛ wode Onyankopɔn Asɛm fi ase na afei wotwe adwene si nea nyansahufo ahu a ɛkyerɛ sɛnea Bible no yɛ nokware so a, wo nkyerɛkyerɛmu no benya fapem pa agyina so.

Fa adanse a ɛdɔɔso kyerɛkyerɛ biribiara a wopɛ sɛ wohu mu. Adanse dodow a ebehia no begyina w’atiefo no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ moresusuw nna a edi akyiri no ho sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no a, wubetumi atwe w’atiefo no adwene asi asɛm bi a wɔde ho amanneɛbɔ ama a obiara nim a ɛkyerɛ sɛ nnipa ‘nni dɔ’ so. Saa nhwɛso biako no ara betumi akyerɛ sɛ nna a edi akyiri ho sɛnkyerɛnne yi renya mmamu nnɛ.

Mfatoho—nneɛma abien a edi nsɛ a wɔde toto ho—nso betumi aboa. Mfatoho no ankasa nkyerɛkyerɛ asɛm no mu; ɛsɛ sɛ wɔde fata a ɛfata no toto nea Bible no ankasa ka ho. Nanso mfatoho no betumi aboa obi ma wahu ntease a ɛwɔ nsusuwii bi mu. Sɛ nhwɛso no, wubetumi de mfatoho a ɛte saa no adi dwuma bere a worekyerɛkyerɛ Nyankopɔn Ahenni no mu sɛ ɛyɛ nniso no. Wubetumi akyerɛ sɛ, Nyankopɔn Ahenni no wɔ sodifo, wɔn a wɔhyɛ ase, mmara horow, atemmu ho nhyehyɛe, ne nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe te sɛ nnipa nniso.

Mpɛn pii no, wubetumi de asetram suahu ankasa nso adi dwuma de akyerɛ nyansa a ɛwɔ Bible mu afotu a wɔde di dwuma no mu. Wubetumi de w’ankasa asetram suahu nso akyerɛkyerɛ nsɛm a woaka mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wokyerɛ onipa no mfaso a ɛwɔ Bible a ɔbɛkenkan na wasua so a, ɛsɛ sɛ wokyerɛ sɛnea saa a woyɛe no ama w’asetra atu mpɔn. Nea ɛbɛyɛ na ɔsomafo Petro ahyɛ ne nuanom nkuran no, ɔtwee adwene sii ahosakra a n’ankasa de n’aniwa hui no so. (2 Pet. 1:16-18) Paulo nso twee adwene sii n’ankasa suahu so. (2 Kor. 1:8-10; 12:7-9) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ wode w’ankasa suahu ahorow di dwuma pii na amma woantwe adwene amma wo ho so sɛnea ɛmfata.

Esiane sɛ ɛsono baabi a obiara fi ne nea obiara susuw nti, adanse a ɛbɛma obi anya ntease no remmoa ɔfoforo. Enti, susuw nea w’atiefo no dwene ho ho bere a woresusuw nkyerɛkyerɛmu ko a wode bedi dwuma ne ɔkwan a wobɛfa so de adi dwuma ho no. Mmebusɛm 16:23 ka sɛ: “Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ n’anom.”

SƐNEA WƆYƐ NO

  • Sɛ anka wobɛbobɔ nsɛm so kɛkɛ no, fa adanse a edi mu kyerɛkyerɛ nsɛm a ehia mu.

  • Ma wo nkyerɛkyerɛmu no nnyina Kyerɛwnsɛm no so pintinn.

  • Fa adanse foforo a ɛyɛ nokware di dwuma ma ɛne w’atiefo no ahiade ne wo botae nhyia.

DWUMADI AHOROW: (1) Bue Reasoning From the Scriptures nhoma no kɔ asɛmti a ɛne “Jesus Christ” (Yesu Kristo) no so. Hyɛ sɛnea wogyina Bible no so titiriw ma nsɛmmisa ho mmuae no nsow. (2) Yɛ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu nsɛm a edi kan no mu nhwehwɛmu. Paw nsɛntitiriw a wɔde ama no pii. Hyɛ kyerɛw nsɛm atitiriw no nsow na sensan adanse a ɛwɔ mu no ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena