Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 42 kr. 217-221
  • Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyɛ Adwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyɛ Adwuma
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hu Adepa Wɔ Wo Brɛ Mu
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Nea Ɛbɛma W’ani Agye Adwumaden Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Enti a na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yohane Bɔ Yesu Asu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 42 kr. 217-221

Ti 42

Nea Enti a Ehia sɛ Yɛyɛ Adwuma

DƐN na w’ani gye ho paa, sɛ́ wobɛyɛ adwuma anaasɛ wubedi agoru?— Nokwarem no, mfomso biara nni ho sɛ wubedi agoru. Bible ka Yerusalem ho asɛm sɛ ‘mmarimaa ne mmeawa bɛgoru Yerusalem mmɔnten so.’—Sakaria 8:5.

Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ani gyei sɛ ɔbɛhwɛ mmofra a wɔredi agoru. Ansa na ɔreba asase so no, ɔkae sɛ: ‘Na mewɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ odwumayɛni a waben, na m’ani gye n’anim bere nyinaa.’ Hyɛ no nsow sɛ na Yesu yɛ odwumayɛni wɔ Yehowa nkyɛn wɔ soro. Na bere a na ɔwɔ hɔ no, ɔkae sɛ: “M’ani ka nnipa mma mu.” Yiw, sɛnea yɛadi kan asua no, na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no ani gye obiara ho ankasa, na na mmofra nso ka ho.—Mmebusɛm 8:30, 31.

So wususuw sɛ Yesu dii agoru bere a na ɔyɛ abofra no?— Ɛda adi sɛ ɔyɛɛ saa. Nanso esiane sɛ na ɔyɛ ‘odwumayɛni a waben’ wɔ soro nti, so ɔyɛɛ adwuma wɔ asase so nso?— Wiɛ, na wɔfrɛ Yesu “duadwumfo no ba.” Na wɔsan frɛɛ no “duadwumfo no” nso. Dɛn na eyi kyerɛ?— Ɛbɛyɛ sɛ Yosef a ɔtetee Yesu sɛ ne ba no na ɔkyerɛɛ no. Enti Yesu nso bɛyɛɛ duadwumfo.—Mateo 13:55; Marko 6:3.

Na Yesu yɛ duadwumfo bɛn?— Esiane sɛ na ɔyɛ odwumayɛni a waben wɔ soro nti, wunsusuw sɛ ɔbɛyɛɛ duadwumfo a onim adwuma yiye wɔ asase so?— Wo de susuw adwumaden a na ɛyɛ sɛ obi bɛyɛ duadwumfo saa bere no ho hwɛ. Ɛda adi sɛ na ɛsɛ sɛ Yesu kɔ wuram kotwa dua, paapae mu, na ɔsoa ba fie, na afei ɔsensen ho de yɛ apon, nkogua, ne nneɛma foforo.

So wususuw sɛ saa adwuma yi maa Yesu ani gyei?— Sɛ wutumi yɛ apon ne nkongua fɛfɛ ne nneɛma foforo ma nkurɔfo a, anka w’ani begye?— Bible ka sɛ eye sɛ obi ‘ani begye ne nnwuma mu.’ Adwuma ma wunya anigye bi a wuntumi nnya mfi agodie mu.—Ɔsɛnkafo 3:22.

Nokwarem no, adwuma ye ma yɛn adwene ne yɛn nipadua nyinaa. Nea mmofra pii yɛ ara ne sɛ wɔbɛtra ase ahwɛ TV anaasɛ wɔbɛbɔ kɔmputa adi so agoru kɛkɛ. Ɛma wɔyɛ akɛse boro so, na wɔn apɔw mu nyɛ den, na wɔn ani nnye ankasa. Na wɔmma afoforo nso ani nnye. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛn ani agye?—

Yesuae wɔ nhoma yi Ti 17 sɛ ade a yɛbɛma afoforo ne nneɛma a yɛbɛyɛ de aboa afoforo no ma yetumi nya anigye. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Bible frɛ Yehowa ‘anigye Nyankopɔn.’ (1 Timoteo 1:11) Na sɛnea yɛkenkanee wɔ Mmebusɛm no, na Yesu ‘ani gye Onyankopɔn anim bere nyinaa.’ Dɛn nti na na Yesu ani agye?— Wiɛ, ɔkyerɛɛ ade biako nti a ɛte saa bere a ɔkae sɛ: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma” no.—Yohane 5:17.

Bere a na Yesu wɔ asase so no, wanyɛ adwuma sɛ duadwumfo ne nkwa nna nyinaa. Na Yehowa Nyankopɔn wɔ adwuma titiriw ma no wɔ asase so. So wunim adwuma ko?— Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no . . . efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Ɛtɔ mmere bi na Yesu ka asɛm kyerɛ nkurɔfo a, wogye no di na wɔka n’asɛm no kyerɛ afoforo, sɛnea Samariani bea a wuhu no wɔ ha yi yɛe no.—Yohane 4:7-15, 27-30.

Yesu tee nka dɛn wɔ adwuma yi yɛ ho? So wususuw sɛ na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ?— Yesu kae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Sɛ wunya aduan a wopɛ paa a, ɔkwan bɛn na wofa so di?— Eyi ma wuhu sɛnea na Yesu ani gye adwuma a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnyɛ no ho no.

Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a adwuma a yebesua yɛ no bɛboa ma yɛn ani agye. Ɔka sɛ akyɛde a Ɔde ama onipa ne sɛ ‘n’ani begye ne brɛ mu.’ Enti sɛ wusua adwuma bere a woyɛ abofra a, w’ani begye w’asetra nyinaa mu.—Ɔsɛnkafo 5:19.

Ɛno nkyerɛ sɛ abofra betumi ayɛ ɔpanyin adwuma, nanso yɛn nyinaa betumi ayɛ adwuma bi. Ebia w’awofo bɛkɔ adwuma daa akɔpɛ sika sɛnea ɛbɛyɛ a mo abusua no benya aduan adi ne fie a mobɛtra mu. Na sɛnea ɛsɛ sɛ wuhu no, nnwuma pii wɔ fie a ehia sɛ woyɛ na ama fie hɔ ayɛ fɛ na ɛhɔ atew.

Adwuma bɛn na ɛwɔ hɔ a wubetumi ayɛ ma ɛso aba abusua mũ no nyinaa mfaso?— Wubetumi aboa ma wɔato adidi pon, ahohoro nkyɛnsee mu, akɔtow nwura agu, asiesie baabi a woda, na wode nneɛma a wode di agoru no agu baabi pa. Ebia woyɛ nneɛma a ɛtete saa dedaw. Adwuma a ɛte saa boa abusua no yiye.

Ma yɛnhwɛ sɛnea adwuma a ɛte saa so wɔ mfaso. Sɛ wudi agoru wie a, ɛsɛ sɛ wode nneɛma a wode dii agoru no gu baabi a ɛsɛ. Dɛn nti na wobɛka sɛ eyi ho hia?— Ɛboa ma fie hɔ tew, na ebetumi ama yɛakwati asiane ahorow. Sɛ w’ansesaw w’agode horow no amfi fam a, ebia da a wo maame kura nneɛma pii no, obetia bi so. Ebetumi ayi no ahwe fam ma wapira. Ebi mpo a ɛho behia sɛ ɔkɔ ayaresabea. So ɛno renyɛ awerɛhow?— Enti sɛ wudi agoru wie na sɛ wosesaw w’agode horow no gu baabi pa a, ɛso ba obiara mfaso.

Adwuma foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mmofra yɛ. Sɛ nhwɛso no, sukuu mu adwuma. Wusua sɛnea wobɛkenkan ade wɔ sukuu. Mmofra binom pɛ akenkan, nanso afoforo ka sɛ ɛyɛ den. Sɛ mfiase no ɛte sɛ nea ɛyɛ den mpo a, w’ani begye sɛ wusuaa akenkan yiye. Sɛ wunim akenkan a, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛyɛ anigye a wubetumi asua. W’ankasa wubetumi akenkan Onyankopɔn nhoma, Bible no. Enti sɛ woyɛ wo sukuu adwuma yiye a, wunya so mfaso paa, ɛnte saa?—

Nnipa binom wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wobeguan adwuma. Ebia na wunim obi a ɔyɛ saa. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma nti, ehia sɛ yesua sɛnea yebenya mu anigye. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nyaa n’adwuma mu anigye koduu he?— Na ɛte sɛ nea ɔredi aduan a ɔpɛ paa. Na adwuma bɛn na na ɔreka ho asɛm?— Yehowa Nyankopɔn ho asɛm a na ɔka kyerɛ afoforo ne sɛnea wobetumi anya daa nkwa.

Enti biribi a ebetumi ama yɛanya adwuma mu anigye ni. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma yi?’ Sɛ wuhu nea enti a biribi ho hia a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ. Na ɛmfa ho sɛ ebia adwuma no sõ anaa esua no, yɛ no yiye. Sɛ woyɛ saa a, wubenya wo nsa ano adwuma mu anigye, sɛnea yɛn Kyerɛkyerɛfo Kɛse no nyae ara pɛ.

Bible betumi aboa obi ma wayɛ odwumayɛni pa. Kenkan nea ɛka wɔ Mmebusɛm 10:4; 22:29; Ɔsɛnkafo 3:12, 13; ne Kolosefo 3:23 no.

[Mfonini wɔ kratafa 217]

Dɛn na Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no yɛe ansa na ɔreba asase so?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 218]

Nnwuma abien bɛn na Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no?

[Mfonini wɔ kratafa 221]

Dɛn nti na sɛ wudi agoru wie a, ɛsɛ sɛ wosesaw agode horow no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena