Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 46 kr. 238-243
  • Nsuyiri Sɛee Wiase—So Ebesi Bio?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsuyiri Sɛee Wiase—So Ebesi Bio?
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Tete Kɔkɔbɔ Bi
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Noa Pam Adaka
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 46 kr. 238-243

Ti 46

Nsuyiri Sɛee Wiase—So Ebesi Bio?

SO WOATE sɛ obi reka wiase awiei ho asɛm pɛn?— Nnipa pii ka ho asɛm nnɛ. Nnipa binom susuw sɛ ɔko a nnipa de nuklea atopae bedi dwuma wom na ɛde wiase awiei bɛba. So wususuw sɛ Onyankopɔn bɛsɛe yɛn asase fɛfɛɛfɛ ne ɔsoro a ɛyɛ anika a nsoromma a ɛhyerɛn wɔ no anaa?—

Sɛnea yɛasua no, Bible ka wiase awiei ho asɛm. Bible ka sɛ: ‘Wiase retwam.’ (1 Yohane 2:17) So wususuw sɛ wiase awiei bɛkyerɛ asase no awiei?— Dabi, Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ ‘yɛntra so,’ yiw, ɔbɔe sɛ nnipa ntra so na wɔn ani nnye. (Yesaia 45:18) Dwom 37:29 ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Eyi nti nso na Bible ka sɛ asase bɛtra hɔ daa no.—Dwom 104:5; Ɔsɛnkafo 1:4.

Ɛnde sɛ wiase awiei nkyerɛ asase no awiei a, na ɛkyerɛ dɛn?— Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase susuw nea esii wɔ Noa nna no mu ho a, yebetumi ahu mmuae no. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Nsu yirii wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no so no ma ɛsɛee.’—2 Petro 3:6.

So obi nyaa ne ti didii mu wɔ wiase a saa Nsuyiri kɛse no ma ɛbaa awiei wɔ Noa bere so no mu?— Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘gyee Noa a ɔyɛ treneekafo ne nnipa foforo baason, bere a ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so no.’—2 Petro 2:5.

Ɛnde, na wiase bɛn na ɛbaa awiei no? So ɛyɛ asase, anaa nnipa amumɔyɛfo no?— Bible ka sɛ ɛyɛ ‘amumɔyɛfo wiase’ no. Na hyɛ no nsow sɛ na wɔfrɛ Noa ‘ɔsɛnkafo.’ Wususuw sɛ dɛn na na ɔreka ho asɛm no?— Na Noa de ‘saa bere no so wiase’ no awiei ho kɔkɔbɔ rema nkurɔfo.

Bere a Yesu kaa Nsuyiri kɛse no ho asɛm no, ɔkaa nea na nkurɔfo no reyɛ bere a aka kakra ma awiei no aba no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. Eyi na ɔka kyerɛɛ wɔn: ‘Nna a edi nsuyiri no anim no, nnipa didii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.’ Afei Yesu kae sɛ saa ara na nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade ansa na wiase yi awiei aba.—Mateo 24:37-39.

Yesu nsɛm no ma yehu sɛ yebetumi asua nneɛma bi afi nea na nkurɔfo reyɛ ansa na Nsuyiri no reba no mu. Bere a wokenkanee nhoma yi Ti 10 no, so wokae nea saa nkurɔfo no yɛe no?— Ná mmarima no binom yɛ asisifo na wodii nsɛmmɔne. Yesu kae sɛ, nnipa foforo pii nso antie bere a Onyankopɔn somaa Noa sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ wɔn no.

Enti bere bi Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ Ɔde nsuyiri rebɛsɛe nnipa abɔnefo no. Ná nsu no bɛkata asase nyinaa, ne mmepɔw mpo so. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka kɛse bi. Ná ɛte sɛ adaka tenten kɛse bi, sɛnea sɛ wosan hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 238 a wubehu no.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka no kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne n’abusua ne mmoa no pii bɛkɔ mu, na wɔanya wɔn ti adidi mu. Noa ne n’abusua yɛɛ adwuma denneennen. Wobuu nnua akɛse guu fam, na wɔkekaa ntaboo no boom yɛɛ adaka no. Eyi gyee mfe pii ansa na wɔrewie efisɛ na adaka no so paa.

So wokae ade foforo a na Noa reyɛ mfe a na ɔrepam adaka no nyinaa no?— Na ɔreka asɛm de abɔ Nsuyiri a na ɛreba no ho kɔkɔ akyerɛ nkurɔfo no. So wɔn mu bi tiei? Wɔn mu biara antie, gye Noa abusua no nko. Na afoforo a wɔaka no reyɛ nneɛma foforo a wonni adagyew koraa. So wokae nneɛma a Yesu kae sɛ na wɔreyɛ no?— Na wɔn ani abere wɔ adidi, ɔnom, ne aware ho. Wɔansusuw sɛ na wɔyɛ abɔnefo saa, na wɔannya bere amfa antie Noa. Enti ma yɛnhwɛ nea ɛtoo wɔn.

Bere a Noa ne n’abusua kɔɔ adaka no mu no, Yehowa too pon no mu. Na nnipa a wɔwɔ adaka no akyi no da so ara nnye nni sɛ Nsuyiri no bɛba. Nanso mpofirim ara, osu fii ase tɔ fii soro! Ná ɛnyɛ osu a ɛtɔ daa no bi. Ná ɛyɛ osutɔ kɛse paa! Ankyɛ na nsu no yɛɛ sɛ nsubɔnten akɛse bi, na ɛyɛɛ dede kɛse. Epiaa nnua akɛse, na ɛtwee abotan akɛse kɔe te sɛ nea ɛyɛ mmosea. Na nnipa a na wonni adaka no mu no nso ɛ?— Yesu kae sɛ: “Nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.” Nnipa a na wonni adaka no mu nyinaa wuwui. Dɛn ntia?— Sɛnea Yesu kae no, “wɔanhu.” Wɔantie!—Mateo 24:39; Genesis 6:5-7.

Afei kae sɛ Yesu kae sɛ nea ɛtoo saa nkurɔfo no yɛ asuade ma yɛn nnɛ. Dɛn na yebetumi asua afi mu?— Wiɛ, ɛnyɛ sɛ na nkurɔfo no yɛ abɔnefo nti na wɔsɛee wɔn, na mmom efisɛ, wɔannya adagyew amfa ansua Onyankopɔn, ne nea na ɔrebɛyɛ no ho ade. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ sɛ wɔn, ɛnte saa?—

So wususuw sɛ Onyankopɔn de nsuyiri bɛsɛe wiase bio?— Dabi, Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔrenyɛ saa bio. Ɔkae sɛ: “Me nyankontɔn na mede masi omununkum mu, na ayɛ . . . sɛnkyerɛnne.” Yehowa kae sɛ nyankontɔn no bɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ‘nsu rennan nsuyiri nsɛe ɔhonam nyinaa bio.’—Genesis 9:11-17.

Enti yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn remfa nsuyiri nsɛe wiase bio. Nanso sɛnea yɛahu no, Bible ka wiase awiei ho asɛm. Sɛ Onyankopɔn sɛe wiase yi a, henanom na ɔbɛkora wɔn so?— So ɛbɛyɛ nkurɔfo a na wɔn ani abere nneɛma foforo ho araa ma enti wɔampɛ sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade no? So ɛbɛyɛ wɔn a bere nyinaa na wonni adagyew koraa sɛ wobesua Bible no? Wususuw ho dɛn?—

Yɛpɛ sɛ yɛka wɔn a Onyankopɔn bɛkora wɔn so no ho, ɛnte saa?— Sɛ yɛn abusuafo bɛyɛ sɛ Noa abusua no na Onyankopɔn gye yɛn nyinaa a, so ɛrenyɛ anigye?— Sɛ yebenya yɛn ti adidi mu wɔ wiase awiei a, ehia sɛ yɛte sɛnea Onyankopɔn bɛsɛe no na ɔde ne trenee wiase foforo no aba no ase. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɔbɛyɛ eyi.

Bible no ma yɛn mmuae wɔ Daniel ti 2 nkyekyɛm 44. Kyerɛwsɛm yi reka yɛn bere yi ankasa ho asɛm bere a ɛka sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [anaa, aban] a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa” no.

So wote ase?— Bible ka sɛ Onyankopɔn aban rebɛsɛe asase so aban nyinaa. Dɛn ntia?— Efisɛ wontie Onii a Onyankopɔn asi no Hene no. Na ɔne hena?— Yiw, ɛyɛ Yesu Kristo!

Yehowa Nyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nniso a ɛsɛ sɛ edi ade, na wapaw ne Ba, Yesu, sɛ Ɔhene. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Sodifo, Yesu Kristo, bedi anim ma wɔasɛe wiase yi mu aban ahorow nyinaa. Bible ka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 19, nkyekyɛm 11 kosi 16, sɛnea ɔreyɛ wɔ ha a yehu wɔ mfonini yi mu no. Wɔ Bible mu no, wɔfrɛ Onyankopɔn ko a ɔde bɛsɛe aban ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no, Harmagedon.

Mprempren Onyankopɔn ka sɛ, N’ahenni no bɛsɛe nnipa aban nyinaa. Na so ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa?— Dabi, wɔ Bible mu no, wɔfrɛ Harmagedon sɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko.” (Adiyisɛm 16:14, 16) Yiw, Harmagedon yɛ Onyankopɔn ko, na ɔde Yesu Kristo na ebedi ɔsoro dɔm no anim ma wɔako. So Harmagedon ko no abɛn? Ma yɛnhwɛ sɛnea yebenya mmuae no.

Ma yɛn nyinaa nkenkan bere a Onyankopɔn beyi abɔnefo nyinaa hɔ na wagye wɔn a wɔsom no nkwa no ho asɛm wɔ Mmebusɛm 2:21, 22; Yesaia 26:20, 21; Yeremia 25:31-33; ne Mateo 24:21, 22.

[Mfonini wɔ kratafa 238]

Wiase bɛn na wɔsɛee no wɔ Noa nna no mu no?

[Mfonini wɔ kratafa 241]

Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesusuw anigye a yebenya nkutoo ho?

[Mfonini wɔ kratafa 243]

Yesu Kristo, Onyankopɔn hene a wapaw no no bɛsɛe wiase yi wɔ Harmagedon

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena