Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 6-7
  • Tete Agyanom Wiase No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Agyanom Wiase No
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • B2 Genesis Nkurow Ne Tete Agyanom Akwantu
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Ahemman Ahorow Tu Bɔhyɛ Asase no So Sa
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yehowa Yɛ “Onyankopɔn A Ɔma Asomdwoe”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 6-7

Tete Agyanom Wiase No

STEFANO bobɔɔ asase so mmeae bi din de fii ɔkasa a agye din no ase: ‘Yehowa yii ne ho kyerɛɛ yɛn agya Abraham bere a ɔwɔ Mesopotamia ansa na ɔrebɛtra Haran no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fi bra asase a mɛkyerɛ wo no so!’ (Aso. 7:1-4) Eyi na ɛtoo fapem maa nsɛm a na ebesisi Bɔhyɛ Asase no so a ɛfa Abraham, Isak, ne Yakob ho, nsɛm a na ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ obehyira adesamma ho no.—Gen. 12:1-3; Yos. 24:3.

Onyankopɔn frɛɛ Abraham (anaa, Abram) fii Kaldeafo kurow Ur mu, kurow a na wodi yiye wom saa bere no a na ɛda Eufrate Asubɔnten no kɔn so wɔ apuei fam no. Ná ɔkwan bɛn na Abraham bɛfa so? Ɛte sɛ nea ɛyɛ mmerɛw sɛ sɛ ofi Kaldea, ɔmantam a na wɔsan frɛ no Sumer anaa Sinear no mu a, ɔbɛfa benkum fam. Dɛn nti na ɔkɔfaa atifi fam tɔnn wɔ Haran?

Tete Agyanom (mmeae a wɔtrae)

Ná Ur da beae bi a ɛbɛn Asase pa a ɛte sɛ Ɔsram fã no apuei fam awiei, asase a efi ase Palestina kosi asase a ɛda Tigris ne Eufrate nsubɔnten no ntam no so. Ebetumi aba sɛ bere bi a atwam no na ɛhɔnom wim tebea ye. Siria ne Arabia Anhweatam a ɛyɛ akado abo mmepɔw ne anhwea asasetaw no da asase a ɛte sɛ ɔsram fã no fã a akontɔn no anafo fam. The Encyclopædia Britannica ka sɛ na ɛyɛ “asase a ɛkame ayɛ sɛ wontumi mfa so” a ɛda Mediterranea Mpoano ne Mesopotamia ntam. Akwantufo bi betumi atwa afi Eufrate akɔ Tadmor, afi hɔ akɔ Damasko, nanso Abraham amfa n’abusua ne ne mmoa amfa sare so kwan a ɛte saa no so.

Mmom no, Abraham faa Eufrate Asubɔnten no bon mu kɔɔ Haran. Efi hɔ no, na obetumi afa aguadifo kwan bi so akɔfa asutwaree bi a ɛwɔ Karkemis no mu na afei ɔde n’ani akyerɛ anafo fam akɔfa Damasko na watoa so akɔ nsu a wɔbɛfrɛɛ no Galilea Po no ho. Via Maris, anaa “Po So Kwan” no fa Megido kosi Misraim. Nanso, Abraham kɔfaa Samaria mmepɔw mu, na awiei koraa no, ɔkɔtraa ntamadan mu wɔ Sekem. Bere bi akyi no, ɔde n’ani kyerɛɛ saa mmepɔw mu kwan no so faa anafo fam toaa akwantu no so. Di n’akyi bere a wokenkan Genesis 12:8–13:4 no. Hyɛ mmeae foforo a onyaa hɔ osuahu ahorow no nsow: Dan, Damasko, Hoba, Mamre, Sodom, Gerar, Beer-Seba, ne Moria (Yerusalem).—Gen. 14:14-16; 18:1-16; 20:1-18; 21:25-34; 22:1-19.

Asase no ho nsɛm ho ntease bi a yebenya no bɛma yɛanya nsɛm a esisii wɔ Isak ne Yakob asetram no mu nhumu. Sɛ nhwɛso no, bere a na Abraham wɔ Beer-Seba no, ɛhe na ɔsomaa n’akoa no sɛ ɔnkɔhwehwɛ yere mma Isak no? Ɔkɔɔ atifi fam tɔnn wɔ Mesopotamia (a ɛkyerɛ, “Asase a Ɛda Nsubɔnten Ntam”) kɔɔ Padan-Aram. Afei susuw kwan a ɔbrɛ wom a Rebeka traa yoma so twa kɔɔ Negeb, a ebia ɛbɛn Kades, kohyiaa Isak no ho hwɛ.—Gen. 24:10, 62-64.

Akyiri yi, wɔn babarima Yakob (Israel) twaa kwantenten a ɛte saa ara kɔwaree Yehowa somfo. Ɛte sɛ nea ɔkwan foforo so na Yakob san fa baa n’asase so. Bere a Yakob twaa Yabok asutwaree a ɛbɛn Penuel no, ɔne ɔbɔfo bi dii atentam. (Gen. 31:21-25; 32:2, 22-30) Ɔne Esau hyiae wɔ mpɔtam hɔ, na afei wɔn mu biara kɔtraa ɔmantam foforo mu.—Gen. 33:1, 15-20.

Tete Agyanom (wɔ Bɔhyɛ Asase so)

Wɔtoo Yakob babea Dina mmonnaa wɔ Sekem akyi no, Yakob tu kɔtraa Bet-El. So wubetumi de w’adwene abu kwantenten a Yakob mma no twae de ne nguan kɔɔ adidi ne baabi a Yosef kohuu wɔn no? Asase mfonini yi (ne kratafa 18-19) betumi aboa wo ma woahu Hebron ne Dotan ntam kwan tenten. (Gen. 35:1-8; 37:12-17) Yosef nuanom tɔn no maa aguadifo a na wɔrekɔ Misraim no. Wususuw sɛ ɔkwan bɛn so na wɔfa kɔe wɔ asɛm a ɛde Israelfo no kɔɔ Misraim san de wɔn baa Bɔhyɛ Asase so no mu?—Gen. 37:25-28.

[Asase mfonini ahorow a ɛwɔ kratafa 7]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Abraham Akwantu (hwɛ nhoma no mu)

Isak Akwantu (hwɛ nhoma no mu)

Yakob Akwantu (hwɛ nhoma no mu)

Akwantempɔn (hwɛ nhoma no mu)

Tete Agyanom (mmeae a wɔtrae)

A4 GOSEN

A5 MISRAIM

B4 SUR

B5 PARAN

D3 Damasko

D3 Dan (Lais)

D4 Sekem

D4 Bet-El

D4 Hebron (Kiriat-Arba)

D4 Gerar

D4 Beer-Seba

D4 SEIR

D4 Kades

D5 EDOM

D1 Karkemis

E2 Tadmor

E2 Hoba

E1 PADAN-ARAM

F1 Haran

F2 MESOPOTAMIA

G1 Niniwe

G2 ASASE PA A ƐTE SƐ ƆSRAM FÃ

G3 Babilon

H4 KALDEA

H4 Ur

[Mmepɔw]

D4 Moria

[Nsu ahorow]

B3 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)

[Nsubɔnten]

Ɛ2 Eufrate

G2 Tigris

Tete Agyanom (wɔ Bɔhyɛ Asase so)

KANAAN

Megido

GILEAD

Eotan

Sekem

Sukot

Mahanaim

Penuel

Bet-El (Lus)

Ai

Yerusalem (Salem)

Betlehem (Efrat)

Mamre

Hebron (Makpela)

Gerar

Beer-Seba

Sodom?

NEGEB

Rehobot?

Beer-lahai-roi

Kades

Akwantempɔn

Via Maris

Ɔhene Tempɔn

[Mmepɔw]

Moria

[Nsu ahorow]

Nkyene Po

[Nsubɔnten ne asuten]

Yabok

Yordan

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɛufrate Asubɔnten no fã a ɛbɛn Babilon

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Abraham traa Beer-Seba na ɔyɛn nguan wɔ baabi a ɛbɛn hɔ

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yabok subon

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena