Ahemman Ahorow Tu Bɔhyɛ Asase no So Sa
ASIRIAFO ko faa Samaria, Israel ahemman a ɛwɔ atifi fam ahenkurow no wɔ afe 740 A.Y.B. mu. Enti Israelfo bɛhyɛɛ ahemman a wɔn tirim yɛ den ase. Ná Asiria da Mesopotamia asasetaw no atifi fam wɔ Tigris, Asase pa a ɛte sɛ Ɔsram fã nsubɔnten akɛse no biako nkyɛn. Nimrod na ɔkyekyeree Asiria nkurow atitiriw a ɛne Niniwe ne Kala no. (Gen. 10:8-12) Wɔ Salmaneser III bere so no, Asiria trɛw kɔɔ atɔe fam koduu Siria ne Israel atifi fam amantam a nsu wɔ so na asase no sow aba no mu.
Asiria fii ase hyɛɛ Israel so wɔ Ɔhene Tiglat-Pileser III (Pul) a wɔbɔ ne din wɔ Bible mu no nniso ase. Ne sa a otui no kaa Yuda a ɛda anafo fam no nso. (2 Ahe. 15:19; 16:5-18) Bere bi akyi no, Asiria “nsu” no yiri kɔkaa Yuda, na awiei koraa no, eduu n’ahenkurow, Yerusalem mu.—Yes. 8:5-8.
Asiria hene Sanherib tuu Yuda so sa wɔ afe 732 A.Y.B. mu. (2 Ahe. 18:13, 14) Ɔfow Yuda nkurow 46 mu nneɛma, a na Lakis a na ɛda Sefela beae titiriw bi no ka ho. Sɛnea asase mfonini no kyerɛ no, eyi maa n’asraafo twaa Yerusalem, Yuda ahenkurow no, ho hyiae. Wɔ Sanherib kyerɛwtohɔ mu no, ɔhoahoaa ne ho sɛ ɔkaa Hesekia hyɛɛ “buw mu sɛ anomaa,” nanso Asiriafo kyerɛwtohɔ anka sɛe a Onyankopɔn bɔfo sɛee Sanherib asraafo no ho asɛm.—2 Ahe. 18:17-36; 19:35-37.
Na wɔakan Asiria Ahemman no nna. Mediafo a na wɔte mmepɔw a ɛso mmonkyimmɔnka a ɛne nnɛyi Iran so no fii ase haw Asiria asraafo nkae no. Eyi yii Asiria adwene fii n’amantam a ɛwɔ atɔe fam no so, na wɔn nso fii ase tew atua. Saa bere no, na Babilonfo no reyɛ den, na wɔko faa Asur mpo. Wɔ afe 632 A.Y.B. mu no, Babilonfo, Mediafo, ne Skitefo, nkurɔfo a wɔpɛ akodi a na wɔte Ɛpo Tuntum no atifi fam no yɛɛ biako ko faa Niniwe—“mogya kurow”—no. Eyi maa Nahum ne Sefania nkɔmhyɛ ahorow no nyaa mmamu.—Nah. 3:1; Sef. 2:13.
Asiria awiei bae wɔ Haran. Bere a Babilon asraafo a wɔasi wɔn bo tow hyɛɛ Asiria so no, Asiriafo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia wɔn akosi sɛ mmoa befi Misraim aba. Nanso, bere a Farao Neko nam kwan so rekɔ atifi fam no, Yudafo hene Yosia siw no kwan wɔ Megido. (2 Be. 35:20) Bere a awiei koraa no, Neko duu Haran no, na aka akyi dodo—na Asiria Ahemman no ahwe ase.
Babilon Ahemman
Kurow bɛn na asɛm “turo a ɛwɔ abansoro so” ma wokae? Babilon yɛ wiase tumi a na n’ahenkurow kura saa din no ara, na wɔyɛɛ ho mfonini wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ gyata a ɔwɔ ntaban. (Dan. 7:4) Na kurow no agye din yiye wɔ ahonyade, aguadi, nyamesom ne nsoromma mu hwɛ mu. Na ahemman no da Mesopotamia anafo fam asasetaw a nsu wɔ so no so wɔ Tigris ne Eufrate nsubɔnten, no ntam. Na Eufrate da kurow no mfinimfini, na na n’afasu no ama ayɛ sɛ nea wontumi nni so nkonim.
Babilonfo no twaa aguadi akwan faa Arabia anhweatam mmepɔwmmepɔw no mu. Bere bi no, na Ɔhene Nabonido te Tema, na ɔmaa Belsasar dii ade wɔ Babilon.
Babilon tuu Kanaan so sa mprɛnsa. Bere a Nebukadnesar dii Misrifo so nkonim wɔ Karkemis wɔ afe 625 A.Y.B. mu no, Babilonfo no ko kɔɔ wɔn anim wɔ anafo fam koduu Hamat, baabi a wodii Misrifo a na wɔreguan no so nkonim bio no. Afei Babilonfo no ko kɔɔ wɔn anim kɔɔ mpoano koduu Misraim osubon mu, sɛee Askalon wɔ kwan no so. (2 Ahe. 24:7; Yer. 47:5-7) Wɔ ɔsatu yi mu no, Yuda bɛhyɛɛ Babilon ase.—2 Ahe. 24:1.
Yuda hene Yehoiakim tew atua wɔ afe 618 A.Y.B. mu. Enti Babilon somaa asraafo a wɔwɔ aman a ɛbɛn hɔ no mu ma wɔbɛko tiaa Yuda, na Babilon ankasa asraafo kaa Yerusalem hyɛɛ mu dii so. Ankyɛ na Ɔhene Sedekia de ne ho kɔbɔɔ Misraim ho ma ɛhyɛɛ Babilonfo abufuw kɛse tiaa Yuda. Wotuu wɔn so sa bio, na wofii ase sɛee Yuda nkurow no. (Yer. 34:7) Awiei koraa no, Nebukadnesar dan n’asraafo no ani kyerɛɛ Yerusalem, na odii so wɔ afe 607 A.Y.B. mu.—2 Be. 36:17-21; Yer. 39:10.
[Asase mfonini wɔ kratafa 23]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Babilon/Asiria Ahemman
Asiria Ahemman
B4 Memfis (Nof)
B4 Soan
B5 MISRAIM
D2 KIPRO (KITIM)
D3 Sidon
D3 Tiro
D3 Megido
D3 Samaria
D4 Yerusalem
D4 Askalon
D4 Lakis
E2 Haran
E2 Karkemis
E2 Arpad
E2 Hamat
E3 Ribla
E3 SIRIA
E3 Damasko
Ɛ2 Gosan
Ɛ2 MESOPOTAMIA
F2 MINI
F2 ASIRIA
F2 Khorsabad
F2 Niniwe
F2 Kala
F2 Asur
F3 BABILONIA
F3 Babilon
F4 KALDEA
F4 Erek
F4 Ur
G3 Susan
G4 ELAM
Babilon Ahemman
D3 Sidon
D3 Tiro
D3 Megido
D3 Samaria
D4 Yerusalem
D4 Askalon
D4 Lakis
E2 Haran
E2 Karkemis
E2 Arpad
E3 Hamat
E3 Ribla
E3 SIRIA
E3 Damasko
E5 Tema
Ɛ2 Gosan
Ɛ4 MESOPOTAMIA
F2 ARABIA
F2 MINI
F2 ASIRIA
F2 Khorsabad
F2 Niniwe
F2 Kala
F2 Asur
F3 BABILONIA
F3 Babilon
F4 KALDEA
F4 Erek
F4 Ur
G3 Susan
G4 ELAM
[Mmeae foforo]
G2 MEDIA
Akwantempɔn (Hwɛ nhoma no mu)
[Nsu ahorow]
B3 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)
D5 Ɛpo Kɔkɔɔ
H1 Caspian Po
H5 Persia Faka
[Nsubɔnten]
B5 Nil
Ɛ2 Eufrate
F2 Tigris
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Lakis koko
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Tete Megido nhwɛsode
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Babilon turo a ɛwɔ abansoro so ho mfonini