Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gl kr. 32-33
  • Kristosom Trɛw Kɔ Aman Pii So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristosom Trɛw Kɔ Aman Pii So
  • “Hwɛ Asase Pa No”
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahemman Ahorow Tu Bɔhyɛ Asase no So Sa
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Bible Nsase No
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Hela ne Roma Nya Yudafo So Nkɛntɛnso
    “Hwɛ Asase Pa No”
  • Onyankopɔn Nkurɔfo San Ba Wɔn Asase So
    “Hwɛ Asase Pa No”
Hwɛ Pii Ka Ho
“Hwɛ Asase Pa No”
gl kr. 32-33

Kristosom Trɛw Kɔ Aman Pii So

YESU de asɛnka adwuma no ho ahyɛde a na ɛbɛsesa wiase abakɔsɛm no mae wɔ Ngo Bepɔw a ɛbɛn Betania no so. Na wobefi ase wɔ bɛyɛ kilomita abiɛsa wɔ atɔe fam—wɔ Yerusalem. Na asɛm no bɛtrɛw akɔ Yudea ne Samaria a ɛbɛn hɔ no, na ‘akɔpem asase ano nohoa.’—Aso. 1:4, 8, 12.

Yesu kaa saa asɛm no, ankyɛ na Pentekoste Afahyɛ no maa Yudafo ne wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo a wofi Roma Ahemman no afanan nyinaa, ne wɔn a wofi amantam a wɔakyerɛ wɔ asase mfonini a ɛwɔ ase hɔ so no behyiaa mu. Asɛm a ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ wɔn saa da no buee kwan ma Kristosom trɛw ntɛmntɛm.—Aso. 2:9-11.

Kristosom Trɛw

Ankyɛ na ɔtaa a ɛbaa Yerusalem no maa Kristo akyidifo no hwetee. Petro ne Yohane boaa Samariafo ma wɔtee asɛmpa no gye dii. (Aso. 8:1, 4, 14-16) Bere a Filipo dii Etiopiani bi adanse wɔ anhweatam so kwan a “esiane fi Yerusalem kɔ Gasa” so no, Kristosom trɛw kɔɔ Afrika. (Aso. 8:26-39) Bɛyɛ saa bere no ara na asɛm no sow aba wɔ Lida a ɛwɔ Saron Asasetaw no so ne Yopa po so hyɛn gyinabea hɔ. (Aso. 9:35, 42) Efi hɔ no, Petro kɔɔ Kaesarea kɔboaa Roma sraani Kornelio, n’abusuafo, ne ne nnamfonom ma wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn.—Aso. 10:1-48.

Paulo Akwantu

Paulo a kan no na ɔyɛ ɔtaafo no bɛyɛɛ amanaman mu somafo. Ɔfaa asase kesee so, traa po so hyɛn mu tutuu akwan wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu abiɛsa no ne akwantu a ɔde kɔɔ Roma no mu. Ɔsomafo no ne afoforo trɛw asɛmpa no mu kɔɔ Roma Ahemman no nkurow akɛse pii mu. Paulo pɛe sɛ odu Spania (Hwɛ kratafa 2.), na Petro kɔsomee wɔ Babilon a ɛwɔ apuei fam akyirikyiri no. (1 Pet. 5:13) Nokwarem no, wɔ Kristo akanni a ɛyɛ nnam ase no, n’akyidifo no trɛw Kristosom mu kɔɔ aman pii so. Eduu afe 60/61 Y.B. mu no, ‘na wɔaka asɛmpa no wiase abɔde nyinaa mu.’ (Kol. 1:6, 23) Efi saa bere no, asɛmpa yi adu ‘asase ano nohoa’ ankasa.

WOFI . . .

Ná Yudafo ne wɔn a wɔasakra wɔn som abɛyɛ Yudafo a wɔtee asɛmpa no wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no fi Parthia, Media, Elam, Mesopotamia, Yudea, Kapadokia, Ponto, Asia, Frigia, Pamfilia, Misraim, Libia, Roma, Kreta ne Arabia. Wɔbɔɔ wɔn mu pii asu. Bere a wɔsan kɔɔ wɔn kurom no, dɛn na wususuw sɛ wɔyɛe?

ASAFO AHOROW ASON

Yesu de nkrasɛm kɔmaa asafo ahorow ason a na ɛwɔ Asia Kumaa no. Hyɛ mmeae a na ɛwɔ no nsow: Efeso ne Smirna da mpoano; Pergamo, Filadelfia, ne Laodikea da asase mfinimfini; Tiatira da asubɔnten ho; na Sardi da aguadi kwan titiriw bi ho. Saa nkurow yi amamfõ so nneɛma a wɔatutu fam ahu si so dua sɛ Bible no bobɔɔ mmeae a ɛwɔ hɔ ankasa din.

[Asase mfonini wɔ kratafa 32]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Kristosom Trɛw

Mmeae a Wɔde Asɛmpa no Duu Hɔ Ntɛm

B1 ILIRIKO

B1 ITALIA

B1 Roma

D1 MAKEDONIA

D2 HELA

D2 Atene

D2 KRETA

D3 Kirene

D3 LIBIA

E1 BITINIA

E2 GALATIA

E2 ASIA

E2 FRIGIA

E2 PAMFILIA

E2 KIPRO

E3 MISRAIM

E4 ETIOPIA

Ɛ1 PONTO

Ɛ2 KAPADOKIA

Ɛ2 KILIKIA

Ɛ2 MESOPOTAMIA

Ɛ2 SIRIA

Ɛ3 SAMARIA

Ɛ3 Yerusalem

Ɛ3 YUDEA

F2 MEDIA

F3 Babilon

F3 ELAM

F4 ARABIA

G2 PARTHIA

[Nsu ahorow]

D2 Mediterranea Po

E1 Ɛpo Tuntum

Ɛ4 Ɛpo Kɔkɔɔ

F3 Persia Faka

[Asase mfonini wɔ kratafa 32, 33]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Paulo Akwantu

Asɛmpatrɛw Akwantu a Edi Kan (Aso. 13:1–14:28)

H3 Antiokia (Siria)

H3 Seleukia

G4 KIPRO

G3 Salami

G4 Pafo

G3 PAMFILIA

F3 Perge

F3 PISIDIA

F2 Antiokia (Pisidia)

G2 Ikonion

G2 LIKAONIA

G2 Listra

G3 Derbe

G2 Listra

G2 Ikonion

F2 Antiokia (Pisidia)

F3 PISIDIA

G3 PAMFILIA

F3 Perge

F3 Atalia

H3 Antiokia (Siria)

Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abien (Aso. 15:36–18:22)

H3 Antiokia (Siria)

H3 SIRIA

H3 KILIKIA

H3 Tarso

G3 Derbe

G2 Listra

G2 Ikonion

F2 Antiokia (Pisidia)

F2 FRIGIA

G2 GALATIA

Ɛ2 MISIA

Ɛ2 Troa

Ɛ1 SAMOTRAKE

E1 Neapoli

E1 Filipi

D1 MAKEDONIA

E1 Amfipoli

E1 Tesalonika

E1 Beroia

D2 HELA

E2 Atene

E2 Korinto

E3 AKAIA

Ɛ2 Efeso

G4 Kaesarea

H5 Yerusalem

H3 Antiokia (Siria)

Asɛmpatrɛw Akwantu a Ɛto so Abiɛsa (Aso. 18:22–21:19)

H3 SIRIA

H3 Antiokia (Siria)

G2 GALATIA

F2 FRIGIA

H3 KILIKIA

H3 Tarso

G3 Derbe

G2 Listra

G2 Ikonion

F2 Antiokia (Pisidia)

Ɛ2 Efeso

Ɛ2 ASIA

Ɛ2 Troa

E1 Filipi

D1 MAKEDONIA

E1 Amfipoli

E1 Tesalonika

E1 Beroia

D2 HELA

E2 Atene

E2 Korinto

E1 Beroia

E1 Tesalonika

E1 Amfipoli

E1 Filipi

Ɛ2 Troa

Ɛ2 Aso

Ɛ2 Mitilene

Ɛ2 KIO

Ɛ2 SAMO

Ɛ3 Mileto

Ɛ3 Ko

Ɛ3 RODO

F3 Patara

H4 Tiro

H4 Ptolemai

G4 Kaesarea

H5 Yerusalem

Ɔkwan a Otu Kɔɔ Roma (Aso. 23:11–28:31)

H5 Yerusalem

G4 Kaesarea

H4 Sidon

F3 Mira

F3 Likia

Ɛ3 Knido

E3 KRETA

E4 KLAUDA

A3 MALTA

A3 KILIKIA

A3 Sirakusa

A1 ITALIA

B2 Regio

A1 Puteoli

A1 Roma

Akwantempɔn (Hwɛ nhoma no mu)

[Asafo ahorow ason]

Ɛ2 Pergamo

Ɛ2 Tiatira

Ɛ2 Sardi

Ɛ2 Smirna

Ɛ2 Efeso

F2 Filadelfia

F2 Laodikea

[Mmeae foforo]

Ɛ3 PATMO

F2 Kolose

F5 Aleksandria

F5 MISRAIM

G1 BITINIA

G5 Yopa

G5 Lida

G5 Gasa

H1 PONTO

H2 KAPADOKIA

H4 Damasko

H4 Pella

[Nsu ahorow]

E4 Mediterranea Po

[Mfonini wɔ kratafa 33]

Mileto, kurow a Paulo hyiaa Efeso mpanyimfo no agoruhwɛbea

[Mfonini wɔ kratafa 33]

Seus afɔremuka a esi Pergamo. Kristofo a na wɔte saa kurow yi mu traa ‘nea na Satan ahengua si’—Adi. 2:13

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena