Bible Nsase No
BERE a Israel siesiee ne ho sɛ ɔbɛkɔ Bɔhyɛ Asase no so no, Mose kaa ne komam asɛm paa kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔw asase fɛfɛ no.”—Deut. 3:25.
Wɔ Mose fam no, na wontumi mma no kwan, nanso ɔforoo bepɔw bi a ani kyerɛ Yeriko huu asase no—‘Gilead de kosi Dan, ne Yuda asase de kosi atɔe fam po no ho, ne Negeb asasetaw no, ne Yordan bon mu.’ (Deut. 3:27; 34:1-4, NW) So woate saa din ahorow yi pɛn? Wunim mmeae a ɛwɔ?
Yehowa nkurɔfo kakraa bi pɛ na wobetumi atu kwan akɔ mmeae pii a wɔakenkan ho asɛm wɔ Bible mu no. Wontumi nyɛ nea Onyankopɔn kae sɛ ɔbɛma Abraham ayɛ no, sɛ wobekyinkyin afa Bɔhyɛ Asase no nyinaa so. (Gen. 13:14-17) Nanso, nokware Kristofo ani gye ho sɛ wobehu baabi a mmeae a Bible bobɔ din no wɔ na ama wɔahu sɛnea na ɛne mmeae foforo wɔ abusuabɔ.
‘Hwɛ Asase Pa No’ yɛ adwinnade a wubetumi de adi dwuma de ama ntease a wowɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no ayɛ kɛse. Mmeae a ɛwɔ hɔ ankasa, te sɛ Gilead a ne mfonini wɔ nhomawa no anim no, wom. Nea ɛma yɛte nneɛma ase kɛse koraa ne asase mfonini ahorow a ebetumi ama nimdeɛ a wowɔ wɔ mmeae a Bible abobɔ din ho no ayɛ kɛse no.
Asase mfonini a ɛwɔ kratafa 2 ne 3 no twe adwene si nsase anaa amantam akɛse so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wuhu baabi a na Asiria ne Misraim da wɔ Bɔhyɛ Asase no ho a, wubetumi ate nkɔmhyɛ ahorow a ɛbobɔ saa nsase no din no ase yiye. (Yes. 7:18; 27:13; Hos. 11:11; Mika 7:12) Ná asase teateaa a wɔfrɛ no Bɔhyɛ Asase no yɛ tete nkwantanan so, na aman foforo pɛe sɛ wɔfa ɛhɔ asase pa, bobe nturo, ne ngodua no.—Deut. 8:8; Atem. 15:5.
Ɛtɔ mmere bi a wobɛpɛ sɛ wode asase mfonini biako bɛtoto foforo ho. Sɛ nhwɛso no, wɔmaa Yona dwumadi wɔ Asiria ahenkurow mu, nanso ɔfaa po so hyɛn kɔɔ Tarsis. (Yona 1:1-3) So wuhu saa mmeae no wɔ asase mfonini a edi kan no so? Nanso ɛnsɛ sɛ wudi mfomso fa Tarsis sɛ Tarso, beae a wɔwoo ɔsomafo Paulo no. Wubehu Tarso ne nkurow foforo wɔ asase mfonini a ɛwɔ ha yi so.
Susuw Abraham kwan a ɔfaa so no tenten ho bere a wuhu Ur, Haran, ne Yerusalem no. Bere a Yehowa frɛɛ no fii Ur no, ɔbɛtraa Haran, na afei otu kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Gen. 11:28–12:1; Aso. 7:2-5) Sɛ wusua “Tete Agyanom Wiase No” ho ade a, wubehu Abraham akwantu no ho nsɛm yiye wɔ kratafa 6-7.
Asase mfonini a edi kan no ne nea ɛwɔ ha yi nnyina bere pɔtee bi so. Abien yi akyi no, asase mfonini ahorow no gyina sɛnea nsɛm no kɔɔ so sisii nnidiso nnidiso no so. Nkurow anaa nsɛm a ɛwɔ asase mfonini no so no fa nsɛm a esisii bere pɔtee bi ho. Ɛwom sɛ ɛnyɛ din biara a ɛwɔ asase mfonini so no na ɛwɔ Edin a Wɔahyehyɛ (wɔ kratafa 34-5) no mu de, nanso sɛnea ɛte no, ebetumi aboa wo ma woahu asase mfonini ahorow a ɛfa asɛm a woreyɛ ho nhwehwɛmu no ho no.
Bɔhyɛ Asase no so nkurow akɛse ne nketewa pii wɔ asase mfonini a ɛwɔ nhoma yi mfinimfini (kratafa 18-19) no so sen biara. Asase Mfonini Ho Nkyerɛkyerɛmu no bɛboa wo ma woahu Lewifo nkurow ne guankɔbea nkurow asia no, na ɛbɛma woahu sɛ ebia wɔbɔɔ beae bi din wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm, Hela Kyerɛwnsɛm, anaa n’abien nyinaa mu anaa.
Wonnim mmeae bi a wɔabobɔ din wɔ Bible mu no nnɛ, ma enti saa din ahorow no mu dodow no ara nni asase mfonini a ɛwɔ nhomawa yi mfinimfini no so. Afei nso, wɔantumi amfa nkurow akɛse ne nketewa biara, te sɛ nkurow a na ɛwɔ mmusuakuw no nsase so nyinaa amma so. (Yos. ti 15-19) Nanso, saa asase mfonini no taa de nkurow a ɛbemmɛn no din ba na ama woatumi de w’ani abu baabi a ɛwɔ no. Wɔahyehyɛ asase so nneɛma bi (te sɛ mmepɔw, nsubɔnten, ne nsubon) agyirae, na wɔde kɔla ahorow akyerɛ nkoko ne akwan. Nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa betumi aboa wo ma woayɛ Bible mu nsɛm bi ho mfonini wɔ w’adwene mu.
Bible mu mmeae ho nsɛm pii wɔ nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm, Insight on the Scriptures, a ɛwɔ kasa horow pii mu no mu.a Bere a wode ɛno ne nhoma foforo a wɔde sua Bible redi dwuma no, ma ‘Hwɛ Asase Pa No’ nhomawa no mmɛn wo. Hwɛ mu bere a woresua Kyerɛwnsɛm a mfaso wɔ so ma wo wɔ w’asetra mu nyinaa no.—2 Tim. 3:16, 17.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintimii.
[Asase mfonini wɔ kratafa 4, 5]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Bible mu Nsase/Nkurow Atitiriw
A1 ITALIA
A2 ROMA
A3 SICILY
A4 MALTA
C2 MAKEDONIA
D2 Filipi
D2 HELA
D3 ATENE
D3 Korinto
D3 KRETA
D3 LIBIA
D3 Antiokia (Pisidia)
E3 Efeso
E3 PATMO
E3 RODO
E5 MEMFIS
E5 MISRAIM
E2 ASIA KUMAA
Ɛ3 Tarso
Ɛ3 Antiokia (Siria)
Ɛ3 KIPRO
Ɛ4 Sidon
Ɛ4 Damasko
Ɛ4 Tiro
Ɛ4 Kaesarea
Ɛ4 BƆHYƐ ASASE
Ɛ4 YERUSALEM
Ɛ4 MOAB
Ɛ4 Kades
Ɛ4 EDOM
F3 Eden Turo?
F3 ASIRIA
F3 Haran
F3 SIRIA
F5 ARABIA
G3 NINIWE
G4 BABILON
G4 KALDEA
G4 Susan
G4 Ur
H3 MEDIA
[Mmepɔw]
Ɛ5 Bepɔw Sinai
G2 ARARAT MMEPƆW
[Nsu ahorow]
D3 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)
Ɛ1 Ɛpo Tuntum
Ɛ5 Ɛpo Kɔkɔɔ
H2 Caspian Po
H5 Persia Faka
[Nsubɔnten]
E5 Nil Asubɔnten
F3 Eufrate Asubɔnten
G3 Tigris Asubɔnten