Onyankopɔn Nkurɔfo San Ba Wɔn Asase So
MMEPƆWMMEPƆW atitiriw abien sa so atwa asase tamaa a ɛyɛ nnɛyi Iran no ho ahyia—Elburz (Caspian Po no anafo fam) ne Zagros (anafo fam apuei de rekɔ Persia Faka no ho). Abon atenten bi a ɛyɛ asasebere a nnua kusuu sisi nkyɛnmu na atetew ntam. Abon no mu wim tebea ye, nanso awɔw kɛse wɔ mmepɔw no atifi a ɛhɔ yɛ kesee no, na mframa fa asasetaw no so kɛse wɔ awɔw bere mu. Asase tamaa so anhweatam a nnipa nnɔɔso wɔ so no bɛn hɔ. Ɔmantam yi a ɛwɔ Mesopotamia apuei fam no mu na Media ne Persia Ahemman no sɔree.
Ná Mediafo no te asase tamaa no atifi fam, ɛwom sɛ akyiri yi wɔn ase trɛw kɔɔ Armenia, ne Kilikia de. Nanso, na Persiafo no te asase tamaa no anafo fam atɔe, Tigris Bon no apuei fam. Wɔ Kores nniso ase wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mfinimfini no, ahenni abien yi ka boom hyehyɛɛ Media ne Persia Wiase Tumi no.
Kores ko faa Babilon wɔ afe 539 A.Y.B. mu. N’ahemman no mu trɛw kɔɔ apuei fam koduu India. Atɔe fam no, Misraim ne nea wɔfrɛ no Turkey nnɛ no bɛkaa ho. Ɛfata sɛ Daniel kaa Media ne Persia Ahemman no ho asɛm sɛ anworannworammoa, “osisi” a ‘odi nam bebree’ no. (Dan. 7:5) Kores de nniso a mmɔborohunu ne abodwokyɛre wom sii hɔ. Ɔkyekyɛɛ ahemman no mu yɛɛ no amantam. Amrado, a mpɛn pii no na ɔyɛ Persiani na odii amantam no mu biara so, nanso ɛhɔnom atumfoɔ no dii tumi kakra wɔ wɔn ase. Wɔhyɛɛ nkurɔfokuw no nkuran ma wɔkɔɔ so kuraa wɔn amammerɛ ne wɔn nyamesom mu.
Bere a Kores redi saa nhyehyɛe yi so no, ɔmaa Yudafo no kwan ma wɔsan kɔɔ wɔn kurom de nokware som kosii hɔ, na wɔsan kyekyee Yerusalem, sɛnea Esra ne Nehemia kaa ho asɛm no. So wususuw sɛ nnipadɔm yi faa ɔkwan a na Abraham afa so wɔ Eufrate ho a ɛkɔ Karkemis no so, anaasɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔfaa ɔkwantiaa a ɛnam Tadmor ne Damasko no so? Bible no nka. (Hwɛ kratafa 6-7.) Bere bi akyi no, Yudafo nso tratraa ahemman no afã horow te sɛ Nil Asuasu ne mmeae ahorow a ɛwɔ anafo fam tɔnn no. Yudafo a wɔdɔɔso ara yiye kɔɔ so traa Babilon, na ɛda adi sɛ ɛno na ɛmaa ɔsomafo Petro kɔɔ hɔ nsrahwɛ wɔ mfehaha pii akyi no. (1 Pet. 5:13) Nokwarem no, Media ne Persia Ahemman ka ho bi na Yudafo hwete kɔɔ mmeae pii wɔ Hela ne Roma ahemman ahorow a ɛbae akyiri yi mu no.
Bere a Mediafo ne Persiafo dii Babilon so nkonim no, wɔde kurow no a na emu yɛ hyew wɔ ahohuru bere mu no dii dwuma sɛ beae a wofi hwɛ ɔman no so. Wɔde Susan, a na ɛyɛ Elamfo ahenkurow no yɛɛ adehye nkurow no mu biako. Akyiri yi, ɛhɔ na Persia hene Ahasweros (a ɛda adi sɛ ɔne Xerxers I no) yɛɛ Ester ɔhemmaa, na ɔsɛee pɔw bɔne a wɔbɔe sɛ wɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase wɔ ahemman kɛse no mu no. Na Media ne Persia nhenkurow abien foforo ne Ecbatana (a ɛda bepɔw a ne tenten bɛboro mita 1,900 so a ɛhɔnom yɛ anigye ahohuru bere mu no) ne Pasargadae (a ɛda bepɔw a ne tenten te saa ara so, na ɛwɔ anafo fam apuei bɛyɛ kilomita 650 no).
Ɛyɛɛ dɛn na wiase tumi yi baa awiei? Bere a Media ne Persia tumidi no duu ne mpɔmpɔn so no, wɔyɛɛ ɔsɔretia ahorow a Helafo a wɔwɔ atifi fam atɔe hye so de bae no ho biribi. Saa bere no na Helafo a wɔn mu apaapae ayɛ nkurotow no ne wɔn ho wɔn ho redi ako, nanso wɔbɛyɛɛ biako dii Persia asraafo no so nkonim wɔ akodi atitiriw bi mu wɔ Marathon ne Salamis asasetaw so. Eyi na efii di a Helafo a wɔayɛ biako dii Media ne Persia so tumi no ase.
[Asase mfonini wɔ kratafa 24]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Media ne Persia Ahemman
A2 MAKEDONIA
A2 THRACE
A4 Kirene
A4 LIBIA
B2 Byzantium
B2 LIDIA
B3 Sardi
B4 Memfis (Nof)
B4 MISRAIM
B5 No-Amon (Thebes)
B5 Siene
D3 KILIKIA
D3 Tarso
D3 Issus
D3 Karkemis
D3 Tadmor
D3 SIRIA
D3 Sidon
D3 Damasko
D3 Tiro
D4 Yerusalem
E2 Phasis
E2 ARMENIA
E3 ASIRIA
E3 Niniwe
E4 Babilon
Ɛ3 MEDIA
Ɛ3 Ecbatana (Ahmeta)
Ɛ3 HYRCANIA
Ɛ4 Susan (Susa)
Ɛ4 ELAM
Ɛ4 Pasargadae
Ɛ4 Persepolis
Ɛ4 PERSIA
F3 PARTHIA
F4 DRANGIANA
G2 Maracanda (Samarkand)
G3 SOGDIANA
G3 BACTRIA
G3 ARIA
G4 ARACHOSIA
G4 GEDROSIA
H5 INDIA
[Mmeae foforo]
A2 HELA
A3 Marathon
A3 Atene
A3 Salami
D1 SKITE
D4 Elat (Elot)
D4 Tema
E4 ARABIA
[Mmepɔw]
Ɛ3 ELBURZ MMEPƆW
Ɛ4 ZAGROS MMEPƆW
[Nsu ahorow]
B3 Mediterranea Po (Ɛpo Kɛse)
D2 Ɛpo Tuntum
D5 Ɛpo Kɔkɔɔ
Ɛ2 Caspian Po
Ɛ4 Persia Faka
[Nsubɔnten]
B4 Nil
D3 Eufrate
E3 Tigris
H4 Indus
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Ná ɛsɛ sɛ Kores asraafo no fa Zagros Mmepɔw no mu ansa na wɔadu Babilon
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Atifi: Amanaman Nyinaa Pon, wɔ Persepolis
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ase: Kores boda, wɔ Pasargadae