Dwom 16
Guan Kɔ Onyankopɔn Ahenni Ho!
1. Ahobrɛasefo, monhwehwɛ Yehowa;
Monhwehwɛ trenee ne ahobrɛase.
Ɛno na ebia n’abufuw da no mu,
Wɔde mo behintaw dwoodwoo.
(NNYESO)
Guan kɔ Nyankopɔn Ahenni no ho;
Gyina n’Ahenni akyi.
Ɛno na Nyankopɔn bɛbɔ wo ho ban;
Yɛ ntɛm na tie n’ahyɛde.
2. Wo a nokware ne trenee kɔm de wo;
Adɛn na woda so di aw’rɛhow?
Hwehwɛ Nyankopɔn, kwati Ɔtamfo no,
Brɛ wo ho ase ma Kristo.
(NNYESO)
Guan kɔ Nyankopɔn Ahenni no ho;
Gyina n’Ahenni akyi.
Ɛno na Nyankopɔn bɛbɔ wo ho ban;
Yɛ ntɛm na tie n’ahyɛde.
3. Momma mo ti so, munni ahurusi;
Monhwɛ sɛ Kristo Ahenni aba!
Munnye hann a efi Yehowa hɔ no,
Na ɔno na munsuro no!
(NNYESO)
Guan kɔ Nyankopɔn Ahenni no ho;
Gyina n’Ahenni akyi.
Ɛno na Nyankopɔn bɛbɔ wo ho ban;
Yɛ ntɛm na tie n’ahyɛde.
(Hwɛ Dw. 59:16; Mmeb. 18:10; 1 Kor. 16:13 nso.)