Dwom 43
Monwɛn, Munnyina Pintinn
1. Monwɛn, munnyina hɔ pintinn;
Munsi mo bo, munnnyae da.
Monkɔ so akokod’ru mu,
Na mubedi nkonim.
Momma yentie Kristo ahyɛde,
Na yɛmfa yɛn ho nhyɛ n’ase daa.
(NNYESO)
Monwɛn na munnyina hɔ pintinn!
Monkɔ anim nkosi daa!
2. Monwɛn na mo ani nna hɔ;
Monyɛ setie daa nyinaa.
Munni Kristo akwanky’rɛ so;
Ɛnam akoa kuw no so.
Momma yentie mpanyimfo no,
Wɔn na wɔbɔ ne nguan no ho ban.
(NNYESO)
Monwɛn na munnyina hɔ pintinn!
Monkɔ anim nkosi daa!
3. Monwɛn na monhwɛ nyɛ biako;
Monkɔ so nka asɛm no.
Atamfo bɛko atia yɛn,
Nanso yɛrempa ’ba da.
To ayeyi dwom wɔ mmaa nyinaa.
Hwɛ! Yehowa da kɛse abɛn!
(NNYESO)
Monwɛn na munnyina hɔ pintinn!
Monkɔ anim nkosi daa!
(Hwɛ Mat. 24:13; Heb. 13:7, 17; 1 Pet. 5:8 nso.)