Dwom 35
Ma W’ani Nsɔ Nyankopɔn Abotare
Nea Yɛaprente
1. Yɛn Nyankopɔn, woyɛ Otumfoɔ.
Woakyerɛ sɛ wodɔ trenee.
Bɔne atwa yɛn ho ahyia,
Ɛma wudi awerɛhow.
Wuntumi nkyɛ wo bɔhyɛ ho da;
Aka kakra ma bɔne agyae.
Yɛde yɛn ani to wo so;
W’abotare ne trenee yɛ fɛ.
2. Mfe apem wɔ wo ani so,
Ayɛ te sɛ da biako pɛ.
Wo da kɛse no rebɛn paa;
Ɛbɛba, ɛrenka akyi.
Woyɛ obi a wukyi bɔne;
Bɔnefo sakra ma w’ani gye.
Yɛwɔ anidaso kɛse;
Yɛde anisɔ bɛkamfo wo.
(Hwɛ Luka 15:7; 2 Pet. 3:8, 9 nso.)