Dwom 66
Yebefi Ɔkra Nyinaa mu Asom Yehowa
Nea Yɛaprente
1. Amansan Hene Yehowa,
Wo na medɔ wo na mitie wo.
Mede me koma bɛsom wo;
Na mɛkɔ so adi w’akyi daa.
Mɛdi w’asɛm so nokware mu;
Mɛyɛ w’apɛde daa nyinaa.
(NNYESO)
Yehowa, wosɛ ayeyi;
Mede me koma bɛsom wo daa.
2. Agya, wo nnwuma kamfo wo.
Ɔs’ro ne asase yi w’ayɛ.
Mɛsom wo me kra nyinaa mu;
Mede m’ahoɔden bɛbɔ wo din.
Mahyira me ho so ama wo,
Merensan mfi w’akyi da.
(NNYESO)
Yehowa, wosɛ ayeyi;
Mede me koma bɛsom wo daa.
(Hwɛ Deut. 6:15; Dw. 40:8; 113:1-3; Ɔsɛnk. 5:4; Yoh. 4:34 nso.)