Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • fg adesua 15 nsɛmmisa 1-4
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ so Sua Yehowa Ho Ade?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ so Sua Yehowa Ho Ade?
  • Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ɛkyɛn Wei?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Wo Ne Yehowa Abusuabɔ Di Mũ Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Abɛn Onyankopɔn?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • ‘Onyankopɔn a Yɛbɛbɛn No No Ye Ma Yɛn’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
Hwɛ Pii Ka Ho
Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
fg adesua 15 nsɛmmisa 1-4

ADESUA 15

Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ so Sua Yehowa Ho Ade?

1. Ɔkwan bɛn so na Bible a wobɛkɔ so asua no bɛboa wo?

Mmea baanu a wɔresua Bible wɔ adwumam bere a wɔregye wɔn ahome

Akyinnye biara nni ho sɛ Bible mfiase nkyerɛkyerɛ a yɛasusuw ho no ama ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no mu ayɛ den. Ɛsɛ sɛ wokɔ so sua ade na ama ne ho dɔ a wowɔ no mu ayɛ den kɛse. (1 Petro 2:2) Anidaso a wowɔ sɛ wobɛtena ase daa no gyina Onyankopɔn Asɛm no a wobɛkɔ so asua na ama woabɛn no no so.​—Kenkan Yohane 17:3; Yuda 21.

Sɛ wunya Onyankopɔn ho nimdeɛ pii a, wo gyidi bɛyɛ den. Gyidi bɛboa wo ma woasɔ Onyankopɔn ani. (Hebrifo 11:1, 6) Ɛbɛka wo ma woasesa na woayɛ nsakrae a mfaso wɔ so wɔ w’abrabɔ mu.​—Kenkan Asomafo Nnwuma 3:19.

2. Ɛbɛyɛ dɛn na afoforo atumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ a woanya no so mfaso?

Ɔbea bi a ɔrebɔ mpae

Wubetumi ne Yehowa anya abusuabɔ soronko bi

Sɛnea ɛte biara no, w’ani begye ho sɛ wobɛka nea woasua no ho asɛm akyerɛ afoforo, efisɛ yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yɛbɛka asɛm pa bi a yɛate akyerɛ afoforo. Bere a wugu so resua Bible no, wubehu sɛnea wode Bible no bɛkyerɛkyerɛ Yehowa ho ade ne asɛmpa no mu gyidi a woanya no mu akyerɛ afoforo.​—Kenkan Romafo 10:13-15.

Nnipa dodow no ara fi ase ka asɛmpa no kyerɛ wɔn nnamfo anaa wɔn abusuafo. Yɛ anifere. Sɛ́ anka wobɛka sɛ wo nnamfo ne w’abusuafo som nyɛ papa no, ka Onyankopɔn bɔhyɛ ho asɛm kyerɛ wɔn. Afei nso, kae sɛ mpɛn pii no su pa a yɛda no adi na ɛma nkurɔfo ani gye asɛm no ho sen asɛm a yɛka no.​—Kenkan 2 Timoteo 2:24, 25.

3. Abusuabɔ bɛn na wubetumi ne Onyankopɔn anya?

Onyankopɔn Asɛm no a wubesua no bɛboa wo ma woanya nkɔso wɔ ne som mu. Awiei koraa no, wubetumi ne Yehowa anya abusuabɔ soronko bi. Wubetumi abɛyɛ ne dea sɛ n’abusua no muni ankasa.​—Kenkan 2 Korintofo 6:18.

4. Wobɛyɛ dɛn atumi anya nkɔso bere nyinaa?

Sɛ wokɔ so sua Onyankopɔn Asɛm no a, wubetumi anya nkɔso wɔ ne som mu. (Hebrifo 5:13, 14) Ka kyerɛ Yehowa Dansefo bi na ɔmfa Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no bi mmrɛ wo na ɔne wo mmesua Bible no. Dodow a wusua Onyankopɔn Asɛm no, dodow no ara na ebesi wo yiye wɔ w’asetenam.​—Kenkan Dwom 1:1-3; 73:27, 28.

Yehowa Adansefo a wɔreka Bible adesua ho asɛm akyerɛ afoforo

Asɛmpa no fi Yehowa a ɔyɛ anigye Nyankopɔn no hɔ. Sɛ wobɛn ne nkurɔfo kɛse a, ɛbɛma woabɛn ɔno nso paa. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ wokɔ so bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, na worepɛ nkwa ankasa a ɛno ne daa nkwa no. Nokwasɛm ne sɛ, ade a eye sen biara a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛbɛn Onyankopɔn.​—Kenkan 1 Timoteo 1:11; 6:19.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 18.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena