ADESUA ASƐM 15
DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo
‘Onyankopɔn a Yɛbɛbɛn No No Ye Ma Yɛn’!
“Me de, eye ma me sɛ mɛbɛn Onyankopɔn.”—DW. 73:28.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Sɛnea yɛbɛbɛn Yehowa ne mfaso a ɛwɔ so.
1-2. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛne obi fa adamfo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
HENA paa ne w’adamfo? Ɛyɛɛ dɛn na ɔbɛyɛɛ w’adamfo? Ebia wo ne bɔe, ɔkaa ne suahu kyerɛɛ wo, na wubehuu nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Afei nso, ebia wubehui sɛ ɔwɔ suban pa ahorow bi a wubetumi asuasua. Ɛno nti, wubenyaa ɔdɔ maa no.
2 Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi fa adamfo a, egye bere ne mmɔdenbɔ. Yehowa nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne no fa adamfo a, saa ara na ɛte; egye bere ne mmɔdenbɔ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi abɛn Yehowa ne mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛyɛ saa. Yenni kan nhwɛ nea enti a eye sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo.
3. Sɛ yɛne Yehowa fa adamfo a, mfaso a ɛwɔ so no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho? Ma ho nhwɛso.
3 Yehowa a wobɛbɛn no no, yegye di paa sɛ wunim sɛ eye. Ne nyinaa mu no, mfaso a ɛwɔ so no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛkanyan wo ma woakɔ so abɛn no. (Dw. 63:6-8) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yenim sɛ, sɛ yedi aduan a ahoɔden wom, yɛtenetene yɛn apɔw mu, yɛda yiye, na yɛnom nsu pii a, ɛboa yɛn. Nanso nnipa pii wɔ hɔ a, wei ho nhyɛ da nhia wɔn, enti wɔnyɛ wɔn apɔwmuden ho hwee. Nneɛma a yɛyɛ a ɛma yenya apɔwmuden no, sɛ yedwinnwen sɛnea ɛboa yɛn no ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so ayɛ. Yehowa a yɛbɛbɛn no no nso, yenim sɛ eye ma yɛn, nanso sɛ yedwinnwen mfaso a ɛwɔ so no ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛakɔ so abɛn no.—Dw. 119:27-30.
4. Asɛm bɛn na odwontofo no kae wɔ Dwom 73:28?
4 Kenkan Dwom 73:28. Nea ɔkyerɛw Dwom 73 no, na ɔyɛ Lewini a ɔka nnwontofo a na wɔwɔ Yehowa asɔrefie hɔ no ho. Ɛda adi sɛ na ɔde nokwaredi asom Yehowa mfe pii. Ne nyinaa mu no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔkae ne ho sɛ, mfaso wɔ so sɛ ‘ɔbɛbɛn Onyankopɔn,’ na ɔboa afoforo nso ma wɔhu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔn nso bɛbɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a mfaso a yenya no, ebi ne sɛn?
SƐ ‘YƐBƐN ONYANKOPƆN’ A, ƐMA YƐN ANI GYE
5. (a) Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, adɛn nti na ɛma yɛn ani gye? (b) Sɛ yɛhwɛ Mmebusɛm 2:6-16 a, nyansa a Yehowa de ma yɛn no, sɛn na ɛboa yɛn na ɛbɔ yɛn ho ban?
5 Sɛ yɛyere yɛn ho bɛn Yehowa a, ɛma yɛn ani gye paa. (Dw. 65:4) Nea enti a yɛreka saa no dɔɔso. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛde Bible mu afotu bɔ yɛn bra a, ɛma yehu nyansa. Nyansa a ɛte saa no bɔ yɛn ho ban na obi annaadaa yɛn. Saa ara nso na ɛbɔ yɛn ho ban fi bɔne akɛse ho. (Kenkan Mmebusɛm 2:6-16.) Bible no kae a ɛmmoa sɛ: “Anigye ne onipa a ohu nyansa, ne onipa a onya nhumu.”—Mmeb. 3:13.
6. Anigye a na odwontofo no wɔ no, ɛyɛɛ dɛn na ɛsɛee?
6 Ɛtɔ da a, Yehowa nnamfo mpo werɛ tumi how. Nea ɔkyerɛw Dwom 73 no, nea ɛmaa n’anigye sɛee ne sɛ, n’ani beree abɔnefo. Onyaa adwene sɛ, wɔn a wɔntie Onyankopɔn no, wɔn mmom na nneɛma kɔ yiye ma wɔn. Odii mfomso susuwii sɛ awudifo ne ahantanfo de, daa wɔnya sika, wɔwɔ apɔwmuden na wɔnhu amane. (Dw. 73:3-7, 12) Nea odwontofo no hui no, ɛhaw no ara ma eduu baabi no, ɔtee nka sɛ mfaso nni so sɛ ɔbɛsom Yehowa. Awerɛhow hyɛɛ ne so ara ma ɔkaa sɛ: “Ampa, me komam a matew, ne me nsa a mahohoro de akyerɛ sɛ me ho nni asɛm no nyinaa yɛ ɔkwa.”—Dw. 73:13.
7. Sɛ ɛtɔ da na awerɛhow resɛe yɛn anigye a, dɛn na yebetumi ayɛ? (Hwɛ mfoni no.)
7 Odwontofo no amma awerɛhow ammubu no. Ɔyɛɛ biribi de sesaa adwene a na okura no. ‘Ɔkɔɔ Onyankopɔn tenabea kronkron kɛse no mu,’ na Yehowa boaa no ma ɔsesaa n’adwene. (Dw. 73:17-19) Sɛ yɛn werɛ how a, Yehowa ani tua. Enti, yebetumi abɔ no mpae, na yɛasrɛ no sɛ ɔmma yenhu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Afei nso, mmoa biara a ɔnam n’Asɛm ne asafo no so de bɛma yɛn no, ɛsɛ sɛ yegye tom. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛagyina awerɛhodi no ano. Sɛ dadwen hyɛ yɛn so sɛ dɛn mpo a, Yehowa bɛkyekye yɛn werɛ na waka yɛn koma ato yɛn yam.—Dw. 94:19.a
Lewini a ɔkyerɛw Dwom 73 no gyina “Onyankopɔn tenabea kronkron kɛse no mu” (Hwɛ nkyekyɛm 7)
SƐ ‘YƐBƐN ONYANKOPƆN’ A, ƐMA YENYA ASETENA PA NE ANIDASO
8. Onyankopɔn a yɛbɛbɛn no no, mfaso atitiriw bɛn bio na ɛma yenya?
8 Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɛsan ma yenya mfaso atitiriw mmienu bi. Nea edi kan, ɛma yenya asetena pa. Afei nso, ɛma yenya anidaso a enni huammɔ. (Yer. 29:11) Momma yensusuw saa mfaso yi ho nkɔ akyiri kakra.
9. Sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɔkwan bɛn so na ɛma yenya asetena pa?
9 Sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɛma yenya asetena pa. Ɛnnɛ nnipa bebree nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Enti, wɔnnim nea enti a yɛwɔ wiase, na ɛyɛ wɔn sɛ awiei koraa no, nnipa nyinaa ase bɛhyew. Nanso, Bible a yɛasua nti, yɛabehu paa sɛ Onyankopɔn ‘wɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.’ (Heb. 11:6) Yenim sɛ Yehowa, yɛn soro Agya no bɔɔ yɛn sɛ yɛnsom no. Enti ɛnnɛ mpo yɛn ani gye, efisɛ nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ no, ɛno ara na yɛreyɛ no.—Deut. 10:12, 13.
10. Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no, ɛbɔ bɛn na wahyɛ wɔn wɔ Dwom 37:29?
10 Nnipa pii wɔ hɔ a, wɔnni anidaso papa biara wɔ asetenam; ɛno ara ne sɛ wɔbɛyɛ adwuma, aware awo mma, na wɔapɛ biribi ato hɔ a sɛ wɔkɔ pɛnhyen a wɔde bɛhwɛ wɔn ho. Wɔayi Onyankopɔn asi nkyɛn. Nanso yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn asomfo no de, yɛde yɛn ho to ne so. (Dw. 25:3-5; 1 Tim. 6:17) Yegye yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no di, na ɛbɔ a wahyɛ yɛn no nso, yegye di. Yɛwɔ anidaso nso sɛ, daakye yɛbɛsom no afebɔɔ wɔ Paradise.—Kenkan Dwom 37:29.
11. Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɛboa yɛn sɛn, na ɛma Onyankopɔn nso te nka sɛn?
11 Sɛ yɛbɛn Onyankopɔn a, ɛsan ma yenya mfaso pii. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa hyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛyɛ bɔne na yenu yɛn ho a, ɔde bɛkyɛ yɛn. (Yes. 1:18) Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛma bɔne a yɛayɛ atwam ho adwinnwen teetee yɛn. (Dw. 32:1-5) Afei nso, sɛ yɛbɛn Yehowa a, ɛma n’ani gye. (Mmeb. 23:15) Wo nso, nhyira a yɛbɛn Onyankopɔn a yenya no, wubetumi adwinnwen bi ho. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn akɔ so abɛn Onyankopɔn?
SƐNEA YƐBƐKƆ SO ‘ABƐN ONYANKOPƆN’
12. Dɛn na woayɛ a ama woabɛn Onyankopɔn?
12 Sɛ woyɛ Kristoni a woabɔ asu a, ɛkyerɛ sɛ woabɔ mmɔden abɛn Yehowa. Wusuaa Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu ho nokwasɛm pii. Afei, wosakra fii wo bɔne ho, wunyaa Onyankopɔn mu gyidi kɛse, na wobɔɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ n’apɛde. Ehia sɛ wokɔ so yɛ saa nneɛma yi. Woyɛ saa a, ɛbɛma woabɛn Onyankopɔn kɛse.—Kol. 2:6.
13. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na yɛyɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so abɛn Yehowa?
13 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so abɛn Yehowa? (1) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kenkan Bible no na yesua. Sɛ yɛrekenkan Bible a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yebehu Bible mu kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu nea Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ, na yɛma nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ yɛn kwan. (Efe. 5:15-17) (2) Adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ yɛn no, ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho de hyɛ yɛn gyidi den. (3) Nneɛma a Yehowa kyi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so twe yɛn ho fi ho, na wɔn a wɔyɛ bi no nso, ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ.—Dw. 1:1; 101:3.
14. Sɛnea 1 Korintofo 10:31 kyerɛ no, nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ no da biara da a ɛbɛma Yehowa ani agye? (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Kenkan 1 Korintofo 10:31. Nneɛma a yenim sɛ Yehowa ani gye ho no, ɛho hia paa sɛ yɛyere yɛn ho yɛ. Ɛnyɛ asɛnka ne adesuakɔ nko ara. Nea yɛyɛ wɔ yɛn asetenam da biara da nso, ɛsɛ sɛ ɛsɔ Yehowa ani. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yedi nokware wɔ biribiara mu, na yɛne afoforo kyɛ nea yɛwɔ a, ɛma Yehowa ani gye. (2 Kor. 8:21; 9:7) Afei nso, ɔmpɛ sɛ yɛde yɛn nkwa di agorɔ. Ɛno nti ɛnsɛ sɛ yedidi boro so anaa yɛnom nsa tra so. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden yiye. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nkwa a Yehowa de ama yɛn no. Nneɛma nketenkete mu mpo, sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ɛbɛma wadɔ yɛn paa.—Luka 16:10.
Sɛ yɛreka kar na yɛyɛ ahwɛyiye, yɛtenetene yɛn apɔw mu, yedi aduan a ahoɔden wom, na yɛne afoforo kyɛ nea yɛwɔ a, ɛbɛma yɛasɔ Onyankopɔn ani (Hwɛ nkyekyɛm 14)
15. Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛne afoforo di?
15 Yehowa da ayamye adi kyerɛ apapafo ne abɔnefo nyinaa. (Mat. 5:45) Yɛn nso, ɔpɛ sɛ yesuasua no na yɛda ayamye adi kyerɛ afoforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘yɛka obiara ho asɛmmɔne, anaa yɛne nkurɔfo ham; mmom ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ bere nyinaa.’ (Tito 3:2) Enti sɛ obi nnye Yehowa nni a, ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛkyɛn no, na yebu no animtiaa. (2 Tim. 2:23-25) Bere nyinaa, sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ afoforo na yɛne wɔn di no yiye a, ɛma yɛbɛn Yehowa paa.
SƐ YEDI MFOMSO MPO A, YEBETUMI ‘ABƐN ONYANKOPƆN’
16. Nea ɔkyerɛw Dwom 73 no, eduu baabi no, ɔtee nka sɛn?
16 Sɛ edu baabi na yɛte nka sɛ asɛ Yehowa nnɔ yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? Sɛnea yɛadi kan asusuw ho no, biribi a ɛte saa too nea ɔkyerɛw Dwom 73 no. Ɔkaa sɛ: “Ɛkaa ketewaa bi anka mereman; ɛkaa kakraa bi anka merehwe ase.” (Dw. 73:2) Ɔno ankasa gye toom sɛ odii “awerɛhow” na na ‘wayɛ sɛ aboa a onni adwene’ a ‘ɔnte nneɛma ase’ wɔ Yehowa ani so. (Dw. 73:21, 22) Wohwɛ a, ne mfomso no nti, ɔtee nka sɛ ɔyɛ ɔyera ba a Yehowa ato no paahwii anaa?
17. (a) Bere a ɛyɛɛ odwontofo no sɛ anidaso nyinaa asa mpo no, dɛn na ɔyɛe? (b) Dɛn na yebetumi asua afi n’asɛm no mu? (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Sɛ odwontofo no tee nka sɛ Yehowa apo no a, ɛbɛyɛ sɛ saa atenka a onyae no ankyɛ. Bere a ɛyɛɛ no sɛ anidaso nyinaa asa no, ne nsɛm a ɔkae no ma yehu sɛ, ohui sɛ ehia sɛ ɔbɛn Onyankopɔn. Ɔkaa sɛ: “Nanso afei de, mɛtena wo nkyɛn daa; wukura me nsa nifa. W’afotu na wode kyerɛ me kwan, na akyiri yi, wobɛhyɛ me anuonyam.” (Dw. 73:23, 24) Yɛn nso, sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw anaa yɛn abam bu a, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ yɛn den. (Dw. 73:26; 94:18) Sɛ yedi mfomso mpo a, yebetumi asan aba Yehowa nkyɛn na yɛanya awerɛhyem sɛ ‘wayɛ krado sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ’ yɛn. (Dw. 86:5) Bere a yɛte nka sɛ anidaso nyinaa asa no, saa bere no paa na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Onyankopɔn kɛse.—Dw. 103:13, 14.
Sɛ yɛte nka sɛ yɛn gyidi ayɛ mmerɛw a, ɛsɛ sɛ yemia yɛn mpaebɔ mu na yɛkɔ adesua daa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɛn Onyankopɔn (Hwɛ nkyekyɛm 17)
‘BƐN ONYANKOPƆN’ DAA
18. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛrentumi mmɛn Onyankopɔn nwie da?
18 Yɛrentumi mmɛn Yehowa nwie da, na yɛrentumi nso nsua ne ho ade nwie da. Bible ka sɛ, Yehowa akwan, ne nyansa ne ne nimdeɛ de, “yɛrentumi nhwehwɛ . . . mu nwie da!”—Rom. 11:33.
19. Nsɛm a ɛwɔ Nnwom nhoma no mu no, awerɛhyem bɛn na ɛma yenya?
19 Dwom 79:13 ka sɛ: “Yɛn a yɛyɛ wo man ne wo nguan a wohwɛ yɛn so no, yɛbɛda wo ase akosi daa; yebeyi wo ayɛ awo ntoatoaso nyinaa mu.” Wo nso, sɛ wokɔ so bɛn Onyankopɔn a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ obehyira wo afebɔɔ, na wode ahotoso aka sɛ: “Onyankopɔn yɛ me koma botan ne me kyɛfa daa.”—Dw. 73:26.
DWOM 32 Gyina Yehowa Afã!
a Wɔn a adwinnwen anaa awerɛhow ahyɛ wɔn so akyɛ no, ebia ebehia sɛ wɔkohu dɔkta. Wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan Ɔwɛn-Aban No. 1 2023 de no.