Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 2 afã 1-2
  • Munni Mo Ho Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munni Mo Ho Nokware
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 MA W’AWARE HO NHIA WO PAA
  • 2 BƆ WO KOMA HO BAN
  • Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nya Ahofama wɔ W’aware Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam
    W’abusua Betumi Anya Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 2 afã 1-2
Ɔkunu bi de kyinii asi ne yere so na ɔrebue kar no ama no

ƆFÃ 2

Munni Mo Ho Nokware

“Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Marko 10:9

Yehowa pɛ sɛ ‘yɛnantew nokwaredi’ mu. (Dwom 15:2) Nokwaredi ho hia paa wɔ aware mu, efisɛ woanni wo yere anaa wo kunu nokware a, ɔrennye wo nni. Na sɛ wannye wo anni nso a, ɔdɔ rentena aware no mu.

Ɛnnɛ, nokwaredi nni wiase, enti nnipa bebree nni wɔn kununom anaa wɔn yerenom nokware. Sɛ wubetumi ama nokwaredi atena w’aware mu a, ɛnde nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ.

1 MA W’AWARE HO NHIA WO PAA

NEA BIBLE NO KA: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) Nneɛma a ɛsɛ sɛ ehia wo paa wɔ asetenam no, baako ne w’aware. Enti ntoto no ase koraa.

Yehowa pɛ sɛ woma w’ani kũ wo yere anaa wo kunu ho na wo ne no nyinaa ‘ani gye.’ (Ɔsɛnkafo 9:9) Yehowa aka no pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu wo yere anaa wo kunu ahiade so da, mmom ɛsɛ sɛ mo mu biara yɛ nea ɛbɛma ne yɔnko ani agye. (1 Korintofo 10:24) Ma wo yere anaa wo kunu nhu sɛ wodɔ no na ne ho hia wo.

Ɔkunu bi ayɛ tea abrɛ ne yere; ɔkunu bi aba fie abɛto sɛ ne yere renoa aduane

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Wo ne wo yere anaa wo kunu ntaa nyɛ nneɛma mmom, na nya ne ho adagyew

  • Biribiara a wobɛyɛ no kae sɛ woyɛ ɔwarefo, enti worekasa a, ka sɛ “yɛn” nka sɛ “me”

Ɔkunu bi ne ne yere apue rekɔgye wɔn ani

2 BƆ WO KOMA HO BAN

NEA BIBLE NO KA: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mateo 5:28) Sɛ obi kɔ so dwinnwen aguamansɛm ho a, ɔkwan bi so no onni ne kunu anaa ne yere nokware.

Yehowa aka sɛ, ɛsɛ sɛ ‘wobɔ wo koma ho ban.’ (Mmebusɛm 4:23; Yeremia 17:9) Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na w’aniwa ansum wo afiri. (Mateo 5:29, 30) Suasua agya panyin Hiob. Ɔne n’aniwa yɛɛ apam sɛ ɔrenhwɛ ɔbea wɔ ɔkwan a ɛmfata so na wannya ne ho akɔnnɔ. (Hiob 31:1) Si wo bo sɛ worenhwɛ ponografi na worenkyerɛ obi a ɔnyɛ wo yere anaa wo kunu ho anigye.

Ɔbarima bi de ne yere mfonini asi ne pon so wɔ adwuma

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Ma nkurɔfo nhu sɛ wo yere anaa wo kunu da wo koma so paa

  • Sɛ wo ne obi bɔ na wo yere anaa wo kunu ani nnye ho a, dwen ne ho na twa so ntɛm

YƐ WO FAM DE

Gye tom sɛ mfomso wɔ wo ho, na hu nea wotɔ sin wɔ mu. (Dwom 15:2) Mfɛre sɛ wobɛma afoforo aboa wo. (Mmebusɛm 1:5) Sɛ wotaa dwinnwen ɔbrasɛe ho na wopɛ sɛ wugyae a, ɛnde yere wo ho; mma w’abam mmu. (Mmebusɛm 24:16) Yehowa bɛboa wo ama wɔakɔ so adi wo yere anaa wo kunu nokware.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Dɛn na mɛyɛ na manya adagyew ama me yere anaa me kunu?

  • Hena ne m’adamfo paa, me yere anaa me kunu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena