Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 1 afã 1-3
  • Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 YƐ W’ADWUMA A YEHOWA DE AMA WO NO
  • 2 OBIARA MFI NE KOMAM NNWEN NE YƆNKO HO
  • 3 MOMMOM MFA ADWENE
  • Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Munni Mo Ho Nokware
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Sɛnea Wodi Sobo a Wɔtaa Bɔ Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 1 afã 1-3
Ɔkunu bi ne ne yere; ɛyɛ wɔn ayeforohyia da

ƆFà1

Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo

“Onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase.”​—Mateo 19:4

Yehowaa Nyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware a edi kan no. Bible ka sɛ, bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbea a odi kan no, ɔde no “brɛɛ onipa no.” Adam huu ɔbea no, n’ani gyei araa ma ɔkae sɛ: “Aa, me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” (Genesis 2:22, 23) Yehowa da so ara pɛ sɛ awarefo ani gye.

Sɛ nnipa bi rekɔ aware a, wɔn adwene nyinaa ne sɛ asetena bɛyɛ ɔdɔ nko ara. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ awarefo dodɔ wɔn ho sɛ dɛn koraa a, wobehyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu. (1 Korintofo 7:28) Nhoma a worekenkan yi bɛma woahu Bible mu nsɛm pii a sɛ wode yɛ adwuma a, ɛbɛma anigye aba w’aware ne w’abusua mu.​—Dwom 19:8-11.

1 YƐ W’ADWUMA A YEHOWA DE AMA WO NO

NEA BIBLE NO KA: Okunu ne abusua no ti.​—Efesofo 5:23.

Woyɛ okunu? Yehowa pɛ sɛ wufi wo komam nyinaa dɔ wo yere. (1 Petro 3:7) Yehowa bɔɔ wo yere sɛ ɔnyɛ wo boafo, na ɔpɛ sɛ wodɔ wo yere na wudi no ni. (Genesis 2:18) Ɛsɛ sɛ wodɔ wo yere paa ma wutumi kum wo ho mpo ma no.​—Efesofo 5:25-29.

Woyɛ ɔyere? Yehowa pɛ sɛ wubu wo kunu paa, na woboa no ma ɔyɛ n’adwuma sɛ abusua ti. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:33) Sɛ osi gyinae bi a, fi wo komam nyinaa taa n’akyi na boa ma ɛnyɛ adwuma. (Kolosefo 3:18) Woyɛ saa a wo kunu bɛdɔ wo, na Yehowa nso ani begye wo ho.​—1 Petro 3:1-6.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Bisa wo hokafo nea woyɛ a ɛbɛma woayɛ okunu anaa ɔyere pa. Tie nea ɔbɛka no, na yɛ ho adwuma

  • Nya abotare. Ebegye bere kakra ansa na moahu nea obiara pɛ

2 OBIARA MFI NE KOMAM NNWEN NE YƆNKO HO

NEA BIBLE NO KA: Fa w’ani to fam, na woahu nneɛma a wo hokafo ani gye ho. (Filipifo 2:3, 4) Yehowa pɛ sɛ n’asomfo ‘dwo ma nnipa nyinaa,’ enti wo ne wo yere anaa wo kunu nni no odwo so, na fi wo komam dɔ no. (2 Timoteo 2:24) Bible ma yehu sɛ, ‘nsɛm a yetu no bumbum te sɛ nkrante a ɛwowɔ, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.’ Enti sɛ wo ne wo hokafo rekasa a, yɛ ahwɛyiye. (Mmebusɛm 12:18) Yehowa betumi de ne honhom aboa wo ma woafi ɔdɔ mu aka nsɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ wo hokafo.​—Galatifo 5:22, 23; Kolosefo 4:6.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Sɛ wo ne wo hokafo rebesusuw asɛm bi ho a, srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo abotare, na moatumi de adwempa asusuw nsɛm ho

  • Sɛ wopɛ sɛ wokasa a, di kan dwen asɛm a wobɛka no ho, na woahu sɛnea wobɛkasa

3 MOMMOM MFA ADWENE

NEA BIBLE NO KA: Sɛ woware a, wo ne wo yere anaa wo kunu nyinaa abɛyɛ “ɔhonam koro.” (Mateo 19:5) Nanso, kae sɛ ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbea, na ɛsono sɛnea obiara dwene nneɛma ho. Enti ɛsɛ sɛ musua sɛnea mobɛbom afa adwene. (Filipifo 2:2) Sɛ ɛba gyinaesi a, baakoyɛ ho hia paa. Bible ka sɛ: “Agyinatu na ɛma tirimbɔ gyina.” (Mmebusɛm 20:18) Sɛ moresi gyinae a ɛho hia a, momma Bible no mmoa mo.​—Mmebusɛm 8:32, 33.

Awarefo bi abom reyɛ fie nnwuma; wɔresi nneɛma, na wɔrehohoro nkyɛnsee mu

NEA WUBETUMI AYƐ:.

  • Ɛnyɛ nkɔmmɔ kɛkɛ na ɛsɛ sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere bɔ, ɛsɛ sɛ woma ohu sɛnea wote nka nso

  • Sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi a, wo ne wo kunu anaa wo yere nsusuw ho ansa

a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.

DA NTEASE ADI NA MMMA W’ABAM MMU

Nhwɛ kwan sɛ mo mu biara bɛyɛ n’ade frenkyemm. (Dwom 103:14; Yakobo 3:2) Fa w’adwene si nneɛma pa a wo kunu anaa wo yere yɛ so. Nya nneɛma ho abotare, na hwɛ kwan sɛ Bible no betumi aboa mo. (2 Timoteo 3:16) Sɛ wode Yehowa akwankyerɛ nyinaa yɛ adwuma a, obehyira wo. Wubehu sɛ ade rekye a ade resa nyinaa, na mo aware no sɔ ara na ɛresɔ.​—Galatifo 6:9.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Mema me kunu anaa me yere hu sɛ midwen ne ho kyɛn m’ankasa me ho anaa?

  • Dɛn na mayɛ nnɛ de akyerɛ me kunu anaa me yere sɛ medɔ no, na mibu no?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena