Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 4/1 kr. 4-9
  • Sɛnea Wodi Sobo a Wɔtaa Bɔ Ho Dwuma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wodi Sobo a Wɔtaa Bɔ Ho Dwuma
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbɛma Aware Agyina
  • Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 1
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 4/1 kr. 4-9

Sɛnea Wodi Sobo a Wɔtaa Bɔ Ho Dwuma

BIBLE gye tom sɛ aware nna fam. Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ, awarefo behyia “da biara ɔhaw ahorow.” (1 Korintofo 7:28, Today’s English Version) Nanso awarefo betumi ayɛ pii de abrɛ ɔhaw ahorow a wohyia no ase, na wɔama anigye a wonya ma wɔn ho no ayɛ kɛse. Susuw nsɛnnennen asia a ɛtaa sɔre wɔ okununom ne ɔyerenom ntam no ho, na hwɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm a wɔde bedi dwuma no betumi aboa.

1

SOBO:

“Me ne me hokafo nyɛ ade mmom.”

BIBLE NNYINASOSƐM:

‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’—FILIPIFO 1:10.

Nneɛma a ɛho hia wɔ w’asetena mu paa no biako ne w’aware. Enti ɛsɛ sɛ woma ɛho hia wo paa. Enti hwɛ sɛ ebia wo bere nhyehyɛe ka ho bi na worehyia ɔhaw no anaa. Mfa nnwuma a woyɛ no nyi wo ho ano mma ɛntetew wo ne wo hokafo no ntam. Ɛwom, w’adwuma a woyɛ ne tebea horow a woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye betumi ama mo ntam atetew bere tiaa bi. Nanso wubetumi atew biribiara a wo wɔ so tumi te sɛ, bere a wode di agoru anaa bere a wo ne wo nnamfo de bɔ so, na ɛsɛ sɛ woyɛ saa.

Nanso awarefo bi hyɛ da ma wɔn ho adwuma anaa wɔsɛe bere wɔ agoru bi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrennya bere pii mma wɔn ahokafo. Yɛrentumi nka sɛ nnipa a wɔte saa no ne wɔn ahokafo nyɛ ade mmom. Na mmom ɛyɛ guan na wɔreguan afi ɔhaw ahorow ho. Sɛ wo hokafo taa yɛ saa a, ɛsɛ sɛ wohwɛ nea ɛma ɔyɛ saa no, na wudi ho dwuma. Sɛ mubetumi ayɛ biako na moayɛ “ɔhonam koro” ankasa a, gye sɛ moyɛ biribiara bom.—Genesis 2:24.

Sɛnea ebinom de afotu yi adi dwuma: Andrewa ne Tanji a wɔyɛ awarefo wɔ Australia no aware bɛyɛ mfe du ni. Andrew ka sɛ: “Adwuma a wobɛyɛ no pii dodo, ne asetena mu asɛyɛde pii a wobɛsoa agu wo ho so no betumi asɛe w’aware. Enti me ne me yere pɛ bere de bɔ yɛn ho yɛn ho nkɔmmɔ de susuw yɛn nkate nso ho.”

Dave ne Jane, a wɔwɔ United States a wɔaware mfe 22 no de simma 30 bɔ wɔn asetena mu nkɔmmɔ anwummere biara. Jane ka sɛ: “Eyi yɛ bere titiriw ma yɛn, na yɛmma biribiara ntwitware yɛn ananmu.”

2

SOBO:

“Afei de, minnya hwee mfi aware yi mu.”

BIBLE NNYINASOSƐM:

“Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.”—1 KORINTOFO 10:24.

Sɛ obi ma nea obenya afi aware mu nkutoo ho hia no a, n’ani rennye da ɛmfa ho sɛ ebia ɔbɛsan aware mpɛn pii no. Sɛ aware bɛyɛ yiye a, gye sɛ ahokafo no mu biara de n’adwene si nea obetumi de ama so sen sɛ ɔde besi nea obenya afi aware no mu so. Yesu kyerɛɛ nea enti a ɛte saa, na ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo Nnwuma 20:35.

Sɛnea ebinom de afotu yi adi dwuma: Maria ne Martin, a wɔte Mexico no aware bɛyɛ mfe 39 ni. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma kɔ yiye. Wɔkae bere bi a akasakasa a ano yɛ den bi sii wɔn ntam no. Maria ka sɛ: “Bere a akasakasa bi a ano yɛ den sii no, mekaa asɛm bi a ɛyɛ yaw paa kyerɛɛ Martin. Ne bo fuw yiye. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ mu sɛ manhyɛ da na mekae, me bo na na afuw ntia. Nanso wantie.” Martin ka sɛ, “Bere a saa akasakasa no sii no, mifii ase nyaa adwene bi sɛ, ɛnyɛ ade a yebetumi akɔ so atena bio, enti ɛnsɛ sɛ mehaw me ho ma wosiesie yɛn ntam.”

Ná Martin pɛ sɛ ne yere da obu adi kyerɛ no. Ná Maria pɛ sɛ ne kunu te n’asɛm ase. Na wɔn mu biara nnya nea ɔhwehwɛ.

Wɔyɛɛ dɛn siesiee wɔn haw no? Martin ka sɛ, “Memaa me ho bere kosii sɛ me bo dwoe, na afei yɛn nyinaa sii gyinae sɛ, yɛde Bible afotu a nyansa wom a ɛne sɛ yɛnna obu ne ayamye adi no bedi dwuma. Mfe kakra a atwam ni no, yɛahu sɛ ɛmfa ho mpɛn dodow a ɔhaw bi sɔre no, sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa na yɛde afotu a ɛwɔ Bible mu no di dwuma a, yebetumi adi so.”—Yesaia 48:17, 18; Efesofo 4:31, 32.

3

SOBO:

“Me hokafo nni n’asɛyɛde ho dwuma.”

BIBLE NNYINASOSƐM:

“Yɛn mu biara bebu n’ankasa akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”—ROMAFO 14:12.

Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ awarefo no mu biara anyɛ ne fam de amfa ammoa a, ɛbɛyɛ den ama wɔn. Nanso sɛ awarefo no mu biara toto nneɛma ase na obiara bɔ ne yɔnko sobo a, tebea no bɛsɛe koraa.

Sɛ wode w’adwene si nea wohwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ wo hokafo no yɛ nkutoo so a, w’ani rennye da. Eyi te saa titiriw bere a wudi wo hokafo no sintɔ akyi na wubu w’ani gu w’asɛyɛde so no. Nanso sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ okunu pa anaa ɔyere pa a, ɛda adi sɛ w’aware no bɛyɛ yiye. (1 Petro 3:1-3) Nea ehia sen biara no, sɛ woyɛ saa a woma Onyankopɔn hu sɛ wudi aware nhyehyɛe no ni, na wo nneyɛe bɛma wanya anigye kɛse.—1 Petro 2:19.

Sɛnea ebinom de afotu yi adi dwuma: Kim ne ne kunu a wɔwɔ Korea no aware bɛyɛ mfe 38 ni. Kim ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, me ho yɛ me kunu ahi ma ɔnkasa me ho, nanso ɛyɛ a minhu nea enti a ɔyɛ saa. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛma mete nka sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma me no ano adwo. Ɛma ɛtɔ mmere bi a, mibisa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na ɔpɛ sɛ mete n’asɛm ase, bere a ɔno de ɔmmɔ mmɔden sɛ ɛbɛte me de ase?’”

Anka Kim betumi de n’adwene asi sɛnea na osusuw sɛ ne hokafo no resisi no na ɔnyɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ no so. Nanso ɔyɛɛ n’ade wɔ ɔkwan foforo so. Kim ka sɛ, “Sɛ́ anka me bo bɛkɔ so afuw no, mihui sɛ eye sɛ midi kan bɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ asomdwoe. Awiei koraa no, yɛn nyinaa bo dwoe, na yesiesiee asɛm no wɔ asomdwoe mu.”—Yakobo 3:18.

4

SOBO:

“Me yere mmrɛ ne ho ase.”

BIBLE NNYINASOSƐM:

“Ɔbarima biara ti ne Kristo.”—1 KORINTOFO 11:3.

Ɛsɛ sɛ okunu a ɔte nka sɛ ne yere mmrɛ ne ho ase no di kan hwɛ sɛ n’ankasa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ne Ti a ɔne Kristo Yesu, no ase anaa. Okunu betumi adi Yesu nhwɛso akyi de akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom sɛnea Kristo nso dɔɔ asafo no na ɔde ne ho too hɔ maa asafo no.” (Efesofo 5:25) Yesu ‘anni’ n’asuafo no so ‘bakoma.’ (Marko 10:42-44) Ɔmaa n’asuafo no akwankyerɛ a emu da hɔ, na ɔteɛɛ wɔn so sɛnea ɛfata. Nanso wanteɛteɛm angu wɔn so da. Ɔdaa ayamye adi kyerɛɛ wɔn na ɔtee wɔn mmerɛwyɛ ase. (Mateo 11:29, 30; Marko 6:30, 31; 14:37, 38) Ɔde wɔn ahiade dii n’ankasa de anim.—Mateo 20:25-28.

Ɛsɛ sɛ okunu bisa ne ho asɛm yi sɛ, ‘So adwene a mewɔ wɔ tiyɛ ne mmea ho no gyina amammerɛ so titiriw anaasɛ egyina afotu ne nhwɛso ahorow a ɛwɔ Bible mu no so?’ Sɛ nhwɛso no, wubebu ɔbea a wampene ne kunu nsusuwii so nanso ofi obu mu kyerɛɛ n’adwene no dɛn? Wɔ Bible mu no, wɔka Abraham yere, Sara ho asɛm sɛ ɔyere a ɔdaa ahobrɛase soronko adi. (1 Petro 3:1, 6) Nanso sɛ ɛho hia a, ɔkyerɛ n’adwene, te sɛ bere a Abraham buu n’ani guu asiane bi a na anka ebetumi de ɔhaw aba n’abusua so no.—Genesis 16:5; 21:9-12.

Ɛda adi sɛ, Abraham anteɛteɛm angu Sara so sɛ ɔnyɛ koom. Ná Abraham nyɛ kankabi. Saa ara na okunu a ɔde Bible mu afotu di dwuma no renhunahuna ne yere nka nkyerɛ no sɛ onni asɛm biara a ɔbɛka so. Sɛ ɔda ayamhyehye adi kyerɛ ne yere a, ɛbɛma wakyerɛ obu ama ne tiyɛ no.

Sɛnea ebinom de afotu yi adi dwuma: James a ɔte England a waware mfe awotwe ni no ka sɛ: “Meresua sɛ merensi gyinae biara a ɛho hia bere a mimmisaa me yere adwene wɔ ho. Mebɔ mmɔden sɛ merennwen me nkutoo ho. Mmom, m’ayɛ m’adwene sɛ mede n’ahiade bedi me de anim.”

George a ɔwɔ United States aware mfe 59 ni. Ɔka sɛ: “Mabɔ mmɔden sɛ meremmu me yere sɛ obi a ɔba fam, na mmom mebu no sɛ obi a onim nyansa na ɔyɛ ɔboafo pa.”—Mmebusɛm 31:10.

5

SOBO:

“Me kunu ntumi nni nneɛma anim.”

BIBLE NNYINASOSƐM:

“Ɔbea nyansafo si ne fie, na ɔbea kwasea de, ɔde ne nsa dwiriw ne de gu.”—MMEBUSƐM 14:1.

Sɛ wo kunu ntumi nsisi gyinae anaasɛ onni nneɛma anim wɔ fie a, anyɛ yiye koraa no wubetumi ayɛ nneɛma abiɛsa yi. (1) Wubetumi ada ne mfomso no adi akyerɛ no bere biara anaasɛ (2) wubetumi agye tiyɛ no afi ne nsam anaasɛ (3) wubetumi afi komam akamfo no wɔ mmɔden biara a ɔbɛbɔ ho. Sɛ wopaw abien a edi kan no mu biara a, wode wo nsa bedwiriw w’ankasa fie agu. Sɛ wopaw nea ɛto so abiɛsa no a, ɛbɛboa wo ma woasi wo fie anaa woasiesie w’aware.

Obu ho hia Mmarima pii sen sɛ wɔbɛdɔ wɔn. Enti sɛ woma wo kunu te nka sɛ wubu no a, ɛma ɔte nka sɛ w’ani sɔ mmɔden a ɔbɔ de di abusua no anim no, na ɛbɛma watu mpɔn wɔ n’asɛyɛde ahorow mu. Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a, wo ne wo kunu renyɛ adwene wɔ nsɛm bi ho de, nanso ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mo baanu susuw ho. (Mmebusɛm 18:13) Nanso nsɛm a wobɛka ne ɛnne a wode bɛkasa no bɛboa ma w’adwiriw w’aware no agu anaasɛ woasiesie no. (Mmebusɛm 21:9; 27:15) Fi obu mu kyerɛ w’adwene, na ɛda adi paa sɛ wubenya nea worehwehwɛ no—okunu a otumi di n’abusua anim.

Sɛnea ebinom de afotu yi adi dwuma: Michele a ɔwɔ United States a waware mfe 30 ni no ka sɛ: “Esiane sɛ me maame na ɔtetee me ne me nuabeanom a okunu biara mmoa nka ho nti, na n’ankasa tumi di nneɛma ho dwuma a ɔnhwehwɛ obiara mmoa. Misuasuaa saa su no. Enti mekɔɔ so ara bɔɔ mmɔden sɛ mɛda ahobrɛase ankasa adi. Sɛ nhwɛso no, masua sɛ mebisa me kunu adwene wɔ gyinae biara a mesi ho.”

Rachel a ɔte Australia a waware Mark mfe 21 ni no nso abusua nyaa ne so nkɛntɛnso. Ɔka sɛ, “Me maame ammrɛ ne ho ase amma me papa da. Na daa wogye wɔn ho akyinnye, na na ommu no. Mfe a edi kan wɔ m’aware mu no, misuasuaa me maame. Nanso nnansa yi, mahu mfaso a ɛwɔ so sɛ mede Bible afotu a ɛfa obu ho no bedi dwuma. Seesei me ne Mark wɔ anigye wɔ yɛn aware mu sen kan no.”

6

SOBO:

“Afei de, me hokafo no nneyɛe afono me.”

BIBLE NNYINASOSƐM:

“Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—KOLOSEFO 3:13.

Bere a muhuu mo ho foforo a na morebɛware no, ɛda adi sɛ wode w’ani sii wo hokafo no suban pa nkutoo so ma enti woanhu ne mfomso ahorow no. So seesei wutumi yɛ saa? Akyinnye biara nni ho sɛ wo hokafo no ma wunya biribi gyina so bɔ no sobo. Nanso bisa wo ho sɛ, ‘Me hokafo no su ahorow bɛn na mepɛ sɛ mede m’adwene si so—nea eye no anaa nea enye no?’

Yesu maa yɛn mfatoho bi a etu mpɔn a ɛkyerɛ sɛnea ehia sɛ yebu yɛn ani gu afoforo mfomso so no. Obisae sɛ: “Dɛn nti na wohwɛ ntɛtɛwa a ɛda wo nua aniwa so, na wunhu mpuran a ɛda w’ankasa aniwa so?” (Mateo 7:3) Ntɛtɛwa betumi ayɛ sare ketewaa bi. Na mpuran yɛ dua tenten a wɔde gyina dan. Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? “Di kan yi w’ankasa aniwa so mpuran no, na wubehu sɛnea wubeyi ntɛtɛwa no afi wo nua aniwa so.”—Mateo 7:5.

Yesu de mfatoho yi dii dwuma de kɔkɔbɔ a anibere wom mae. Ɔkae sɛ: “Munnyae atɛn a mubu nkurɔfo no na wɔammu mo atɛn; atɛn a mubu no, ɛno ara na wobebu mo.” (Mateo 7:1, 2) Sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn bu n’ani gu wo mfomso—mpuran a ɛda w’ani so no—so a, ɛnde na ɛbɛyɛ papa sɛ wubu w’ani gu wo hokafo no de so.—Mateo 6:14, 15.

Sɛnea ebinom de afotu yi adi dwuma: Jenny a ɔwɔ England a waware Simon mfe akron ni no ka sɛ: “Mabehu sɛ nea ɛma me bo taa fuw me kunu ne sɛnea onni kan nyɛ biribiara ho nhyehyɛe na mmom ɔtwɛn ma nneɛma ka akyi ansa na wayɛ ho biribi no. Ɛyɛ nwonwa efisɛ, bere a yehuu yɛn ho foforo a na yɛrebɛware no, na m’ani gye sɛnea na ɔnyɛ mmɔtohɔ no ho paa. Nanso afei mabehu sɛ, me nso midi mfomso, na mehyɛ afoforo so. Me ne Simon resua sɛ yebebu yɛn ani agu yɛn mfomso nketenkete no so.”

Curt a yɛaka ne ho asɛm a ɔware Michele no ka sɛ: “Sɛ wode w’adwene si wo hokafo no suban a ɛyɛ wo ahii no so a, ɛbɛma ne mfomso no ayɛ kɛse wɔ w’ani so daa. M’ani gye ho sɛ mede m’adwene besi Michele su ahorow a ɛma metɔɔ ne dɔ mu ntintan no so mmom.”

Nea Ɛbɛma Aware Agyina

Nhwɛso kakraa yi ma yehu sɛ, ɛyɛ dɛn ara a, nsɛnnennen bɛsɔre wɔ aware mu, nanso yebetumi adi so. Dɛn na ɛbɛma aware agyina? Nya ɔdɔ ma Onyankopɔn na nya ɔpɛ sɛ wode afotu a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no bedi dwuma.

Alex ne Itohan a wɔwɔ Nigeria a wɔaware bɛboro mfe 20 ni no ahu nea ɛbɛma wɔn aware agyina. Alex ka sɛ: “Mahu sɛ aware mu nsɛnnennen no bi wɔ hɔ a, sɛ awarefo no de Bible nnyinasosɛm di dwuma a, wobetumi asiesie.” Ne yere no ka sɛ: “Yɛahu hia a ehia sɛ yɛbom bɔ mpae na yɛde Bible afotu di dwuma, yefi komam dɔ yɛn ho na yenya yɛn ho yɛn ho abotare no. Seesei yenhyia ɔhaw pii te sɛ bere a yedii kan waree no.”

So wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi aboa w’abusua no? Sɛ saa a, ka kyerɛ Yehowa Adansefo na wɔne wo nsusuw Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?b nhoma no ti 14 no ho.—w11-E 02/1.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin ahorow no bi.

b Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

So yenya bere ma yɛn ho?

[Mfonini wɔ kratafa 5]

So mede pii ma sen nea mehwɛ kwan sɛ menya?

[Mfonini wɔ kratafa 6]

So midi kan siesie akasakasa a ɛsɔre no?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

So mibisa me yere adwene ansa na masi gyinae bi?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

So mede m’adwene si me hokafo suban pa so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena