Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • hf ɔfã 9 afã 1-2
  • Wo ne W’abusua Mmom Nsom Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo ne W’abusua Mmom Nsom Yehowa
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1 HYƐ WO NE YEHOWA ADAMFOFA MU DEN
  • 2 MONKƆ SO NYƐ ABUSUA SOM
  • Mmoa a Wɔde Ma Mmusua
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Dɛn Ne Abusua Som?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Abusua Som​—Wobɛyɛ Dɛn Ama Ayɛ Anika?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • ”Mommɛn Onyankopɔn Na Ɔbɛbɛn Mo”
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
W’abusua Betumi Anya Anigye
hf ɔfã 9 afã 1-2
Awarefo bi resua Bible

ƆFÃ 9

Wo ne W’abusua Mmom Nsom Yehowa

“Monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase . . . no.”​—Adiyisɛm 14:7

Nhoma yi a woakenkan yi ama woahu sɛ afotu pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa wo ne w’abusua. Yehowa pɛ sɛ w’ani gye, enti wahyɛ bɔ sɛ sɛ wode ne som di kan wɔ w’abrabɔ mu a, ‘ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama wo.’ (Mateo 6:33) Yehowa pɛ sɛ wobɛyɛ n’adamfo. Enti hokwan biara a wubenya no fa yɛ adwuma ma ɛntwe wo mmɛn no. Biribiara nni hɔ a ɛkyɛn sɛ obi bɛyɛ Onyankopɔn adamfo.​—Mateo 22:37, 38.

1 HYƐ WO NE YEHOWA ADAMFOFA MU DEN

Ɔbarima bi ne ne yere nam asɛnka mu

NEA BIBLE NO KA: “‘Mɛyɛ mo agya, na moayɛ me mmabarima ne mmabea,’ ade nyinaa so Tumfoɔ Yehowa na ose.” (2 Korintofo 6:18) Onyankopɔn pɛ sɛ wobɛyɛ n’adamfo paa. Ɔkwan baako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobɛbɔ no mpae. Yehowa aka sɛ ‘nnnyae mpaebɔ da.’ (1 Tesalonikafo 5:17) Ɔpɛ sɛ woka wo komam asɛm ne wo haw kyerɛ no. (Filipifo 4:6) Sɛ wo ne w’abusua bom bɔ mpae a, wobehu sɛ wodɔ Onyankopɔn ampa.

Mpaebɔ nkutoo nnɔɔso, ɛsɛ sɛ wutie Onyankopɔn nso. Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma ahorow a, ɛbɛboa wo ma woatie no. (Dwom 1:1, 2) Wusua ade a, ɛyɛ a dwinnwen ho. (Dwom 77:11, 12) Ade foforo a ebetumi aboa ma woatie Onyankopɔn ne sɛ wobɛkɔ Kristofo nhyiam daa.​—Dwom 122:1-4.

Sɛ woka Yehowa ho asɛm kyerɛ nkurɔfo a, ɛno nso bɛboa wo ma woahyɛ wo ne n’adamfofa no mu den. Da biara da a wobɛkɔ asɛnka no, ɛma wobɛn Yehowa.​—Mateo 28:19, 20.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Pɛ bere a da biara wode bɛkenkan Bible abɔ mpae

  • Wo ne w’abusua nyinaa mfa Onyankopɔn som nni kan wɔ mo asetenam, na ɛnyɛ anigyede

2 MONKƆ SO NYƐ ABUSUA SOM

Agya bi resiesie ne ho akɔyɛ abusua som, akyiri yi wɔn nyinaa ani agye adesua no ho paa

NEA BIBLE NO KA: “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe a mode bɛyɛ abusua som,* na mohwɛ sɛ ɛbɛkɔ so. (Genesis 18:19) Nanso ɛno nkutoo nnɔɔso. Biribiara a wo ne w’abusua bɛyɛ no, ɛnsɛ sɛ moma mo werɛ fi Onyankopɔn da. Ka Onyankopɔn ho asɛm kyerɛ w’abusua “bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre,” na ɛnhyɛ mo ne N’adamfofa no mu den. (Deuteronomium 6:6, 7) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ sɛ Yosua. Ɔkae sɛ: “Me ne me fie de, yɛbɛsom Yehowa.”​—Yosua 24:15.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Hwɛ nea abusua no muni biara hia, na gyina so yɛ nhyehyɛe a ebetumi aboa obiara, na hwɛ sɛ nhyehyɛe no bɛkɔ so

Maame no rekenkan ade akyerɛ ne babarima ketewa; abusua no akenkan Bible mu asɛm bi na wɔreyɛ ho ɔyɛkyerɛ; agya bi ne ne babea resua ade

MOMFA ANIGYE NSOM YEHOWA

Biribiara nni hɔ a ɛbɛma w’ani agye sen sɛ wobɛsom Yehowa Nyankopɔn. Sɛ wo ne w’abusua fi mo komam som no a, ɛma n’ani gye. Moyɛ saa a, ɔdɔ a mowɔ ma Yehowa no mu bɛyɛ den, na mubetumi asuasua no yiye. (Marko 12:30; Efesofo 5:1) Onyankopɔn wɔ w’aware mu a, ɛbɛma aware no asɔ. (Ɔsɛnkafo 4:12; Yesaia 48:17) Wo ne w’abusua ani begye daa, efisɛ monim sɛ “Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.”​—Deuteronomium 12:7.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Bere bɛn na me ne me yere anaa me kunu boom bɔɔ mpae?

  • Dɛn na me ne m’abusua nyinaa sua a ɛbɛhyɛ Yehowa mu gyidi a yɛwɔ no mu den?

MMUSUA TI NHYƐ NO NSOW

  • Mma biribiara ntwitware nhyehyɛe a mode yɛ abusua som no mu

  • Di kan ka nea mobɛyɛ no ho asɛm kyerɛ abusua no sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi asiesie ne ho

  • Morebɛyɛ abusua som a, hwɛ sɛ abusua no muni biara te mu bi

  • Ma abusua som no nyɛ anika na obiara ani nnye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena