Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 7 kr. 22-kr. 23 nky. 6
  • Nsoromma Mu Ahwɛfo Kɔsraa Yesu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsoromma Mu Ahwɛfo Kɔsraa Yesu
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu Ne Nsoromma Mu Ahwɛfo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Henanom Ne “Anyansafo Mmiɛnsa” No? Onyankopɔn Na Ɔmaa “Nsoromma” No Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Betlehem Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Hena na Ɔsomaa “Nsoromma” No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nnipa a Nsoromma Kyerɛɛ Wɔn Kwan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 7 kr. 22-kr. 23 nky. 6
Nsoromma mu ahwɛfo bi redi nsoromma bi akyi akɔ baabi a Yosef, Maria ne Yesu wɔ

TI 7

Nsoromma Mu Ahwɛfo Kɔsraa Yesu

MATEO 2:1-12

  • NSOROMMA MU AHWƐFO DII “NSOROMMA” BI AKYI KƆƆ YERUSALEM, NA ƐSAN DE WƆN KƆƆ YESU NKYƐN

Mmarima bi fi Apuei fam bae. Ná wɔyɛ nsoro­mma mu ahwɛfo, kyerɛ sɛ, nnipa a wɔtumi hwɛ nsoromma ka nkurɔfo daakye kyerɛ wɔn. ( Yesaia 47:​13) Bere a wɔwɔ wɔn kurom wɔ Apuei fam no, wɔhuu “nsoromma” bi, na wɔdii akyi twaa kwantenten, nanso amfa wɔn ankɔ Yesu nkyɛn wɔ Betlehem. Mmom ɛde wɔn kɔpuee Yerusalem.

Bere a nsoromma mu ahwɛfo no duu Yerusalem no, wɔbisaa sɛ: “Ɛhe na deɛ wɔawo no sɛ Yudafoɔ hene no wɔ? Yɛwɔ apueeɛ fam na yɛhunuu ne nsoromma, enti yɛaba sɛ yɛrebɛkoto no.”​—Mateo 2:​1, 2.

Nsoromma mu ahwɛfo bi rekotow Ɔhene Herode

Yerusalem hene Herode tee no, ne bo fuu paa. Enti ɔfrɛɛ asɔfo mpanimfoɔ no ne nyamesom mpanimfoɔ a wɔwɔ Yuda no bisaa wɔn baabi a wɔbɛwo Kristo no. Wɔka kyerɛɛ Ɔhene no sɛ Kyerɛwnsɛm no se wɔbɛwo no wɔ “Betlehem.” (Mateo 2:5; Mika 5:2) Afei Herode frɛɛ nsoromma mu ahwɛfo no kokoam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monto mo bo ase nhwehwɛ abɔfra kumaa no, na sɛ mohu no a mommɛbɔ me amanneɛ, na me nso makɔ akɔkoto no.” (Mateo 2:8) Nanso, nea na Herode pɛ sɛ ɔyɛ paa ne sɛ ɔbɛhwehwɛ abofra no akum no!

Nsoromma mu ahwɛfo no fii hɔ no, anwonwasɛm bi sii. “Nsoromma” a wɔhui bere a wɔwɔ Apuei fam no fii ase kyerɛɛ wɔn kwan. Biribiara kyerɛ sɛ na nsoromma no nyɛ nsoromma hunu biara kɛkɛ, na mmom obi na na ɔde rekyerɛ wɔn kwan. Nsoromma mu ahwɛfo no dii nsoromma no akyi saa ara kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa fie bi so. Efie hɔ na na Yosef ne Maria ne wɔn ba no te.

Nsoromma mu ahwɛfo a wɔdii nsoromma bi akyi kɔɔ Betlehem no de akyɛde brɛɛ Maria ne Yesu

Bere a nsoromma mu ahwɛfo no wuraa fie hɔ no, wɔhuu Maria ne abofra kumaa Yesu. Ɛnna wɔbɔɔ wɔn mu ase kotow abofra no. Afei wɔkyɛɛ no sika, ɛhyɛ ne kurobow. Wɔyɛɛ sɛ wɔresan akɔ Herode hɔ, nanso Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ dae mu sɛ mma wɔnkɔ hɔ. Enti wɔfaa kwan foforo so san kɔɔ wɔn kurom.

Wohwɛ a, hwan na ɔmaa “nsoromma” no kyerɛɛ nkurɔfo no kwan? Kae sɛ nsoromma no amfa wɔn ankɔ Betlehem tee, na mmom ɛde wɔn kɔɔ Yerusalem ansa. Ɛhɔ na wɔkɔhuu Ɔhene Herode a na ɔpɛ sɛ ɔkum Yesu no. Sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu ammɔ nsoromma mu ahwɛfo no kɔkɔ sɛ mma wɔnkyerɛ Herode baabi a Yesu wɔ a, anka nea ɛbɛyɛ biara Herode bɛkum Yesu. Wei nyinaa kyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tamfo Satan na na ɔpɛ sɛ ɔkum Yesu. Enti anka ɔrefa saa kwan no so ayɛ nea na ɛda ne koma so.

  • Yɛyɛ dɛn hu sɛ “nsoromma” a nsoromma mu ahwɛfo no hui no, ɛnyɛ nsoromma hunu biara kɛkɛ?

  • Ɛhe na nsoromma mu ahwɛfo no kɔhuu Yesu?

  • Dɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ Satan na na ɔrekyerɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena