Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Yesu Ne Nsoromma Mu Ahwɛfo No
MMARIMA dodow bi fi Apuei Fam ba. Wɔyɛ nsoromma mu ahwɛfo—nnipa a wɔkyerɛ sɛ wotumi kyerɛ nsoromma gyinabea ase no. Bere a na wɔwɔ wɔn kurom wɔ Apuei Fam no, wohuu nsoromma foforo bi na wodii akyi akwansin ɔhaha pii baa Yerusalem.
Bere a nsoromma mu ahwɛfo no beduu Yerusalem no, wobisa sɛ: ‘Ɛhe na Yudafo hene a wɔawo no no wɔ? Yehuu ne nsoromma na yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.’
Bere a Ɔhene Herode a ɔwɔ Yerusalem te eyi no, ɔyɛ basaa kɛse. Enti ɔfrɛ asɔfo mpanyin no na obisa wɔn sɛ: ‘Ɛhe na Kristo a wɔbɛwo no no wɔ?’ Bere a wɔde wɔn mmuae agyina Kyerɛwnsɛm no so no, wɔka sɛ ‘Wɔ Betlehem.’ Afei Herode ma wɔde nsoromma mu ahwɛfo no ba n’anim na ɔka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ nkɔhwehwɛ abofra no na sɛ muhu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔ nkɔkotow no bi.’ Nanso, wɔ ne koma mu de, Herode pɛ sɛ ohu no na okum no!
Bere a wofii hɔ kɔe no, anwonwasɛm bi si. Nsoromma a wohui bere a na wɔwɔ Apuei Fam no di wɔn anim. Ɛda adi pefee sɛ eyi nyɛ ‘nsoromma bi kɛkɛ na mmom wɔhyɛɛ da de mae sɛ ɛnkyerɛ wɔn kwan. Nsoromma mu ahwɛfo no kɔ so di akyi kosi sɛ egyina wɔ ofi a Yosef ne Maria wom no atifi.
Bere a nsoromma mu ahwɛfo no wura ofi no mu no, wohu Maria ne ne ba kumaa Yesu. Afei wɔn nyinaa kotow no. Na woyi akyɛde ahorow a ɛyɛ sika kɔkɔɔ ne aduhuam ne kurobow fi wɔn bag mu. Ɛno akyi bere a wɔrebɛsan akɔka faako a abofra no wɔ akyerɛ Herode no, Onyankopɔn bɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔdae mu sɛ wɔnnyɛ saa. Enti wɔfa ɔkwan foforo so kɔ wɔn ankasa man mu.
Wususuw sɛ hena na ɔde nsoromma a na ɛnam soro no mae sɛ ɛnkyerɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan? Kae, nsoromma no ankyerɛ wɔn kwan ankɔ Yesu nkyɛn wɔ Betlehem tẽẽ. Mmom no, ɛde wɔn kɔɔ Yerusalem, faako a wokohuu Ɔhene Herode a na ɔpɛ sɛ okum Yesu no. Sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu na wammɔ nsoromma mu ahwɛfo no kɔkɔ sɛ wɔnnka nkyerɛ Herode a, anka ɔbɛyɛ saa. Ná ɛyɛ Onyankopɔn tamfo, Satan Ɔbonsam, a ɔpɛe sɛ wokum Yesu no na ɔde nsoromma no dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma. Mateo n’atirimpɔw ho dwuma. Mateo 2:1-12; Mika 5:2.
◆ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nsoromma a nsoromma mu ahwɛfo no hui no nyɛ nsoromma biara kwa?
◆ Bere a nsoromma mu ahwɛfo no huu Yesu no, na ɔwɔ he?
◆ Dɛn nti na yetumi hu sɛ Satan na ɔde nsoromma no mae sɛ ɛnkyerɛ nsoromma mu ahwɛfo no kwan?