Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 87 kr. 204-kr. 205 nky. 3
  • Fa Wo Ho Adwene na Yɛ Nhyehyɛe Pa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Ho Adwene na Yɛ Nhyehyɛe Pa
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nyansa Siesie Wo Ho ma Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Hwehwɛ Ahonyade a Ɛnsɛe Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 87 kr. 204-kr. 205 nky. 3
Ɔdefo bi agye ne fiehwɛfoɔ adwuma afiri ne nsam

TI 87

Fa Wo Ho Adwene Na Yɛ Nhyehyɛe Pa

LUKA 16:1-13

  • MFATOHO A ƐFA EFIEHWƐFOƆ A ƆNTENE NO HO

  • FA AHONYADE A ƐNTENE ‘NYA NNAMFO’

Ɔba a ɔyerae ho mfatoho a Yesu mae no, ɛsɛ sɛ anka ɛma towgyefo, akyerɛwfo ne Farisifo a wɔretie no hu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na ɔnu ne ho a, Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔde bɛfiri no. (Luka 15:1-7, 11) Afei deɛ Yesu de n’adwene sii n’asuafo no so maa wɔn mfatoho foforo. Ná ɛfa sikani bi ne ne fiehwɛfoɔ ho. Osikani no tee sɛ ne fiehwɛfoɔ no reyɛ nneɛma basaa.

1. Efiehwɛfoɔ no redwene nea ɔbɛyɛ ho; 2. Efiehwɛfoɔ no retete ɛka a obi de ne wura no so

Yesu kyerɛɛ mu sɛ bere a owura no tee sɛ ne fiehwɛfoɔ no nhwɛ ne nneɛma so yie no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛyi no adi. Afei fiehwɛfoɔ no susuu ho sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ, berɛ a me wura rebɛgye me fiehwɛ adwuma afiri me nsam yi? Me ho nyɛ den pii sɛ mɛtu fam, mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ.” Ná asɛm rebɛto no, enti ɔkaa sɛ: “Menim deɛ mɛyɛ a sɛ wɔyi me adi firi efiehwɛ adwuma no mu a, nkurɔfoɔ bɛgye me akɔ wɔn afie.” Ɛhɔ ara na ɔfrɛɛ wɔn a wɔde ne wura ka no bisabisaa wɔn sɛ: “Wode me wura ka sɛn?”—Luka 16:3-5.

Nea ɔdi kan no kaa sɛ: “Ngo bat susuhina ɔha,” kyerɛ sɛ ngo galon 580. Ɛbɛyɛ sɛ nea ɔde ka no, na ɔwɔ bobeturo kɛse anaasɛ ɔyɛ obi a ɔtɔ ngo tɔn. Efiehwɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Gye wo nhyehyɛeɛ nwoma no na tena ase twerɛ aduonum [galon 290] ntɛm ara.”—Luka 16:6.

Efiehwɛfoɔ no bisaa ɔfoforo sɛ: “Wo nso, wode ka sɛn?” Ɔbuaa sɛ: “Ayuo mmɔtɔ ɔha.” Efiehwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Gye wo nhyehyɛeɛ nwoma no na twerɛ aduɔwɔtwe.” Enti ɔkyɛɛ ɛka no mu nnum na ɔyii baako fii mu.—Luka 16:7.

Efiehwɛfoɔ no, na n’adwuma nnya mfii ne nsa, enti ɛka a nkurɔfo de ne wura no, na ɔwɔ hokwan sɛ ɔtete so. Bere a efiehwɛfoɔ no tetee nkurɔfo no ka so no, na ɔde refa wɔn nnamfo na sɛ daakye n’adwuma no nya fi ne nsa a, wɔaboa no.

Ɔtetee nkurɔfo ka so ara maa ne wura no tee ho asɛm. Nea efiehwɛfoɔ no yɛe no maa ne wura bɔɔ ka, nanso ne wura no kamfoo no. Ɛwom, nea ɔyɛe no “ntene,” nanso ne wura no huu sɛ ‘ɔde n’adwene ayɛ adwuma,’ na ɛno nti na ɔkamfoo no. Yesu toaa n’asɛm no so sɛ: “Wiase nhyehyɛeɛ yi mma ani ate wɔ wɔn ara awoɔ ntoatoasoɔ yi mu sene hann mma.”—Luka 16:8.

Nea Yesu kae no nkyerɛ sɛ na ɔresosɔ nea efiehwɛfoɔ no yɛe no so, na ɛnkyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ obi fa nyansa kwan so nya ne ho. Ɛnneɛ, dɛn na na ɔreka ho asɛm? Ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: “Momfa ahonyadeɛ a ɛntene so nnya nnamfoɔ, na sɛ ɛsa a, wɔagye mo akɔ daa tenabea.” (Luka 16:9) Asuade a ɛwom paa ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛtumi hwɛ ade kɔ akyiri na yɛfa yɛn ho adwene. “Hann mma” a Yesu kaa wɔn ho asɛm no yɛ Onyankopɔn asomfo, na nea Yesu kae no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahonyade yɛ adwuma nyansam, na wɔyɛ nhyehyɛe pa to hɔ ma daakye

Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no nko ara na wɔbɛtumi agye obi akɔ ɔsoro Ahenni anaa asase so Paradise a Ahenni no de bɛba no mu. Ɛsɛ sɛ yɛtumi de ahonyade biara a yɛwɔ no boa Ahenni nkɔso. Yɛyɛ saa a, na yɛde yɛn ahonyade refa wɔn nnamfo, na sɛ daakye sika, dwetɛ ne ahonyade foforo sɛe a, yɛn deɛ yɛbɛtena ase daa.

Yesu kyerɛɛ mu sɛ obi tumi de n’ahonyade anaa nea ɔwɔ yɛ nnwuma pa a, wɔde nneɛma a ɛho hia sen saa bɛhyɛ ne nsa. Afei Yesu kaa sɛ: “Enti sɛ moanni nokorɛ wɔ ahonyadeɛ a ɛntene mu a, hwan na ɔde deɛ ɛyɛ nokorɛ [te sɛ Ahenni ho nneɛma] bɛhyɛ mo nsa?”—Luka 16:11.

Yesu maa n’asuafo no huu sɛ, sɛ wɔbɛgye wɔn akɔ “daa tenabea” hɔ a, ɛnde na adwuma kɛse da wɔn anim. Obi ntumi nsom Onyankopɔn na ɔnsan nsom ahonyade a ɛntene. Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Efie somfoɔ biara nni hɔ a ɔbɛtumi asom awuranom mmienu; anyɛ saa a, gye sɛ ɔtan baako na ɔdɔ baako, anaasɛ ɔbata baako ho na ɔbu baako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyadeɛ.”—Luka 16:9, 13.

  • Yesu mfatoho no mu no, dɛn na efiehwɛfoɔ no yɛe a ɛmaa ɔnyaa nnamfo a wɔbɛtumi aboa no daakye?

  • Bible ka “ahonyadeɛ a ɛntene” a, ɛkyerɛ sɛn? Kristofo bɛyɛ dɛn de saa ahonyade no ‘anya nnamfo’?

  • Sɛ yɛwɔ “ahonyadeɛ a ɛntene” na sɛ yɛde yɛ nnwuma pa a, hwannom na wɔbɛtumi agye yɛn akɔ “daa tenabea” no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena