Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w19 November kr. 31
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Ho Adwene na Yɛ Nhyehyɛe Pa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Woyɛ Ofiehwɛfo a Wo Wura Gye Wo Di!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Efiehwɛfoɔ Nokwafoɔ, Siesie Wo Ho!
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Fa Nyansa Siesie Wo Ho ma Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
w19 November kr. 31
Ofiehwɛfo bi a ɔwɔ tete Egypt no rehwɛ adwuma nkoa reyɛ so

So Wunim?

Adwuma bɛn na na ofiehwɛfo yɛ wɔ Bible mmere mu?

BIBLE mmere mu no, na ofiehwɛfo na ɔhwɛ obi fie anaa n’agyapade so. Hebri ne Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “ofiehwɛfo” no, ebetumi akyerɛ ɔhwɛfo anaa obi a ɔhwɛ obi fie so.

Bere a na Yakob ba Yosef yɛ akoa wɔ Egypt no, eduu bere bi no, ɔno na na ɔhwɛ ne wura fie so. Nea ɛwom ne sɛ, Yosef wura Egyptni no de “nea ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa.” (Gen. 39:2-6) Akyiri yi, bere a Yosef ankasa bɛyɛɛ otumfoɔ wɔ Egypt no, ɔpaw ofiehwɛfo ma ɔhwɛɛ ne fie so maa no.—Gen. 44:4.

Yesu bere so no, na asasewuranom ntaa ntena baabi a wɔn mfuw wɔ. Enti na asasewuranom paw afiehwɛfo ma wɔhwɛ apaafo a wɔyɛ wɔn mfuw mu adwuma so.

Hena na na ɔfata sɛ ɔyɛ ofiehwɛfo? Asomafo no bere so no, Roma kyerɛwfo a wɔfrɛ no Columella kyerɛe sɛ akoa a na wɔpaw no ɔhwɛfo anaa ofiehwɛfo no, na ‘ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ adwuma a na ɔyɛ no mu osuahu.’ Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a “ɔbɛhwɛ sɛ wɔn a wɔhyɛ n’ase no bɛyɛ wɔn adwuma yiye, nanso ɛnsɛ sɛ odi wɔn ani.” Ɔde kaa ho sɛ: “Ade titiriw a na wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ onya adwene sɛ onim biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ bere biara ɔyɛ krado sɛ obesua nneɛma foforo.”

Onyankopɔn Asɛm de ofiehwɛfo ne adwuma a ɔyɛ no toto nneɛma bi a ɛkɔ so wɔ Kristofo asafo no mu ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔsomafo Petro hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa ɔdom akyɛde a Onyankopɔn de ama wɔn no ‘nsonsom wɔn ho sɛ afiehwɛfo pa a wɔde Onyankopɔn dom akyɛde ahyɛ wɔn nsa.’—1 Pet. 4:10.

Yesu ankasa nso de ofiehwɛfo adwuma no yɛɛ mfatoho wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka 16:1-8. Afei nso, Yesu hyɛɛ nkɔm faa nea ɛbɛma yɛahu ne mmae sɛ Ɔhene no ho, na ɔmaa n’asuafo awerɛhyem sɛ ɔbɛpaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” anaa “ofiehwɛfo nokwafo.” Saa ofiehwɛfo no adwuma titiriw ne sɛ ɔde honhom fam aduan a Kristo akyidifo behia nyinaa bɛma wɔn wɔ awiei bere no mu. (Mat. 24:45-47; Luka 12:42) Nhoma a ɛhyɛ gyidi den a ofiehwɛfo nokwafo no siesie ma yɛn nsa ka wɔ wiase baabiara no, yɛn ani sɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena