Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ypq asɛmmisa 10 kr. 30-31
  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Bible Atumi Aboa Me?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛbɛyɛ Dɛn na Bible Atumi Aboa Me?
  • Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Papa Ne Bɔne: Ɛsɛ Sɛ Obiara Si Ho Gyinae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
    Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn?
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Awofo Betumi Anya Mmoa Pii Afi Bible Mu
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae
ypq asɛmmisa 10 kr. 30-31
Abarimaa bi te abɔnten rekenkan Bible

ASƐMMISA 10

Ɛbɛyɛ Dɛn na Bible Atumi Aboa Me?

NEA ENTI A EHIA

Bible se: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Sɛ saa na ɛte a, ɛnde Bible betumi akyerɛ wo kwan ma asi wo yiye.

ƐDƐN NA WOBƐYƐ?

Wo deɛ hwɛ asɛm yi: David reka kar nanso baabi a ɔnenam seesei no, onhu so koraa. Ɔhwɛ adan ne nneɛma a ɛwowɔ kwan ho a, ohu sɛ wayera. Ɛbɛyɛ sɛ oduu nkwanta bi so no, kwan no bɔ faa n’ani so.

Wone David a, anka wobɛyɛ dɛn?

SUSUW HO HWƐ!

Nneɛma mmiɛnsa bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ:

  1. Bisa obi.

  2. Hwɛ map anaa nea wɔfrɛ no GPS so.

  3. Kɔ w’anim; ebia wugu so rekɔ no wubehu kwan.

Wohwɛ mu paa a, wuhu sɛ nea ɛtɔ so mmiɛnsa no mmoa.

Nea ɛtɔ so mmienu no ye sen nea edi kan no, efisɛ map anaa GPS deɛ, ɛka wo ho daa. Enti worekɔ nyinaa wubetumi ahwɛ ma akyerɛ wo kwan.

Saa ara na Bible te.

Bible yɛ nhoma a abu so baabiara, na ebetumi aboa wo akwan pii so:

  • Wuhyia asetena mu haw bi a, ebetumi atwitwa agye wo.

  • Ebetumi ama wo ara woahu sɛnea wote ne nsakrae a ɛsɛ sɛ woyɛ.

  • Ɛbɛma woahu nea woyɛ a ebesi wo yiye.

BAABI A WUBENYA NSƐMMISA AKƐSE HO MMUAE

Yehuu kasa ara pɛ na yɛafi ase rebisa nsɛm bi te sɛ,

  • Adɛn nti na ewim yɛ bruu?

  • Ɛdɛn na wɔde yɛɛ nsoromma?

Yegu so renyin no, yehu nneɛma bebree na wei de nsɛmmisa pii ba.

  • Adɛn nti na nneɛma bɔne sisi?

  • Adɛn nti na yewu?

Yɛka sɛ Bible ama nsɛmmisa yi ho mmuae dedaw a, wubegye adi?

Nnipa pii ka sɛ Bible deɛ, anansesɛm nko ara. Ebi nso se atwam anaa wokan a, wonte ase. Nanso Bible no na asɛm wɔ ho anaasɛ adwene a nkurɔfo wɔ wɔ Bible ho ne asɛm no?

Nkurɔfo adwene yɛ wɔn sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn na odi wiase so. Wohwɛ a ɛtɔ asom? Wiase yi agye nsam koraa! Ɔhaw ahyɛ mu ma. Ɛnyɛ yawdi a, na ɛyɛ amanehunu; ɛnyɛ yare a, na ɛyɛ owu; ɛnyɛ ohia a, na ɛyɛ atoyerɛnkyɛm. Ɛbɛyɛ dɛn na mmɔborɔhunu Agya Nyankopɔn de saa nneɛma yi aba wiase?

Wopɛ mmuae no? Bible ma yehu nea odi wiase so; ebia nokwasɛm yi bɛyɛ wo nwonwa!

Sɛ wohyɛɛ no nsow a, afotu a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa gyina Bible so. Yehowa Adansefo gye di paa sɛ yɛrentumi nkwati Bible nnya anigye da. Efisɛ Bible fi “Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ.” (2 Timoteo 3:16, 17) Ebesi ha yi, ɛdɛn na wobɛyɛ? Ampa, Bible yɛ tete nhoma, nanso ne bere ntwaam. Enti gye bere yɛ nhwehwɛmu na wubehu paa sɛ ɛso wɔ mfaso!

SUA PII KA HO!

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible?

Hwɛ video a wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? wɔ www.jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena